Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/95 kr. 2
  • December Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • December Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase December 4
  • Dapɛn a Efi Ase December 11
  • Dapɛn a Efi Ase December 18
  • Dapɛn a Efi Ase December 25
Yɛn Ahenni Som—1995
km 12/95 kr. 2

December Ɔsom Nhyiam Horow

MONHYƐ NO NSOW: Wɔ ɔmantam nhyiam bere mu wɔ December ne January mu no, asafo ahorow betumi ayɛ nsakrae ahorow a ɛho hia na ama wɔanya simma 30 de atĩ ɔmantam nhyiam dwumadi no mu nsɛntitiriw mu wɔ dapɛn a edi hɔ no Ɔsom Nhyiam mu. Ɛsɛ sɛ wodi kan de da biara da mu nsɛntitiriw no ntĩmu a wɔasiesie no yiye no ma anuanom mmarima baanu anaa baasa a wɔfata. Ɛsɛ sɛ nsɛm ne osuahu ahorow a atiefo no bɛka yɛ ntiantiaa na ɛfa asɛm no ho tẽẽ.

Dapɛn a Efi Ase December 4

Dwom 181

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.

15 min: “Yi Yehowa Ayɛ Daa.” Nsemmisa ne mmuae. Ma wɔnkenkan nkyekyem ahorow no. Ma ɔdawurubɔfo biako anaa baanu nka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a wonyae wɔ bɔnnɔ so adansedi mu nkyerɛ.

20 min: “Ahenni Anidaso a Yɛbɛka Akyerɛ Denam ‘Kingdom Come’ Nhoma no a Yɛde Bɛma So.” Fa nhoma no a wɔde bɛma wɔ asɛnka mu ho nyansahyɛ ma wɔ anigye so. Munsusuw nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho, na ma wɔnyɛ biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 11

Dwom 201

13 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Munsusuw nneɛma ahorow bi nti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ asɛnka a yebenya mu kyɛfa kosi ase ho nhyehyɛe a ɛfata ho tiawa. Sɛ anka yɛde dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa besi yɛn ani so bere a yɛkɔ asɛnka no, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, dɛn nti na yɛnyɛ nhyehyɛe sɛ yebedi nnɔnhwerew abien anaa nea ɛsen saa? Saa a yebetumi ayɛ no taa gyina sankɔhwɛ ho nhyehyɛe a yedi kan yɛ, ne afoforo a wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔde nnɔnhwerew abien anaa nea ɛsen saa bɛkɔ asɛnka a yɛne wɔn bɛyɛ adwuma no so. Munsusuw “Good News for All Nations” afã no ho nso.

15 min: Hokwan Ahorow a Wobɛhwehwɛ De Adi Adanse. Wɔ December nnapɔnna no mu no, yɛn mu bebree nya hokwan tutu akwan kɔ ɔmantam nhyiam ahorow na yekodi akwamma, na bɔnnɔ so adansedi hokwan ahorow fɛfɛ bue. Bere a wode School Guidebook no, nkratafa 80-2, nkyekyem 11-16 redi dwuma no, munsusuw sɛnea yɛne ahɔho fi nkɔmmɔbɔ ase ho nyansahyɛ ahorow no ho. Kyerɛ sɛnea ahosiesie a wodi kan yɛ boa ma nneɛma pa fi mu ba. Ma adawurubɔfo baanu nyɛ sɛnea wɔne obi a ɔte bɔs mu ne obi a ogyina santen mu wɔ gua so anaa adetɔndan bi mu fi nkɔmmɔbɔ ase ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa. Kae obiara ma ɔnyɛ wɔn a wɔkyerɛ anigye nyinaa ho kyerɛwtohɔ na ɔnyɛ nhyehyɛe mma obi nkɔ wɔn nkyɛn akyiri yi.

17 min: “Siesie Wo Ho Ma Asafo Nhyiam Horow na Nya Mu Anigye.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Frɛ ɔdawurubɔfo biako anaa baanu ma wɔnka nea wɔyɛ a ɛboa wɔn ma wonya asafo nhyiam horow mu anigye na wonya mu mfaso kosi ase nkyerɛ.

Dwom 28 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 18

Dwom 139

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Fa sɛnea wogye nnapɔnna nkyia horow so anifere so ho nyansahyɛ ahorow bi ma. Bɔ nhyehyɛe soronko a wɔayɛ ama December 25 ne 26 adansedi ho amanneɛ.

15 min: “Ma Wo Nkɔso Nna Adi.” Nsemmisa ne mmuae.

20 min: “Boa Afoforo Ma Wonnya Onyankopɔn Ahenni Nhyira Horow a Ɛso Nni No.” Munsusuw nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa ho, yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien. Hyɛ obiara nkuran ma ɔnyɛ sankɔhwɛ a botae no ne sɛ obefi Bible adesua ase wɔ “Kingdom Come” nhoma no mu.

Dwom 146 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 25

Dwom 88

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sɛ mobɛsesa bere a mode yɛ mo asafo nhyiam ahorow January 1 a, hyɛ obiara nkuran ma ɔmmoa nkosi ase denam nsakrae horow biara a ɛho hia a ɔbɛyɛ so. (Hwɛ December 1994 Yɛn Ahenni Som, kratafa 2.) Bɔ nhyehyɛe soronko a wɔayɛ ama January 1 adansedi ho amanneɛ.

15 min: Asemmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma. Si hia a ɛho hia sɛ wɔkwati sɛ wɔde Engiresi asɛmfua “engagement” (“asiwasi”) no bedi dwuma bere a wɔreka amanne kwan so aware ho asɛm no so dua.

25 min: “Yɛn Hann a Yɛbɛma Akɔ so Ahyerɛn.” Fa nnianim nsɛm no gyina nkyekyem 1-5 no so. Ɛsɛ sɛ wɔde nsemmisa ne mmuae di nkyekyem 6-16 no ho dwuma. Kenkan nkyekyem 6-9, 15, ne 16. Obetumi de awiei nsɛm tiawa no agyina nkyekyem 17-19 so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a ɔsom adwuma sohwɛfo nni ho dwuma.

Dwom 3 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena