Mmusua a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔanya Daakye a Enni Awiei
1 Sikasɛm ho dwumayeni bi ka kyerɛɛ kɔlegefo bi a wɔrewie sukuu sɛ “adifudepɛ ye,” na ɔde kaa ho sɛ: “Wubetumi ayɛ odifudepɛfo a hwee renhaw w’adwene.” Saa na wiase no hyɛ ahopɛ ho nkuran sɛ ɔkwan a wɔfa so siesie wɔn ho ma daakye. Nea ɛne no bɔ abira koraa no, Yesu kyerɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni ‘pa ne ho akyi, efisɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya?’ (Mat. 16:24-26) Ɛsɛ sɛ obi ma n’asetra nyinaa gyina Onyankopɔn apɛdeyɛ so, na wanya daa nkwa—botae a ehia sen biara ma mmusua nnɛ. (Dw. 143:10; 1 Tim. 4:8) Wɔka saa asɛm no wɔ ti a etwa to wɔ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no mu. Nhoma foforo yi boa nkurɔfo ma wohu nea ɛho hia ankasa wɔ asetra mu, ne sɛnea wobetumi ayɛ ade ama aba wɔn mmusua mfaso. Bere a yɛkɔ so ka asɛmpa no wɔ baabiara no, dɛn na yebetumi aka a ɛbɛhyɛ wɔn a yehyia wɔn no ma wɔakenkan Abusua Mu Anigye nhoma no? Nyansahyɛ ahorow bi ni:
2 Wɔ apon ano ne mmɔnten so nyinaa no, wubetumi de “Nya Abusua Asetra Mu Anigye” kratawa no afi nkɔmmɔbɔ ase. Wubetumi abisa sɛ:
◼ “Dadwen a nnɛyi asetra de ba yɛn so nyinaa akyi no, wususuw sɛ obi betumi anya abusua asetra a ɛyɛ anigye ankasa? [Twɛn ma ommua.] Kratawa yi ma yɛn awerɛhyem sɛ ebetumi ayɛ yiye. Wobɛpɛ sɛ wokenkan?” Sɛ ogye a, wubetumi atoa so aka sɛ: “Esiane sɛ w’ani gye asɛm yi ho nti, ebia w’ani begye nhoma yi a ɛde afotu a ɛkɔ akyiri ma wɔ sɛnea wonya anigye wɔ abusua kɔntɔnkrɔn no mu no ho.” Fa Abusua Mu Anigye nhoma no mu nsɛmti a wɔahyehyɛ no kyerɛ no. Twe adwene si nsɛmti a ɛyɛ anigye no bi so. Dan kɔ kratafa 10, na kenkan fi kasamu a etwa to wɔ nkyekyem 17 kosi nkyekyem 18 awiei. Fa nhoma no ma. Kyerɛkyerɛ mu sɛ wowɔ nsɛm pii ka, na bisa bere a wubetumi aba bio.
3 Wubetumi akɔtoa abusua asetra a ɛyɛ anigye ho nkɔmmɔ a mufii ase no so bere a woka sɛ:
◼ “Mɛpɛ sɛ metwe adwene si biribi a misusuw sɛ w’ani begye ho so wɔ nhoma a wugyei no mu. Ti a etwa to no twe adwene si nea ɛde abusua mu anigye ankasa ba so. [Kenkan nkyekyem 2 wɔ kratafa 183.] Hyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn apɛde a mobɛbom ayɛ no ne asɛm no. Yɛkamfo kyerɛ sɛ mmusua mmom nsua Bible no na wɔahu Onyankopɔn apɛde ne sɛnea wɔde bedi dwuma wɔ fie. Yɛyɛ Bible adesua a wontua hwee a wɔde asram kakraa bi na ewie. Sɛ woma me kwan a, mɛkyerɛ wo sɛnea wɔyɛ no.” Fa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaa Nimdeɛ nhoma no yɛ sankɔhwɛ, emu biara a ɛbɛfata.
4 Sɛ wo ne mfɛfo sukuufo anaa asasesin no mu mmofra rekasa a, ebia asɛmmisa yi bɛkanyan wɔn:
◼ “Nkɔmmɔbɔ a awofo ne wɔn mma bebue ho kwan ama wɔn ho wɔn ho no ho hia dɛn? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ sɛnea abusua asetra ho nhoma yi ka wɔ ‘Nkɔmmɔbɔ a Wɔda Nokwasɛm a Efi Komam Adi Wom’ no nsow. [Kenkan nkyekyem 4 ne kasamu a edi kan wɔ nkyekyem 5 a ɛwɔ Abusua Mu Anigye nhoma no mu kratafa 65 no.] Kasapɛn a edi so no de nyansahyɛ a mfaso wɔ so ma wɔ sɛnea wobetumi ama abusua mu nkɔmmɔbɔ atu mpɔn ho. Wɔato nhoma yi din Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. Wo nsa betumi aka eyi.” Kyerɛkyerɛ mu sɛ wobɛsan aba akyiri yi abetie nea ɔwɔ ka wɔ nea ɔbɛkenkan no ho.
5 Wubetumi atoa nkɔmmɔ a edi kan a ɛfa awofo ne mma ntam nkɔmmɔbɔ a wone abofra bi a wadu mpanyin afe so bɔe no so, bere a woka eyi no:
◼ “M’ani gyee anigye a wokyerɛe wɔ hia a nkɔmmɔbɔ a ɛfata wɔ w’abusua mu no hia no ho. Dɛn na wobɛka sɛ ɛne asɛm a ɛho hia paa a ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma susuw ho?” Twɛn ma ommua. Afei dan kɔ kratafa 68 wɔ Abusua Mu Anigye nhoma no mu na kenkan mmuae a epue wɔ nkyekyem 11 no fã a edi kan no mu so. “Dapɛn biara Bible adesua a obi bɛyɛ no yɛ ɔkwan a etu mpɔn a ɔbɛfa so anya Onyankopɔn ho nimdeɛ.” Fa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no ma. Kyerɛkyerɛ mu sɛ emu adesua horow 16 no de Bible mu nsɛntitiriw no ma. Kenkan nnianim nsɛm a ɛwɔ kratafa 2 no, na afei wo ne no mmom nsusuw adesua a edi kan no ho.
6 Sɛ wuhyia ɔwofo bi wɔ afie afie adwuma no mu, anaasɛ ebia wɔ turo anaa agodibea bi a, wubetumi akanyan n’anigye bere a woka sɛ:
◼ “Migye di sɛ wugye tom sɛ ɛnnɛ, mmofra ntetee nna fam koraa. Wususuw sɛ dɛn na ebetumi abɔ w’abusua ho ban afi nkɛntɛnso bɔne ho? [Twɛn ma ommua.] Afotu bi a eye kyɛn so a m’ani agye ho ni.” Ka mfatoho a ɛwɔ Abusua Mu Anigye nhoma no nkyekyem 1 no ho asɛm na kenkan kratafa 90 no nkyekyem 2. Kyerɛkyerɛ sɛnea ɛde akwankyerɛ ahorow a ɛkari pɛ a mfaso wɔ so ma de bɔ mmusua ho ban fi nkɛntɛnso bɔne ho. Ma no biako, na siesie wo ho sɛ wobɛma nsɛmmisa biara a ɛbɛsɔre ho mmuae.
7 Sɛ wosan kɔsra ɔwofo bi a ogyee “Abusua Mu Anigye” nhoma no bi a, wubetumi atoa nkɔmmɔbɔ no so saa kwan yi so sɛ:
◼ “Bere a edi kan a yehyiae no, mihui sɛ wo mma ho asɛm hia wo yiye, ne sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea wubetumi nyinaa de bɔ wɔn ho ban fi nkɛntɛnso bɔne ho. Ebia wunnya nkenkanee, nanso wɔaka biribi a ɛho hia kɛse wɔ nhoma a mede maa wo no mu a ɛsɛ sɛ wuhu. [Kenkan nkyekyem 19 wɔ kratafa 59.] Onyankopɔn a yɛne no benya abusuabɔ no hwehwɛ sɛ yehu no denam N’asɛm a wɔakyerɛw, Bible no so. Wobɛpɛ sɛ mɛyɛ sɛnea yesua Bible no sɛ abusua ho nhwɛso akyerɛ wo?”
8 Wiase afotufo ntumi nkyerɛ mmusua ɔkwan a wɔbɛfa so anya anigye, na mmom ɔkwan biara so no, wobedi wɔn huammɔ. Momma yɛmfa Abusua Mu Anigye nhoma no pii mma, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn Asɛm no betumi aboa nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa ma wɔanya daakye a enni awiei.—1 Tim. 6:19.