Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/99 kr. 1
  • ‘Monhyɛ Nipasu Foforo No’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Monhyɛ Nipasu Foforo No’
  • Yɛn Ahenni Som—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monkɔ So Nnantew Sɛ Hann Mma”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Wobɔ Asu Wie Mpo a, Kɔ So Hyɛ “Suban Foforo” No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Wubetumi ‘Ayi Suban Dedaw No Agu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • “Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa Na Ahoɔden Wɔ Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1999
km 2/99 kr. 1

‘Monhyɛ Nipasu Foforo No’

1 Kristofo ani sɔ nokware no a wɔahu no! Yɛahu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra, na ama yɛakwati sɛ yebedi wɔn a wɔwɔ wiase no akyi. Esiane sɛ “wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafo” nti, “wɔn adwenem aduru sum.” (Efe. 4:18) Wɔakyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnsakra yɛn adwene mfi wiase nsusuwii ho denam nipasu dedaw no a yebeyi na yɛahyɛ foforo no so.—Efe. 4:22-24.

2 Nipasu dedaw no kɔ so ara twetwe yɛn kɔ ɔbrasɛe pɔtɔɔ mu, na egu yɛn ho fĩ de yɛn kɔ owu mu. Ne saa nti, yɛhyɛ wɔn a wobetie Ahenni asɛm no nyinaa nkuran sɛ wonyi abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne kasafĩ nyinaa ngu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ Onyankopɔn anim dom no yi nipasu dedaw no fi wɔn ho koraa prɛko pɛ te sɛ nea sɛ wɔn atade yɛ fĩ a, wɔbɛyɛ no ara pɛ.—Kol. 3:8, 9.

3 Adwene Honhom Foforo: Nipasu foforo no a yɛbɛhyɛ no kyerɛ sɛ yɛbɛma wɔayɛ yɛn foforo yɛn adwene honhom mu. (Efe. 4:23) Ɔkwan bɛn so na obi tumi ma saa honhom anaa adwene a okura no yɛ foforo sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtwetwe no akɔ ɔkwan trenee so? Yetumi yɛ eyi denam Onyankopɔn Asɛm a yebesua no anibere so daa, na yɛasusuw nea ɛkyerɛ no ho so. Ɛno ansa na ɔkwan a yɛfa so susuw nsɛm ho no bɛyɛ foforo, na yɛanya Onyankopɔn ne Kristo adwene wɔ nneɛma ho. Bere a obi hyɛ Kristofo su ahorow a ebi ne ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre ne ɔdɔ no, n’asetra sakra.—Kol. 3:10, 12-14.

4 Nipasu foforo a yɛhyɛ no ma yɛyɛ soronko wɔ wiase no ho. Yɛn asetra kwan ma yɛda nsow. Yɛka nokware, na yɛka kasa a ɛho wɔ nyam de hyɛ afoforo den. Yɛhyɛ yɛn abufuw so, na yɛde trenee ne su horow a eye si bobɔne, ano kurokuro, anobow, ne bɔnepɛ nyinaa ananmu. Yɛyɛ nea ɛsen nea wɔhwɛ kwan sɛ yɛnyɛ wɔ firi a yɛde befiri ho. Eyinom nyinaa, yefi koma a ɛpɛ mu na yɛyɛ.—Efe. 4:25-32.

5 Nyi nipasu foforo no ngu hɔ da. Sɛ ɛnka ho a, yɛrentumi nsom Yehowa mma ɛnsɔ ani. Ma kwan ma ɛntwetwe nnipa mmra nokware no mu, na ma kwan ma ɛnhyɛ Yehowa, nea Ɔbɔɔ yɛn nipasu foforo a ɛyɛ nwonwa no anuonyam.—Efe. 4:24.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena