Kɔ So Ka Nokware no Kyerɛ
1 Asomafo no kae sɛ: “Yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.” (Aso. 4:20) Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ yɛn so yɛkɔ so ka nokware no kyerɛ. Ɛwom sɛ yɛnam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no so hwehwɛ wɔn a wobetie de, nanso sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ anigyefo nokware no ho nsɛm pii a, ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ wɔn nkyɛn.
2 Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ wɔ April Engiresi “Nyan!” titiriw a ekura asɛmti “Bere a Akodi Nni Hɔ Bio,” ho a, wubetumi aka Bible adesua ho asɛm bere a wubisa sɛ:
◼ “Bere bi a atwam a mebaa ha no, yɛkaa wiase no akodi ne ɔfã a nyamesom nya wom no ho asɛm. Woahu sɛ nneɛma a ɛtete saa a ɛresisi no da no adi sɛ yɛte bere a Bible frɛ no nna a edi akyiri no mu? [Fa Nimdeɛ nhoma no kyerɛ. Kenkan ti 11 no nkyekyem a edi kan, na si adaka mu nsɛm a ɛwɔ kratafa 102 no so dua.] Nhoma yi kyerɛkyerɛ asɛm yi ne 18 foforo a wɔahyehyɛ wɔ emu nsɛm no mu wɔ ha no mu. [Fa kratafa 3 kyerɛ.] Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mɛpɛ sɛ mɛkyerɛ wo sɛnea nhoma yi bɛboa wo ma woate Bible mu nsɛm a ehia yi ase.” Sɛ ɔma kwan a, fi adesua ase wɔ kratafa 6.
3 Sɛ wohyɛɛ bɔ sɛ wobɛsan aba abɛkyerɛkyerɛ sɛnea ebetumi ayɛ yiye sɛ wobenya asetra a ahobammɔ wom seesei mu a, wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Bere a edi kan a yehyiae no, me ne wo susuw Bible mu asɛm bi a ɛkyerɛ yɛn nea enti a yebetumi de anidaso ahwɛ onipa daakye kwan ho. Ɛnnɛ mepɛ sɛ metwe w’adwene si biribi a ɛbɛkyerɛ yɛn onii a obetumi ama yɛate ahobammɔ nka seesei ara so.” Kenkan Dwom 4:8. Bue Nimdeɛ nhoma no mu wɔ kratafa 168 na kenkan nkyekyem 19. Afei bisa sɛ: “W’ani begye ofie Bible adesua a wontua ho hwee a ɛkyerɛ sɛnea wo nso wo nsa betumi aka saa ahobammɔ yi wɔ w’asetra mu ho?” Sɛ mmuae no yɛ yiw a, dan kɔ ti 1.
4 Sɛ wode wɔn a wode May 22 Engiresi “Nyan!” maa wɔn no bɛka wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa no ho a, wubetumi asɔ ɔkwan yi ahwɛ:
◼ “Ná ɛte sɛ nea wo ho pere wo sɛ wobɛkenkan Nyan! nsɛmma nhoma a mede maa wo a ɛka nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho wɔ adwumayɛbea no. W’ani gyee nsɛm no ho? [Twɛn ma ommua.] Wɔn a wɔkenkan Nyan! daa no taa ka sɛ wɔn ani gye sɛnea ɛka nsɛmti a ɛho hia saa no ho nsɛm pɛpɛɛpɛ na ennyaw biribiara wom no ho. Misusuw sɛ wubehu nokware a eyi yɛ nso wɔ foforo yi mu. [Ka anim asɛm no ho asɛm tiawa.] Wobɛpɛ sɛ wokenkan?” Si hia a ehia sɛ wosua Bible daa denam nsɛmma nhoma horow yi so no so dua. Ka ofie Bible adesua wɔ Nimdeɛ nhoma no mu ho asɛm.
5 Wubetumi aka adesua ho asɛm tee bere a wokɔyɛ sankɔhwɛ no denam ka a wobɛka eyi so:
◼ “Yɛkyekyɛ yɛn nsɛmma nhoma wɔ wiase nyinaa de kyerɛ nnipa a wɔwɔ baabiara nea Bible no kyerɛkyerɛ. Sɛ ankorankoro kyerɛ nea wosua no ho anigye a, yɛne wɔn yɛ ofie Bible adesua a wontua ho hwee. [Twe adwene si adaka mu nsɛm ‘W’ani Begye Nsrahwɛ Ho?’ a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban no akyi no so.] Yɛde nhoma yi, Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, di dwuma sɛ akwankyerɛ nhoma. Ma menkyerɛ wo sɛnea yɛyɛ adesua no tiawa.”
6 Sɛ yɛkɔ so ka nokware no kyerɛ a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ebinom betie na wɔagye atom.—Marko 4:20.