Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba a Yɛbɛma Afoforo Anya Bi
1 Abusua ne ade titiriw a adesamma ahyehyɛde no gyina so, na abusua no mu na nkuraa, nkurow, amantam, ne aman mũ nyinaa fi. Ɛnnɛ ɔhaw pii wɔ abusua no mu sen bere biara a atwam. Nkɛntɛnso ahorow a emu yɛ den de abusua asetra ankasa reto asiane mu. Hwɛ aseda a yɛde ma sɛ Yehowa, abusua Hyehyɛfo no, ama yɛn akwankyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya abusua mu anigye! Wɔn a wodi n’akwankyerɛ akyi no hu sɛ ɔhaw no so tew, na nea efi mu ba ne abusua asetra a ɛyɛ anigye. Wɔ September mu no, yɛanya hokwan sɛ yɛde Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no bɛma afoforo. Fi wo pɛ mu ne nkurɔfo mmɔ abusua asetra ho nkɔmmɔ. Da adamfofa, anigye, ne nhumu adi. Dɛn na wubetumi aka?
2 Wubetumi abisa asɛm bi te sɛ nea edi so yi de afi ase:
◼ “So woahyɛ no nsow sɛ ɛyɛ den ma mmusua pii sɛ wobegyina asetra mu nsɛnnennen ano? [Twɛn ma ommua.] Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ nkurɔfo pii hyia nsɛnnennen wɔ fie. Wususuw sɛ dɛn na ɛbɛboa mmusua ma wɔanya asomdwoe ne anigye kɛse? [Twɛn ma ommua.] Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ abusua no nti, ɛrenyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛhwehwɛ akwankyerɛ a ɔde ama yɛn no mu anaa? [Kenkan 2 Timoteo 3:16, 17.] Wɔaka saa nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so yi ho asɛm wɔ nhoma a wɔato din Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba yi mu.” Afei bisa ofiewura no nea ɔte nka sɛ ɛtaa haw mmusua, fa ti a ɛka saa ɔhaw no ho asɛm kyerɛ no, na fa nhoma no ma no.
3 Sɛ worekɔyɛ sankɔhwɛ a, wubetumi de ayɛ wo botae sɛ wubefi Bible adesua ase denam eyi a wobɛka so:
◼ “Masusuw nea wokae wɔ abusua asetra ho nkɔmmɔbɔ no mu no ho, na mede biribi brɛɛ wo a misusuw sɛ w’ani begye ho. [Fa Ahwehwɛde nhomawa no kyerɛ no, dan kɔ kratafa 16, na kenkan nsɛmmisa asia a ɛwɔ atifi hɔ no.] Ɛda adi sɛ, ɛsɛ sɛ abusua no muni biara yɛ ne fam de na wɔanya anigye wɔ abusua no mu. Sɛ wubenya simma kakraa bi a, anka mɛkyerɛ wo sɛnea wubetumi anya mfaso a ɛsen biara afi saa asɛm yi mu.” Afei mumfi ase nsua adesua 8 no.
4 Ɔkwan foforo a wubetumi afa so afi nkɔmmɔbɔ ase ne sɛ wobɛka ɔhaw bi ho asɛm, ebia denam eyi a wobɛka so:
◼ “Ɛwom sɛ obiara pɛ sɛ ɔte anigye ne abotɔyam nka de, nanso ɛte sɛ nea mmusua pii ntumi nnyaa eyi ankasa. Wususuw sɛ dɛn na ɛbɛboa wɔn ma wɔanya nokware anigye? [Twɛn ma ommua.] Bere tenten a atwam ni no, Bible no daa ɔhaw ko a yebehu wɔ mmusua mu nnɛ no adi. [Kenkan 2 Timoteo 3:1-3.] Nanso, Bible no san ka nea ɛsɛ sɛ mmusua yɛ de di saa haw ahorow yi ho dwuma na wɔanya daa anigye kyerɛ wɔn. Wɔada ne nnyinasosɛm no adi wɔ saa nhoma a wɔato din Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba yi mu.” Afei fa ntimu adaka a ɛwɔ ti bi a ɛbɛfata awiei no kyerɛ no, kenkan, na fa nhoma no ma no.
5 Sɛ wosan kɔ hɔ a, fa “Ahwehwɛde” nhomawa no fi adesua ase. Wubetumi aka sɛ:
◼ “M’ani gyee ɔpɛ a wunyae sɛ wobɛhwehwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛfa abusua asetra ho mu no ho. Osuahu akyerɛ sɛ sɛ wɔde afotu pa a ɛwɔ Bible mu no di dwuma a, wonya mfaso a ɛsen biara fi mu. Nea enti a ɛte saa ho nkyerɛkyerɛmu tiawa bi ni.” Kenkan Ahwehwɛde nhomawa no adesua 1 no nkyekyem a edi kan, ne Dwom 1:1-3 anaa Yesaia 48:17, 18 nso. Sɛ bere ma kwan a, munsusuw adesua no nkyekyem a aka no ho. Kyerɛ no sɛ wobɛsan aba ne no abesua adesua a edi hɔ no.
6 Sɛ wuhyia nkurɔfo a ɛte sɛ nea wɔyɛ asigyafo a, wubetumi afi nkɔmmɔbɔ ase saa kwan yi so: “Yɛahyɛ no nsow sɛ aware pii gu wɔ mfe kakraa bi akyi. Enti ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛware. Ɔkwan bɛn so na obi a ɔyɛ sigyani betumi ahu sɛ wayɛ ahoboa ama aware?” Twɛn ma ommua. Dan kɔ mfonini a ɛwɔ Abusua Mu Anigye nhoma no kratafa 19 no so, na twe adwene si su horow a ehia ma aware bi atra hɔ daa a wɔabɔ no mua wɔ kratafa 18 no so. Kenkan nkyekyem 9. Dan kɔ ti no mfiase, na afei fa nhoma no ma.
7 Yɛn nhoma ahorow no akanyan nkurɔfo mpempem pii ma wɔayɛ Bible no mu nhwehwɛmu yiye. Nea wɔasua no ama wɔanya daakye a ɛyɛ anigye bi ho anidaso. Nea afi mu aba ne sɛ, nnipa pii na wɔreyi Yehowa ayɛ sɛ amansan Hene seesei. (Dw. 146:5; 83:18) Nanso, esiane nneɛma bo a ɛkɔ soro ntɛmntɛm nti, egye sika pii na wɔde atintim nhoma a ɛsom bo yi de akɔ amannɔne. Ne nyinaa akyi no, ɛka nhoma a ne bo nyɛ den koraa no ho. Enti yɛwɔ biribiara a yebegyina so de anigye ne nsiyɛ ahyɛ afoforo nkuran ma wɔakenkan nhoma ahorow yi, na atumi asiesie wɔn ma wɔahu tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a esiesie nipasu no.—Kol. 3:10.
8 Momma yɛmmɔ mmɔden biara a yebetumi sɛ yɛbɛma afoforo ahu nea ɛde abusua mu anigye ba—Onyankopɔn Asɛm mu nkyerɛkyerɛ a wodi akyi.—Dw. 19:7-10.