Monyɛ Onyankopɔn Asɛm Ho Akyerɛkyerɛfo—Denam Brochure So
1 Yehowa somfo biara a wahyira ne ho so wɔ asɛyɛde sɛ onya kyɛfa wɔ Onyankopɔn Asɛm no a ɔde bɛkyerɛkyerɛ afoforo no mu. Sɛ yehu sɛ ɛyɛ onii a ɔsoro ne asase so tumi nyinaa yɛ ne de no na ɔde ahyɛde yi ama yɛn sɛ ‘yɛnyɛ amanaman nyinaa asuafo, na yɛnkyerɛkyerɛ wɔn’ a, ɛma yehu aniberesɛm a saa asɛyɛde yi yɛ no pefee. (Mat. 28:18-20) Enti, asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa a yebenya no hwehwɛ sɛ yɛyɛ akyerɛkyerɛfo!—2 Tim. 2:2.
2 Yebetumi de nkyerɛkyerɛ ho nimdeɛ a yɛwɔ no adi dwuma wɔ August mu bere a yɛde brochure rema no. Yebetumi apaw emu Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi a ɛyɛ anigye na yɛasiesie nsɛm kakra a ɛbɛboa yɛn ma yɛafi nkɔmmɔbɔ ase.
3 Sɛ wode “So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?” “brochure” no rema a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Yɛakɔ w’afipamfo bebree nkyɛn na yɛahu sɛ nsɛmmɔnedi, amumɔyɛ, ne basabasayɛ a anya nkɔanim ntɛmntɛm no ho nsɛm haw wɔn. Wususuw sɛ dɛn nti na eyi abɛyɛ asɛnnennen saa? [Twɛn ma ommua.] Ɛyɛ yɛn anigye kɛse sɛ Bible no hyɛɛ nkɔm sɛ eyi bɛba. [Kenkan 2 Timoteo 3:1-3.] Hyɛ no nsow sɛ eyi bɛba wɔ ‘nna a edi akyiri no mu.’ Eyi kyerɛ sɛ biribi rebɛba awiei. Wususuw sɛ ɛyɛ dɛn?” Twɛn ma ommua. Dan kɔ kratafa 22, na twe adwene si mfonini no so, na ka kyerɛw nsɛm a wɔafa aka asɛm wɔ kratafa no mu biako anaa abien ho asɛm. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan akɔ hɔ akyiri yi, akɔkyerɛkyerɛ nea enti a yegye di sɛ saa nhyira horow yi abɛn no mu.
4 Ebia wobɛpɛ sɛ wofa saa kwan yi so bere a wode “Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?” “brochure” no rema no:
◼ “Ɛyɛ nnipa bebree den sɛ wobehu asetra mu atirimpɔw ankasa. Bere a nnipa kakraa bi wɔ anigye bi wɔ asetram no, wɔn mu dodow no ara na abasamtu ne amanehunu ahyɛ wɔn asetra ma. Wugye di sɛ saa na Onyankopɔn pɛe sɛ yɛtra ase? [Twɛn ma ommua.] Bible kyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛtra wiase a ɛte sɛ eyi mu.” Twe adwene si mfonini a ɛwɔ kratafa 21 no so, na afei dan kɔ nkratafa 25 ne 26, nkyekyem 4-6, na kyerɛkyerɛ bɔ a wahyɛ no mu. Fa asemmisa yi si hɔ na wosan kɔ a moasusuw ho: “Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛma ne bɔhyɛ ahorow abam?”
5 Wubetumi de mfonini a ɛwɔ “Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!” “brochure” no anim ne akyi no akyerɛ de ama denam bisa a wubebisa eyi no so:
◼ “Wopɛ sɛ wotra wiase a nnipa a wɔwɔ anigye ayɛ mu ma te sɛ eyi mu? [Twɛn ma ommua.] Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn dɔ nnipa na ɔpɛ sɛ wɔtra ase asase so daa wɔ anigye mu.” Dan kɔ mfonini a ɛtɔ so 49 no so, na kenkan Kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so no mu biako. Afei, twe adwene si mfonini a ɛto so 50 no so, na kyerɛkyerɛ no nea sɛ yɛpɛ sɛ yɛtra paradise yi mu bi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no mu. Kyerɛ no sɛ wobɛsan aba na moabɛbɔ nea enti a Yesu Kristo mu gyidi ho hia kɛse no ho nkɔmmɔ.
6 Sɛ ‘yɛnam yɛn ani a yɛma ɛba yɛn nkyerɛkyerɛ so no so ma yɛn nkɔso da adi’ a, Yehowa ani gye. (1 Tim. 4:15, 16) Yɛn brochure no betumi aboa yɛn kɛse wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔpɛ sɛ wotie “papa ho asɛmpa” no mu.—Yes. 52:7.