‘Kyekye Wo Fie’
1 Akyinnye biara nni ho sɛ wɔ wiase nyinaa no, abusua asetra resɛe. Atorodi ne ɔbrasɛe ayɛ Satan wiase no ma. (1 Yoh. 5:19) Eyi si ntɛmpɛ a egye sɛ ‘yɛbɛkyekye yɛn fie’ na yɛakyerɛkyerɛ afoforo ɔkwan a wobetumi afa so ayɛ wɔn de saa ara no so dua.—Mmeb. 24:3, 27.
2 Bible mu Nnyinasosɛm Ahorow Yɛ Ahobammɔ: Nea ɛbɛma yɛanya nokware anigye wɔ abusua mu ne Bible mu nnyinasosɛm ahorow a yɛde bedi dwuma no. Ofie no muni biara nya saa nokware a tumi wom yi so mfaso wɔ asetra nyinaa mu. Abusua a wɔde di dwuma no ani begye, na wobenya Onyankopɔn asomdwoe.—Fa toto Yesaia 32:17, 18 ho.
3 Wɔada nnyinasosɛm a ebetumi aboa yɛn ma yɛakyekye yɛn fie no adi tiawa ma emu da hɔ wɔ nhoma foforo a ɛne Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba no mu. Wɔde ɔkyerɛkyerɛ adaka a mfaso wɔ so a esi nnyinasosɛm ahorow a ehia sɛ abusuafo kae so dua no ba ti biara awiei. Asɛmmisa a ɛne “Ɔkwan bɛn so na Bible mu nnyinasosɛm ahorow yi betumi aboa . . . ?” na efi nnaka yi mu dodow no ara ase. Eyi twe adwene si Onyankopɔn nsusuwii so sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu n’adwene wɔ asɛm a yɛresusuw ho no ho.—Yes. 48:17.
4 Sua nhoma no yiye. Sua sɛnea wubehu nnyinasosɛm a ebetumi aboa bere a ɔhaw ahorow sɔre no. Nhoma no ka nsɛm te sɛ eyinom: nea ɛsɛ sɛ obi hu bere a ɔresusuw nea ɔbɛyɛ n’aware mu hokafo ho no (ti 2), nneɛma atitiriw a ɛma wonya aware mu anigye a ɛtra hɔ daa (ti 3), sɛnea awofo betumi atete wɔn mma mmerantewa ne mmabaa ma wɔabɛyɛ mpanyin pa a wosuro Nyankopɔn (ti 6), sɛnea wɔbɛbɔ abusua no ho ban afi nkɛntɛnso bɔne ho (ti 8), nnyinasosɛm a ɛbɛboa ma ɔwofo biako mmusua adi nkonim (ti 9), honhom fam mmoa ma mmusua a asabow ne basabasayɛ haw wɔn (ti 12), nea wobetumi ayɛ bere a aware mu abusuabɔ bi resɛe (ti 13), nea wobetumi ayɛ de adi awofo a wɔn mfe akɔ anim ni (ti 15), ne sɛnea obi benya daakye a ɛtra hɔ daa ama n’abusua (ti 16).
5 Fa Nhoma Foforo no Di Dwuma Kosi Ase: Sɛ monyɛɛ saa dedaw a, dɛn nti na munsua Abusua Mu Anigye nhoma no mmom sɛ abusua? Afei nso, bere biara a mo abusua no behyia ɔhaw anaa nsɛnnennen foforo no, munsusuw nhoma no mu atiri a ɛka eyi ho nsɛm no ho, na momfa mpaebɔ nsusuw sɛnea mode afotu no bedi dwuma ho. Bio nso, wɔ March mu no, fi ayamye mu yɛ bere nhyehyɛe ma asɛnka adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba no ama nnipa pii sɛnea wubetumi.
6 Ɛbɛboa mmusua a wɔde onyamesom pa ahofama tra ase ma wɔayɛ den honhom fam na wɔayɛ biako na wɔasiesie wɔn ho yiye agyina Satan ntua ano. (1 Tim. 4:7, 8; 1 Pet. 5:8, 9) Hwɛ aseda a yɛde ma sɛ yenya ɔsoro nkyerɛkyerɛ fi abusua Hyehyɛfo no nkyɛn!