Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • December Ɔsom Nhyiam Horow
    Ahenni Som—1994 | December
    • December Ɔsom Nhyiam Horow

      MONHYƐ NO NSOW: Yɛn Ahenni Som no bɛyɛ nhyehyɛe ama dapɛn biara Ɔsom Nhyiam wɔ December ne January mu. Asafo ahorow betumi ayɛ nsakrae a ehia na ama wɔakɔ “Onyankopɔn Suro” Ɔmantam Nhyiam no, na wɔde simma 30 atĩ dwumadi no mu nsɛntitiriw mu wɔ dapɛn a edi hɔ no Ɔsom Nhyiam mu. Ɛsɛ sɛ wodi kan de ɔmantam nhyiam no da biara da dwumadi mu ntimũ no ma anuanom mmarima baanu anaa baasa a wɔfata a wobetumi atwe adwene asi nsɛntitiriw no so. Saa ntimũ a wɔasiesie no yiye yi bɛboa asafo no ma wɔakae nsɛntitiriw no de adi dwuma wɔ wɔn ankasa asetra ne asɛnka mu. Ɛsɛ sɛ nsɛm ne osuahu ahorow a atiefo no bɛka yɛ ntiantiaa na ɛfa asɛm no ho tẽẽ.

      Dapɛn a Efi Ase December 5

      Dwom 68

      12 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata. Kyerɛ asɛm biako anaa abien a ɛkanyan adwene a wobetumi de adi dwuma bere a wɔde nsɛmma nhoma a aba foforo rema no. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata mfa nsɛm no mu biako nyɛ sɛnea wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ.

      15 min: “Nhwɛsode a Ɛsɛ sɛ Yedi Akyi Pɛpɛɛpɛ.” Nsemmisa ne mmuae.

      18 min: “To Nsa Frɛ Afoforo Ma Wonni Onipa a Ɔsen Biara no Akyi.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien. Si so dua sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ afie afie kyerɛwtohɔ a edi mũ; ka nsɛm ko a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw ho asɛm tiawa.

      Dwom 153 ne mpaebɔ a wɔde wie.

      Dapɛn a Efi Ase December 12

      Dwom 86

      12 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Sika ho amanneɛbɔ, a ntoboa biara a wɔkyerɛ sɛ nsa aka ka ho.

      15 min: “Ma W’ani Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ so Bere Nyinaa.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Ka akwankyerɛ a ɛka “Theocratic Ministry School Schedule for 1995” ho no ho asɛm, na fa nkaebɔ biara a ehia sɛ asafo no te ma.

      18 min: “Kyerɛ Onyankopɔn Fie ho Anisɔ.” Nsemmisa ne mmuae. Fa sɛnea ɛho hia sɛ wodu nhyiam ase bere ano ho asɛm foforo ka ho.—Hwɛ June 15, 1990, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 26-9.

      Dwom 99 ne mpaebɔ a wɔde wie.

      Dapɛn a Efi Ase December 19

      Dwom 78

      10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka mo asafo no asɛnka nhyehyɛe ma nnapɔnna a ɛreba no ho asɛm. Fa akwan a wɔbɛfa so de nsɛmma nhoma a aba foforo ama wɔ mo asasesin mu ho nyansahyɛ ahorow ma.

      20 min: “Monyɛ Aso Mma Nkɔmhyɛ Asɛm No.” Krataa a ɛhyɛ mu. Nsemmisa ne mmuae a ɛfa nkyekyem 1-8 ho, ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Munsusuw nea kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no fa ho ho.

      15 min: “Monhyɛ Wɔn Nkuran Ma Wɔmmɛyɛ N’akyidifo.” Wo ne atiefo nsusuw ho. Yɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien. Kamfo kyerɛ sɛ obiara mfa asɛnka bere no bi nyɛ sankɔhwɛ ahorow dapɛn biara.

      Dwom 22 ne mpaebɔ a wɔde wie.

      Dapɛn a Efi Ase December 26

      Dwom 74

      7 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw “Mo Nhyiam Bere Bɛsesa Anaa?” ho, sɛ ɛfa mo asafo no ho a.

      18 min: “Monyɛ Aso Mma Nkɔmhyɛ Asɛm No.” Krataa a ɛhyɛ mu. Nsemmisa ne mmuae a ɛfa nkyekyem 9-13 ho, ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Si so dua sɛ ɛho hia sɛ wosiesie wɔn ho ma Asafo Nhoma Adesua, wɔkɔ daa na wɔde wɔn ho hyem. Kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wonya honhom mu nkyerɛkyerɛ a ehia na wɔakyerɛ yɛn kwan wɔ nna a edi akyiri yi mu ho anisɔ.

      20 min: “Awofo, Mo Mma Rebɔ Asɛm no Dawuru?” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw ho. Bere a moasusuw nkyekyem 3 ho awie no, ma abofra nka asɛm a kyerɛwsɛm biako wom nkyerɛ ofiewura bi.

      Dwom 164 ne mpaebɔ a wɔde wie.

  • Asafo Nhoma Adesua
    Ahenni Som—1994 | December
    • Asafo Nhoma Adesua

      Nhyehyɛe ma asafo nhoma adesua wɔ nhoma Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! mu.

      Efi: Kosi:

      December 5: kr. 39, ¶7 kr. 43, ¶7

      December 12: kr. 43, ¶8 kr. 47, ¶23

      December 19: kr. 47, ¶1 kr. 50, ¶14

      December 26: kr. 51, ¶15 kr. 55, ¶5

  • September Ɔsom Akontaabu
    Ahenni Som—1994 | December
    • September Ɔsom Akontaabu

      Nnɔn. Nsɛm. San. BA

      Dodow: Nky. Nky. Nky. Nky.

      Akw. Tit. 104 136.8 10.0 67.8 11.2

      Akw. 2,926 73.0 6.2 37.9 7.0

      Akw.Abf. 1,590 57.2 4.5 24.7 4.9

      Adwf. 37,926 12.6 1.0 5.9 1.5

      NKABOM 42,546 Asubɔfo: 177

  • Mo Nhyiam Bere Bɛsesa Anaa?
    Ahenni Som—1994 | December
    • Mo Nhyiam Bere Bɛsesa Anaa?

      Wɔ mmeae a asafo ahorow pii hyiam wɔ Ahenni Asa koro so no, ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔyɛ nhyehyɛe di nsesa wɔ bere a wɔde yɛ nhyiam no anaa wɔyɛ nsakrae wɔ nhyiam bere mu afe biara. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi a ɛremma wɔnte nka sɛ asafo biako nya mfaso horow bi bere nyinaa. (Fa toto September 1976 Yɛn Ahenni Som, kratafa 6 ho.) Sɛ nhwɛso no, sɛ January da a edi kan na wɔapaw sɛ wɔde bedi nsesa no a, ɔpɛ a obiara benya sɛ obedi nhyehyɛe a ɛte saa akyi no kyerɛ sɛnea obiara dɔ ne yɔnko na osusuw ne ho. Mpɛn pii no, sɛ wɔsesa nhyiam bere no a, ɛde mfaso bɛbrɛ w’ankasa, na ɛmma nhyiamkɔ nyɛ den pii.

      Nanso, ebia na nsakrae a wɔreyɛ no ne wo dwumadi nhyehyɛe nhyia papa. Ebia ɛbɛhwehwɛ sɛ woyɛ nsakrae wɔ nea woyɛ no daa mu, na ebetumi ahaw w’adwene ɔkwan bi so. Ɔpɛ a obiara benya sɛ obedi akyi no kyerɛ sɛ ɔwɔ anisɔ ma nhyehyɛe a ɛma obiara a ɛfa ne ho no nya mu mfaso no.

      Nokwarem no, bere a edi hɔ a mubedi nsesa wɔ nhyiam bere mu no, ebia ɛbɛyɛ nea wopɛ kɛse. Ɛnkosi sɛ ɛbɛba saa no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ w’ankasa yɛ nsakrae ahorow a ehia no na ama watumi akɔ dapɛn dapɛn nhyiam no nyinaa sɛnea nhyehyɛe a asafo no asi ho gyinae no te no. Bɔ mmɔden kura adwene a na odwontofo Dawid a ɔkaa eyi no wɔ no mu: “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ [Yehowa] fi.”—Dw. 122:1.

  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Ahenni Som—1994 | December
    • Teokrase Nsɛmmansɛmma

      Albania: Wonyaa adawurubɔfo 353 wɔ July mu a ɛyɛ nkɔanim a ɛsen biara foforo, na afei wɔmaa nsɛmma nhoma dodow a ɛsen biara. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, asafo mu ɔdawurubɔfo biara de nnɔnhwerew 22.4 na ɛyɛɛ ɔsom adwuma no, na wɔyɛɛ ofie Bible adesua ahorow 1,073.

      Cameroon: Wobuee baa dwumadibea foforo ano wɔ July mu, na ɛne adawurubɔfo 21,323 a ɛyɛ dodow nkɔanim a ɛsen biara no hyiae.

      Greenland: Adawurubɔfo a wobuu asɛnka ho akontaa July no dodow yɛ 134. Ná eyi yɛ nkɔanim a ɛsen biara foforo.

      Zaire: Ɛmfa ho sɛ wohyia ɔhaw tebea a ɛne sɛ aguanfo ɔpehaha pii reba Zaire no, wonyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 83,442 wɔ July mu. Anuanom abɔ wɔn ho mmɔden yiye sɛ wɔbɛboa wɔn ho wɔn ho, na wɔka sɛ wɔn ani sɔ ahiade a wɔde fi aman afoforo mu bɛboa no kɛse.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena