Kyerɛw Nyinaa Ye ma Nkyerɛkyerɛ
1 Adwene a wokura wɔ bo a Bible no som ho no gu ahorow na ɛyɛ pii. Nanso, yegye di sɛ emu na yebehu adesamma haw a emu yɛ den ano aduru ne yɛn ankasa asetra kwan ho akwankyerɛ a wotumi de ho to so. (Mmeb. 3:5, 6) Yentumi mfa biribiara ntoto n’afotu mu nyansa no ho. Abrabɔ ho gyinapɛn a ɛde ma no yɛ nea biribiara nkyɛn no. Tumi wɔ ne nsɛm no mu, “etumi hu koma nsusuwii ne adwene mu.” (Heb. 4:12, NW) Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa afoforo ma wɔahu sɛ ɛho hia sɛ woyi saa nhoma yi fi wɔn nhoma pon so na wɔasua no yiye? Ebia wobɛpɛ sɛ wosɔ nyansahyɛ ahorow a edidi so yi mu bi hwɛ bere a wode New World Translation, ne The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no rema wɔ November mu no.
2 Esiane sɛ nnipa pii dwen sɛnea wobenya wɔn ahiade titiriw ho nti, ebia asɛm a edi so yi a wobɛka no bɛma wɔatie:
◼ “Nnipa pii a me ne wɔn kasa nnansa yi no dwen sɛnea wobedi wɔn sikasɛm ho dwuma ho. Honam fam ade dodowpɛ asum nnipa pii afiri, na eyi de adwennwene ba. Wususuw sɛ ɛhe paa na yebetumi anya nsɛm a ɛtete saa ho afotu? [Twɛn ma ommua.] Mahu sɛ Bible no de afotu pa a ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati ɔhaw ahorow a ɛho nhia no ma. Ma menkyerɛ wo nhwɛso bi.” Dan kɔ kratafa 163 wɔ The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no mu, na kenkan 1 Timoteo 6:9, 10, a wɔafa emu nsɛm aka wɔ nkyekyem 3 no. Ka nsɛm foforo fa nkyekyem 4 ho, na afei fa nhoma no ma no.
3 Nyansahyɛ foforo a wubetumi de adi dwuma nso ni:
◼ “Bere biara a yɛkenkan atesɛm krataa anaa yetie kaseɛbɔ no, yɛte ɔhaw foforo bi a emu yɛ den a ɛma yɛdwennwen. [Bɔ asɛm bi a ɛhaw adwene a wɔkae nnansa yi wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu din.] Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina ɔhaw te sɛ eyi ano? [Twɛn ma ommua.] Wɔ 1983 mu no, United States mampanyin a na ɔwɔ hɔ saa bere no [Ronald Reagan] kae sɛ Bible no kura asɛm a ɛsen biara a wɔakyerɛw pɛn, na ‘emu na ɔhaw biara a onipa ahu pɛn ano aduru nyinaa wɔ.’ Nea ɔkae no ma yɛkae nea Bible no ankasa ka. [Kenkan 2 Timoteo 3:16, 17.] Ma menkyerɛ wo nea enti a yebetumi anya Bible no mu ahotoso.” Ka Nea Enti a Wubetumi de Wo Ho Ato Bible no So kratawa no mu nsɛntitiriw bi kyerɛ no. Ka kyerɛ no sɛ wobɛsan aba akyiri yi ne no abɛbɔ sɛnea ɛyɛ nwonwa sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow renya mmamu nnansa yi wɔ wiase nsɛm a esisi no mu ho nkɔmmɔ.
4 Sɛ nnipa a wɔnkɔ asɔre dɔɔso wɔ mo asasesin mu a, wubetumi afa saa kwan yi so:
◼ “Nnipa pii a wɔwɔ mpɔtam ha yi bu nhoma kronkron ahorow bi sɛ ɛbɔ abira na ɛyɛ anansesɛm ara kwa. Wɔahu nneɛma bɔne pii a wɔyɛ wɔ nyamesom din mu ma enti wonnye Bible no nni mpo. Nokwarem no, nnipa bebree ntumi nhu sɛ ebia Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm anaa onipa de. Wususuw ho dɛn?” Twɛn ma ommua. Gyina ofiewura no mmuae so dan adwene kɔ The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no fã bi a ɛka ofiewura no adwene anaa nea onnye ntom ho asɛm no so, na munsusuw asɛm biako anaa abien ho. Sɛ nhwɛso no, wubetumi anya hokwan de nkyekyem 27-9, a efi ase wɔ kratafa 66 wɔ asɛmti ketewa “Yesu—Ɔyɛ Onipa Ankasa” ase no adi dwuma.
5 Yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no ahwɛ ahu sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wosua n’apɛde no nyinaa benya ho nimdeɛ. Afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔahu bo a Bible no som ankasa no yɛ nneɛma pa a ɛsen biara a yebetumi ayɛ aboa wɔn no mu biako; ebetumi agye wɔn nkwa.—Mmeb. 1:32, 33.