Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/95 kr. 7
  • Wuhu Sɛ Mmoa Ho Hia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wuhu Sɛ Mmoa Ho Hia?
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Da a Yɛbɛda No Adi Sɛ Yesusuw Yɛn Mmofra No Ho
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • “Momfa Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Nnodɔ Mo Ho”
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Munnya Ɔdɔ Pii Mma Mo Ho Mo Ho
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • “Momfa Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Nnodɔ Mo Ho”
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 4/95 kr. 7

Wuhu Sɛ Mmoa Ho Hia?

1 Wɔka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ Ɔboafo ne Guankɔbea. Yenim sɛ yebetumi akɔ n’anim wɔ ahohia mu, na ɔbɛboa yɛn. (Dw. 18:2; 46:1) Yebetumi asua saa mmɔborohunu yi bere a yehu sɛ afoforo hia mmoa na yɛboa wɔn no.

2 Dɛn na ɛkanyan obi ma ofi ne pɛ mu boa onipa foforo? Nnipa dodow no ara gye eyi tom sɛ ɛyɛ adeyɛ a ɛkyerɛ ɔdɔ ne tema. Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm hyɛ ho nkuran. (Rom. 15:1) Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘mma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.’—Fil. 2:4.

3 Eyi yɛ ade a yɛn nyinaa betumi anya ne yɛ mu anigye. (Aso. 20:35) Paulo de aberante Timoteo yɛɛ nhwɛso sɛ ɔyɛ obi a na ne nuanom ‘ho asɛm hia no.’ (Fil. 2:20) Eye sɛ yɛwɔ mmofra a wɔwɔ su a ɛte saa ara pii wɔ asafo ahorow no mu nnɛ. Nanso, sɛ́ yɛyɛ mmofra anaa mpanyin no, nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ, sɛ yehu sɛ mmoa ho hia a.

4 Woate nka pɛn sɛ ebinom wɔ ahiade ahorow a wobetumi adi ho dwuma yiye? Ebia na onua anaa onuawa bi kɔdaa ayaresabea, na nnipa kakraa bi na wɔkɔsraa no; anaasɛ obi yare daa hɔ, nanso na onni obi a ɔbɛsomasoma no anaa ɔbɛboa no wɔ ofie nnwuma mu. Yesu bu Yehowa asomfo sɛ abusua mufo a wofi nokwaredi mu dwen wɔn ho wɔn ho. (Marko 3:33-35) Ɔkyerɛe wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ no mu sɛ wɔn a wogyinaa Ɔhene no nsa nifa so a wonyaa n’anim dom no nam mmoa a wɔde maa Ɔhene no nuanom so na ɛyɛɛ saa.—Mat. 25:40.

5 Mɛyɛ Dɛn Atumi Aboa? Dɛn na yebetumi ayɛ de mmoa ama bere a yehu pefee sɛ ɛho hia no? Yebetumi adi kan ayɛ mmoa wɔ ɔkwan bi so? Ebia na nkwakoraa ne mmerewa bi wɔ hɔ a wohia nkuranhyɛ, nanso wonni ayɔnkofo a wɔbɛn wɔn a wɔbɛboa wɔn. Ebia mmofra bi wɔ hɔ a wohia mmoa. Ebia abusua bi a wɔakyerɛ anigye foforo a wɔwɔ mma pii bɛba Ahenni Asa so bere a ɔdawurubɔfo a ɔne wɔn sua ade no nni hɔ. Ebia wɔn ani begye ho sɛ obi befi ne pɛ mu aso mmofra no mu bi ama wɔn.

6 Bere a yɛkɔ so nyin wɔ ɔdɔ a yɛwɔ ma nokware no ne Yehowa ahyehyɛde no mu no, yenyin wɔ anisɔ ne dwen a yebedwen afoforo a wɔwɔ asafo no mu ho nso mu. Paulo hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛntrɛw yɛn mmoa mu wɔ eyi mu. (2 Kor. 6:11-13) Yesu sii so dua sɛ ɔdɔ a yebeyi no adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho no ne ɔkwan titiriw a yɛnam so kyerɛ sɛ yɛyɛ n’akyidifo ampa.—Yoh. 13:35.

7 Enti sɛ yehu sɛ mmoa ho hia a, ɛsɛ sɛ nokware dɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom ne asafo no ka yɛn ma yefi yɛn pɛ mu fa ɔkwan biara a yebetumi so boa. (Gal. 6:9, 10) Afoforo ho a yedwen no saa no ka yɛn bom wɔ ɔdɔ ne biakoyɛ mu. (1 Kor. 10:24) Yɛnam saa kwan yi so yɛ yɛn fam de de boa ma wodi asafo no mu ahiade bi ho dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena