Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/97 kr. 3-4
  • Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Akyerɛkyerɛfo, Ɛnyɛ Asɛnkafo Kɛkɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Akyerɛkyerɛfo, Ɛnyɛ Asɛnkafo Kɛkɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Sɛnea Wɔama Asuafoyɛ Adwuma a Egye Ntɛmpɛ no Renya Nkɔso
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Aba A Yegu Ne Nsu A Yɛde Gugu So—Akwan A Yɛfa So Yɛ Asuafo
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 12/97 kr. 3-4

Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Akyerɛkyerɛfo, Ɛnyɛ Asɛnkafo Kɛkɛ

1 Wɔahu sɛ “Yehowa Adansefo adi adanse wɔ asase so mmaa nyinaa.” Ɛyɛɛ dɛn na wotumi yɛɛ eyi? Ɛnnam onipa tumi anaa n’ahoɔden so, na mmom Onyankopɔn honhom a ɛyɛ adwuma wɔ n’asomfo so no so, bere a wɔde nsiesiei ahorow yɛ asɛnka ne nkyerɛkyerɛ adwuma no.—Sak. 4:6; Aso. 1:8.

2 Nhoma yɛ adwinnade a etu mpɔn a yɛde yɛ yɛn asɛnka adwuma no. Mfe pii a abɛsen kɔ no, Yehowa Adansefo atintim nhoma, nhomawa, nsɛmma nhoma, ne nkratawa ɔpepepem pii akyekyɛ de aboa ma nkurɔfo ate Ahenni ho asɛmpa no. Amanneɛbɔ ahorow a ɛwɔ 1997 Yearbook mu no da no adi sɛ, nhoma tintim anya nkɔanim yiye. Ebesi nnɛ no, wɔatintim New World Translation mfuamfua bɛboro ɔpepem 91. Wɔ afe biako mu no, Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a wotintimii wɔ United States no nyaa nkɔanim ɔha biara mu 7.1. Wɔ Germany no, nsɛmma nhomatintim nyaa nkɔanim ɔha biara mu 35. Wɔde nsɛmma nhoma a wotintimii no bɛboro nkyekyem abiɛsa mu biako na ɛkɔɔ nsase a wɔka Russia kasa wɔ so no so.

3 Dɛn nti na wohia nhoma pii saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ yɛagye nkuranhyɛ a wɔde ama yɛn sɛ yenni adanse wɔ baabiara a yebenya nnipa no atom kɛse wɔ wiase nyinaa. Esiane sɛ yɛn mu dodow no ara retrɛw yɛn asɛnka adwuma mu—wɔ baguam, mmɔnten so, ne nnwuma mu—nti, yɛde nhoma pii ma nkurɔfo a wɔkyerɛ anigye no. Saafo yi mu dodow no ara na na wonnyaa hokwan ntiee Ahenni asɛm no da. Nea ɛbɛyɛ na asafo ahorow no atumi adi saa ahiade yi ho dwuma no, ɛsɛ sɛ wonya nhoma ahorow a wɔde bɛyɛ asɛnka adwuma no afã horow nyinaa no bi.

4 Yɛn Botae a Yɛde Kyekyɛ Nhoma Ne Dɛn? Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛkyekyɛ nhoma kɛkɛ. Ahyɛde a ɛne sɛ yɛnyɛ afoforo asuafo no wɔ afã abien—asɛnka ne nkyerɛkyerɛ. Nea edi kan no, yɛwɔ hokwan sɛ yɛka Ahenni ho asɛmpa no ma nkurɔfo hu sɛ ɛne adesamma anidaso koro pɛ. (Mat. 10:7; 24:14) Yɛn nhoma a egyina Bible so no yɛ nea yɛasɔ ahwɛ na yɛahu sɛ etu mpɔn a yɛde kanyan afoforo ma wonya Ahenni no ho anigye ne nimdeɛ.

5 Nea ɛto so abien no, sɛ yɛbɛma afoforo ayɛ asuafo a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ wɔn nneɛma a Yesu ahyɛ no nyinaa. (Mat. 11:1; 28:19, 20) Afei nso, nhoma di dwuma titiriw wɔ nokware no a yɛde dua adesuafo komam no mu, na ɛboa wɔn ma wɔbɛyɛ asuafo.

6 Wɔn a wogye nhoma no betumi ayɛ ‘asɛm no atiefo,’ nanso sɛ yegyae wɔn saa ara a, ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ ne yɛfo. (Yak. 1:22-25) Nnipa kakraa bi pɛ na sɛ wɔankyerɛkyerɛ wɔn a wobetumi abɛyɛ asuafo. (Aso. 8:30, 31) Wohia ɔkyerɛkyerɛfo a ɔbɛboa wɔn ma wɔn ankasa ahu nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no. (Aso. 17:2, 3) Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔanya nkɔanim akodu ahosohyira ne asubɔ ho, na yɛatete wɔn ma wɔafata yiye sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ afoforo.—2 Tim. 2:2.

7 Ahiade a Ɛsen Biara Ne Akyerɛkyerɛfo Pii a Yebenya: Sɛ yɛka asɛm no a, yɛbɔ asɛmpa no dawuru wɔ baguam. Nanso, nkyerɛkyerɛ kyerɛ akwankyerɛ a wɔde ma obi nkakrankakra. Bere a asɛnka ma afoforo te Ahenni ho asɛm no, nkyerɛkyerɛ boa ankorankoro ma wogye asɛmpa no tom na wɔde yɛ adwuma. (Luka 8:15) Ɔkyerɛkyerɛfo yɛ pii sen asɛm no a ɔka; ɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu, susuw nsɛm ho ɔkwampa so, da nokware ahorow adi, na ɔdan afoforo ti.

8 Ɛsɛ sɛ yɛn mu dodow no ara yɛ akyerɛkyerɛfo, ɛnyɛ asɛnkafo kɛkɛ. (Heb. 5:12a) Nhoma a yɛbɛkyekyɛ yɛ yɛn adwuma no fã titiriw, nanso yɛn som adwuma no botae a ɛto so abien a yebedu ho no gyina nea yɛyɛ sɛ akyerɛkyerɛfo no so kɛse. Ɛwom, sɛ yɛma nhoma a, yɛn ani betumi agye, nanso sɛ yebewie yɛn adwuma no koraa a, ɛnsɛ sɛ yebu nhoma a yɛde ma no sɛ yɛn adwuma no awiei. (2 Tim. 4:5) Nhoma a yɛde ma yɛ ɔkwan a etu mpɔn a yɛnam so nya hokwan ahorow kyerɛkyerɛ afoforo nokware no.

9 Yɛ Sankɔhwɛ Ahorow Fa Fi Bible Adesua Ahorow Ase: Ɛda adi sɛ yɛn nyinaa ama nhoma, nhomawa, ne nsɛmma nhoma pii, na yɛayɛ sankɔhwɛ ahorow ho kyerɛwtohɔ. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere nhyehyɛe san kɔkanyan wɔn anigye daa. Ɛnyɛ botae titiriw nti a yɛsan kɔ nkurɔfo nkyɛn ne sɛ yɛbɛma wɔn nhoma pii, na mmom sɛ yɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔakenkan nea wɔwɔ dedaw no na wɔanya mu mfaso. Sɛ obi amma yɛn nkyɛn mpɛn pii ammɛboa yɛn ma yɛannya nokware nimdeɛ a, anka honhom fam nkɔanim ahe na yebenya?—Yoh. 17:3.

10 Kɔ wɔn a wɔkyerɛ anigye nyinaa nkyɛn a wo botae ne sɛ worekofi Bible adesua ase wɔ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no anaa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no mu. Saa nhoma abien yi ka Ahenni ho asɛm no wɔ ɔkwan a ɛma wɔte ase ntɛm so. Ahwehwɛde nhomawa no kura adesuade a edi mu a ɛfa Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw ho. Nimdeɛ nhoma no boa obi ma otumi kyerɛkyerɛ nokware no mu kɔ akyiri, nanso wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw, emu da hɔ, na ɛyɛ tiawa so.

11 Nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe a asete nyɛ den, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu no ma ɛyɛ mmerɛw ma ɔkyerɛkyerɛfo no sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ, na ɛyɛ mmerɛw ma osuani no sɛ obesua. Fa saa krataa a ɛhyem no bi sie baabi a wo nsa betumi aka no ntɛm, na woahwɛ akwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ a wɔahu sɛ etu mpɔn no. Nyansahyɛ ahorow a ɛwom no bi fa sɛnea wɔkyerɛ osuani ho nokware anigye, ade a ɛsɛ sɛ musua wɔ adesua biako mu, sɛnea wodi nsɛmmisa a ɛmfa ade a moresua ho no ho dwuma, sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo no ne osuani no nyinaa betumi adi kan asiesie wɔn ho ama adesua no, ne sɛnea wɔbɛkyerɛ osuani no kwan aba Yehowa ahyehyɛde no mu. Sɛ yedi nyansahyɛ ahorow yi akyi a, yɛn mu dodow no ara, a wɔn a wɔyɛ foforo ka ho, betumi ayɛ adesua ahorow a etu mpɔn.

12 Amanneɛbɔ Pa a Efi Asasesin no mu Ba: Ahwehwɛde nhomawa ne Nimdeɛ nhoma no ayɛ nhoma a ɛboa ma yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no ntɛmntɛm. Bere a onua bi a ɔwɔ Bolivia nsa kaa Ahwehwɛde nhomawa no, ɔne ɔbarima bi fii ase de yɛɛ adesua ntɛm ara. Asram anan akyi, wɔ ɔmantam nhyiam ase no, na saa osuani yi ka wɔn a wɔde anigye rekɔbɔ asu no ho!

13 Nnipa pii na sɛ wosua Nimdeɛ nhoma no wie a, ɛkanyan wɔn ma wohyira wɔn nkwa so ma Yehowa. Wɔ asafo bi mu wɔ Angola no, bere a wofii ase de Nimdeɛ nhoma no dii dwuma wɔ mpɔtam hɔ asram anan pɛ akyi no, Bible adesua dodow a adawurubɔfo no yɛ nyaa nkɔanim fi 190 koduu 260, na nnipa dodow a wɔba asafo nhyiam bu bɔɔ ho abien fi 180 koduu 360. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɛho behiae sɛ wɔtew asafo foforo.

14 Bere a onua bi de Nimdeɛ nhoma no yɛɛ n’adesua a edi kan no, ɔkae sɛ adesua no yɛ “yɛ mmerɛw, sɛ nea ɔreyɛ adesua no bisa nsɛm no, kenkan kyerɛw nsɛm bi a ɛfa ho, na ɔhwɛ hu sɛ osuani no te ase a.” Ɛwom sɛ, na osusuw bere nyinaa sɛ adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw paa nko na wobetumi ayɛ Bible adesua ahorow a etu mpɔn, na ɔno de ɔrentumi nyɛ bi da de, nanso ohui sɛ obetumi ayɛ, na ɔkae sɛ: “Sɛ metumi a, obiara betumi.”

15 Sɛ yɛyɛ Bible adesua ahorow ka yɛn asɛnka adwuma ho a na yedu yɛn botae a ɛne sɛ yɛbɛma afoforo abɛyɛ asuafo no ho. Wɔn a wɔatumi anya ɔsom adwuma no fã yi mu kyɛfa no hu sɛ ɛma abotɔyam, na mfaso pii wɔ so. Ɛmmra sɛ wɔbɛka yɛn ho asɛm sɛ yɛn nso ‘yɛreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛkyerɛ nneɛma a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho, na obi nsiw yɛn kwan.’—Aso. 28:31.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena