Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—Nsɛmma Nhoma a Ɛka Nokware
1 January 1, 1994, Ɔwɛn-Aban no kaee yɛn wɔ ne kratafa 22 sɛ wotintim “nsɛm a ɛba wɔ bere a ɛsɛ mu a adi nkurɔfo ahiade ankasa ho dwuma” wɔ yɛn nsɛmma nhoma ahorow no mu. Yɛpɛ sɛ yɛde nsɛmma nhoma yi bebree mema. Wɔ April ne May mu no, yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! na yɛde brochure biara ama gye Sukuu de no.
2 Afie afie adwuma no ma yenya hokwan a ɛsen biara de nsɛmma nhoma ahorow yi ma. Bɔnnɔ so adansedi ne sankɔhwɛ a etu mpɔn nso ma yɛde bi ma daa. Mmorɔn so adansedi ne yɛn asasesin mu nnwuma a yɛkɔ mu nso yɛ akwan pa a yebetumi afa so ma nea yɛde ma no adɔɔso.
3 Nsɛm a Ɛsɛ sɛ Yesusuw Ho: April 1 Ɔwɛn-Aban no ka nsɛmti a ɛne “Wiase a Eye—So Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa?” ne “Wiase a Eye—Abɛn!” ho asɛm. Ɛda adi sɛ eyi ne nsɛmma nhoma no atirimpɔw a ese ɛbɛka Onyankopɔn Ahenni akyerɛ no hyia. Asɛm a ɛto so abien no kyerɛ sɛnea paradise a ɛbɛtra hɔ daa bɛba ampa wɔ Yesu Kristo nniso ase no de wie.—Luka 23:43.
4 “So Akansi na Ɛde Yiyedi Ba?” ne asemmisa a wɔka ho asɛm wɔ March 1 de no mu. Saa Ɔwɛn-Aban no ara mu asɛmti a ɛto so abien a ɛne “Asomdwoe wɔ Akansi Wiase Mu” no kyerɛ nokware asomdwoe fibea. March 22 Awake! no kura nnianim nsɛm abien wɔ asɛmti a ɛne “The Money Chase—Where Will It End?” ase. Ɛsɛ sɛ yetumi gyina nsɛm yi so ne nkurɔfo a wɔte nka sɛ wonni atirimpɔw ne nokware akomatɔyam wɔ wɔn asetra mu no fi nkɔmmɔbɔ ase ntɛm ara.
5 Dodow a Yɛde Ma a Yɛbɛma Akɔ Anim: January 1 Ɔwɛn-Aban no de nyansahyɛ anan a ɛbɛma dodow a yɛde ma no akɔ anim ma. Ɛhyɛɛ yɛn nkuran sɛ (1) yɛmma yɛn ani nku nsɛmma nhoma no ho. Sɛ yɛkenkan a, ɛsɛ sɛ yesusuw nsɛm a yɛn asasesin mu nnipa ani begye ho asen biara no ho. Afei nso, sɛ yɛde bi hyɛ yɛn nneɛma mu daa a, ebia yebetumi de ama yɛn mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo, akyerɛkyerɛfo, sukuufo, anaasɛ adetɔfo.
6 Ɛkaee yɛn sɛ (2) ɛsɛ sɛ yɛma ɔkwan a yɛfa so de ma no yɛ tiawa. Paw mu anigyesɛm bi, na ka no tiawa. Sɛ wubetumi ama ofiewura no agye nsɛmma nhoma no a, ebetumi “akasa” akyerɛ onipa a wuhyiaa no no anaasɛ afoforo a wɔwɔ fie hɔ.
7 Ahiade foforo ne sɛ (3) yɛbɛyɛ fakaa. Ɛyɛ papa sɛ yenya nsɛm ahorow wɔ yɛn adwenem a yɛne afoforo besusuw ho—biako ma mmofra, foforo ma mmarima, ne biribi foforo nso ma mmea.
8 Nea etwa to no, ehia sɛ (4) yɛn ankasa de yɛ yɛn botae sɛ yɛde dodow bi bɛma. Wɔrehyɛ asafo ahorow a wɔde nsɛmma nhoma ho ka no nkuran denneennen sɛ wommetua ka no na ama wɔatumi akra nsɛmma nhoma a ɛdɔɔso. Eyi betumi ahyɛ wɔn nkuran kɛse ma wɔde nsɛmma nhoma no ama anigye so. Sɛ yɛka sɛ wɔmma yɛn dodow pɔtee bi bere nyinaa a, ebetumi akanyan yɛn ma yɛde pii ama.
9 Yɛpɛ sɛ afoforo hu Onyankopɔn Ahenni ho nsɛm. Momma yɛmfa mmoa pa a nsɛmma nhoma ahorow no de ma no nni dwuma nkosi ase mfa ntrɛw Ahenni nkrasɛm no mu.—Mat. 10:7.