Awofo a Wodi Ahurusi!
1 Sɛ woyɛ abofra a wowɔ Kristofo abusua bi mu a, ɔkwan soronko bi wɔ hɔ a wubetumi afa so ama w’awofo ani agye. Sɛ wofa ɔkwantrenee so a, ‘w’agya ne wo na ani begye.’ (Mmeb. 23:22-25) Ɛda adi sɛ nea eye ma wo kɛse na w’awofo hwehwɛ. Biribiara nni hɔ a ebetumi ama wɔn ani agye asen sɛ wobehu sɛ wode nokware no ayɛ wo de, na woahyira wo nkwa so ama Yehowa.
2 Wubetumi de aseda ama sɛ wowɔ awofo a wɔwɔ nokware no mu. Efi bere a wɔwoo wo no, wɔama wo aduan, afira wo ntama, ama wo dabere, na wɔahwɛ wo wɔ wo yare nyinaa mu. Nea ɛho hia kɛse koraa no, wɔabɔ mmɔden akyerɛkyerɛ wo Yehowa ne n’akwantrenee ho ade; eyi yɛ ntetee a ebetumi ama woanya daa nkwa. (Efe. 6:1-4) Wobɛyɛ dɛn atumi ada w’anisɔ adi?
3 Fa Nokware no Yɛ Wo De: W’awofo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wo ma woafa nokware no aniberesɛm, anya honhom fam nkɔso, na woabata Yehowa ahyehyɛde no ho. Wubetumi ada w’anisɔ adi denam abusua adesua ho anigye a wobɛkyerɛ a ɛho nhia sɛ wobɛma wɔahyɛ wo no so. Da ɔpɛ a wowɔ sɛ wobɛkɔ asafo nhyiam horow adi, na fi wo pɛ mu siesie wo ho sɛnea ɛbɛyɛ a abusua no betumi adu hɔ bere ano. Tra w’awofo nkyɛn bere a asafo nhyiam horow rekɔ so no, na yɛ aso denam nhoma a wɔresua no a wubedi akyi no so. Hwɛ sɛ wubenya asafo nhyiam no mu kyɛfa denam mmuae a wobɛma so. Da wo ho adi sɛ woyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu suani pa, gye dwumadi ahorow tom, na yɛ nea wubetumi nyinaa fa di ho dwuma. Fi wo pɛ mu boa Ahenni Asa so dwumadi no wɔ baabi a wo mmoa ho behia. Wo ho a wode bɛhyɛ dwumadi a ɛtete saa mu no betumi ama wode wo koma asi nneɛma a eye ma wo honhom fam no so.
4 Fa Botae Horow a Ɛde Nkɔso Ba Sisi W’anim: Nya kyɛfa a ɛfata wɔ asɛnka adwuma no mu, na nya ɔpɛ sɛ wobɛfata sɛ ɔdawurubɔfo. Kenkan dapɛn biara Bible akenkan no daa, anaasɛ nea eye sen saa mpo no, w’ankasa kenkan Bible mũ no nyinaa. Fa yɛ wo botae sɛ wubedu ahosohyira ne asubɔ ho ahwehwɛde no ho. W’awofo betumi aboa wo ma woayɛ nneɛma a wusua wɔ sukuu no ho nhyehyɛe yiye, sɛnea ɛbɛma woanya ntetee a ebesiesie wo ama woanya Yehowa som adwuma no mu kyɛfa akosi ase. Fa si w’ani so sɛ wubenya din a ɛbɛma afoforo akamfo wo ama hokwan soronko te sɛ akwampae anaa Betel som adwuma. (Aso. 16:1, 2) Botae ahorow ho a wubedu no betumi aboa wo ma ‘woasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ, na trenee aba ayɛ wo ma.’—Fil. 1:10, 11.
5 Mmofraberem yɛ bere a wɔde sua ade, nya osuahu, na wɔde nya ahokokwaw wɔ sɛnea wɔne afoforo di nsɛm mu. Ɛyɛ bere a wubetumi anya anigye wɔ asetram a nhyɛso ne asɛyɛde ahorow a mpanyimfo hyia no nyinaa nka ho. Salomo kae sɛ: “Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu.” (Ɔsɛnk. 11:9) Sɛ wode wo koma si Yehowa som so wo mmofraase a, wubetwa nhyira a ɛbɛtra hɔ daa.—1 Be. 28:9.
6 Sɛ ‘wudi trenee akyi’ mmom sen sɛ wubedi “mmerante bere mu akɔnnɔ” akyi a, wobɛma w’awofo ade wɔn ho afi dadwen ne ɛyaw a emu yɛ den mu. (2 Tim. 2:22) Wobɛma w’ankasa koma adi ahurusi. (Mmeb. 12:25) Nea ɛsen ne nyinaa no, wobɛma Yehowa Nyankopɔn, wo Bɔfo no, ani agye.—Mmeb. 27:11.