Siesie Wo Ho Ma Asafo Nhyiam Horow na Nya Mu Anigye
1 Sɛ́ anuanom no, yefi nyansam hyiam daa ma yɛn dapɛn biara nhyiam horow no. (1 Tim. 4:15, 16) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nhyiam horow no mu anigye na yɛanya mu mfaso pii?
2 Ɛsɛ sɛ yɛde bere si hɔ daa de siesie yɛn ho ma nhyiam ahorow. Ebinom tumi de mmere pii siesie wɔn ho sen afoforo. Nanso, ɛmfa ho sɛnea nneɛma akyere yɛn so afa biara no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛpɛ bere bi de asiesie yɛn ho ama asafo nhyiam ahorow. Mfaso wɔ so kɛse sɛ yebesiesie yɛn ho abom sɛ abusua.—Efe. 5:15, 16.
3 Ahosiesie Ma Teokrase Ɔsom Sukuu: Bɔ mmɔden sɛ wubedi da pɛn biara Bible akenkan nhyehyɛe no akyi. (Yos. 1:8) Susuw nneɛma a wɔbɛka ho asɛm no ho, na fa nhoma ahorow a ehia no bra, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi adi akasafo no akyi. Susuw akwan a wubetumi afa so de nsɛm yi adi dwuma wɔ wo som adwuma mu ho.
4 Ahosiesie Ma Ɔsom Nhyiam: Hwɛ dwumadi a wɔahyehyɛ wɔ Yɛn Ahenni Som mu no. Kenkan nsɛm a mubesusuw ho no. Sɛ mubesua asɛm bi a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban anaa nhoma foforo bi mu a, hwehwɛ na kenkan ɛno nso. Sɛ wɔbɛyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ wɔ asɛnka mu ho ɔyɛkyerɛ a, di kan sua eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de adi dwuma wɔ wo som adwuma mu.
5 Ahosiesie Ma Ɔwɛn-Aban Adesua: Di kan kenkan nea mubesua no mu, na hyɛ nsemmisa no ho mmuae nsow. Kyerɛwnsɛm a ɛwom a wobɛhwɛ no bɛboa wo ma woate ase yiye. Sɛnea adesua no fa nea wunim dedaw ho a wubesusuw ho no bɛma woanya nimdeɛ pii. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛma mmuae wɔ adesua no mu denam nkyekyem biako anaa abien ho nsɛm ntiantiaa a wubesiesie wo ho ama so. Eyi yɛ ɔkwan titiriw a yɛfa so ka “yɛn anidaso asɛm a yɛbɛka no baguam no.”—Heb. 10:23, NW.
6 Ahosiesie Ma Asafo Nhoma Adesua: Nea edi kan no, hwehwɛ nea mubesua no; susuw asɛmti no ne nsɛmti nketewa no ho. Afei, bere a wokenkan no, hyɛ emu nsɛm titiriw no nsow. Susuw Bible nkyekyem ahorow a ɛfoa so ho. Bɔ mmɔden sɛ wode w’ankasa nsɛm bɛma nsɛmmisa no ho mmuae. Bere a woasiesie wo ho awie no, yɛ emu nti̇̃mu wɔ w’adwenem. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkae emu nsɛntitiriw ne ntease a ɛwom no.—2 Tim. 2:15.
7 Nya Nhyiam Ahorow mu Anigye: Sɛ yebenya nhyiam no mu anigye akosi ase a, ɛho hia sɛ yedu hɔ ntɛm, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya mpaebɔ a wɔde fi ase srɛ Yehowa honhom no mu kyɛfa. Wunya Ahenni nnwom a ɛyɛ dɛ no mu mfaso nso. Sɛ wunni mma nkumaa anaa biribi foforo nti a wobɛtra akyi wɔ asa no so a, akyinnye biara nni ho sɛ wubehu sɛ sɛ wotra anim a, nneɛma kakraa bi na ɛbɛtwetwe w’adwene, na wubenya dwumadi no mu mfaso pii. Awofo a wokura mma nkumaa a ebia ɛho hia sɛ wɔde wɔn pue bere a nhyiam no rekɔ so no betumi atew afoforo adwene a wɔbɛtwetwe so denam ɔkwan no ho de rekɔ akyi hɔ a wɔbɛtra no so.
8 Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ kyerɛwnsɛm a wɔkenkan no. Eyi bɛboa wo ma woakae nea wote no. Nea wusua a wobɛka ho asɛm akyerɛ w’abusuafo ne wo nnamfo no bɛboa ma asɛm no aka w’adwenem. Nyansahyɛ ahorow yi a wode bedi dwuma no bɛma nhyiam no ayɛ nea ɛfata na ɛyɛ anigye, na eyi bɛma ‘yɛatwetwe yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu’ nokwarem.—Heb. 10:24, 25.