Ɔfã 2—Munnwen Afoforo Ho
1 Yɛpɛ sɛ yɛma abusuabɔ pa kɔ so tra yɛne nnipa a wɔte yɛn mpɔtam ntam sɛnea ebetumi ayɛ yiye biara. Eyi hwehwɛ sɛ yɛkyerɛ obu ma hokwan a wɔwɔ ne wɔn nkate ahorow.
2 Wonim Yehowa Adansefo sɛ nkurɔfo a wɔwɔ suban pa. Sɛnea yedi yɛn ho ni wɔ baabi a yɛte, wɔ sukuu, wɔ adwumam, ne yɛn nhyiam ase no, ayɛ ade a wɔaka ho nsɛm a eye pii.—Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban, June 15, 1989, kratafa 20.
3 Nanso nea ɛka suban pa ho ne nokwaredi, nsiyɛ, ne nneyɛe pa. Nea ɛka ho nso ne obu a yebenya ama nkurɔfo a wɔte bemmɛn baabi a yɛn Ahenni Asa si no. Sɛ yɛannwen yɛn afipamfo ho a, ebia wobebu wɔn ani agu suban pa a yeyi no adi wɔ akwan foforo so no so. Paulo hyɛɛ yɛn sɛ ‘yɛmma yɛn abrabɔ mfata asɛmpa no.’—Fil. 1:27.
4 Ɛnsɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔrekɔ nhyiam horow boaboa wɔn ho ano gyinagyina anammɔnkwan a ɛdeda Ahenni Asa no ho so. Munkwati sɛ mubedi nkɔmmɔ gyegyeegye sɛnea ɛnsɛ, a wobetumi ate wɔ afie a ɛbemmɛn hɔ no mu. Ɛnsɛ sɛ wɔma mmofra kwan ma wotu mmirika di akɔneaba wɔ Ahenni Asa no so. Kar apon a wɔka hwe mu anaa n’abɛn a wɔbɔ denneennen betumi ahaw mpɔtam hɔfo no. Nneyɛe a ɛtete saa sɛe din pa a asafo no wɔ. Afei nso, sɛ yɛreka kar wɔ mpɔtam hɔ a, ɛho hia nso sɛ yedi afirika ho mmara ahorow nyinaa so.—Rom. 13:1, 2, 5.
5 Ɛnsɛ sɛ yɛde kar sisi obi asase so a yemmisaa hokwan anaasɛ yɛde siw kwan. Baabi a asafo ahorow abiɛsa anaa anan hyiam wɔ Ahenni Asa biako so no, ɛkame ayɛ sɛ wɔyɛ nhyiam horow da biara da wɔ dapɛn no mu, na eyi hwehwɛ sɛ mpanyimfo akuw no de biakoyɛ kɛse di dwuma.—Hwɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban, October 1, 1988, kratafa 17, nkyekyem 13.
6 Bible no hyɛ yɛn sɛ ‘yɛnyɛ biribiara mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam,’ na wɔn a wɔwɔ ban no akyi ho a yebedwen ka eyi ho. (1 Kor. 10:31-33) Sɛ ‘yedwen afoforo yiyedi ho’ a, yɛnkɔ wɔn nkyɛn bere a ɛmfata. (Fil. 2:4) Yɛbɛkwati nso sɛ yɛbɛhaw ɛhɔnom aguadifo dwumadi.
7 Afoforo—wɔn a wɔwɔ asafo no mu ne wɔn a wɔwɔ akyi—ho a yedwen kyerɛ sɛnea yɛte nka wɔ yɛn komam. Ɛsɛ sɛ nea yɛyɛ ne nea yɛka da no adi sɛ ‘yɛdɔ yɛn yɔnkonom sɛ yɛn ho.’—Mat. 7:12; 22:39.