February Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase February 1
Dwom 154
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Kae obiara ma ɔmfa January asɛnka kyerɛwtohɔ mmra.
17 min: “Ma Mpanyin ne Mmofra Nyinaa Abusua mu Anigye Nhoma no Bi.” Ɔpanyin ne adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔfata susuw asɛm no ho. Twe adwene si botae a ɛne sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔahu sɛ nea ɛde abusua mu anigye ba gyina Bible afotu a wɔde bedi dwuma so no so. (Hwɛ Abusua mu Anigye nhoma no nkratafa 9-12.) Yɛ asɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no biako ho ɔyɛkyerɛ. Kyerɛ sɛnea wɔyɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe.
18 min: “Monhyɛ Nipasu Foforo No.” Ɔkasa a ɛkyerɛkyerɛ Efesofo 4:20-24 mu. (Hwɛ March 1, 1993, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 14-18, nkyekyem 4-17.) Kyerɛkyerɛ sɛnea yeyi nipasu dedaw no gu hɔ ne sɛnea yɛhyɛ foforo no mu.
Dwom 4 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 8
Dwom 12
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: “Yɛn Bɔfo Kɛse no Dwen Yɛn Ho!” Nsɛmmisa ne mmuae. Kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi de Creator nhoma no aboa wɔn a wɔn adwenem yɛ wɔn nnaa anaa wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no mu. Ɛwom sɛ wɔanyɛ nhoma no sɛ wɔmfa nyɛ Bible adesua de, nanso ebetumi ayɛ adwinnade a etu mpɔn a ɛbɛkanyan nkurɔfo ma wɔahwehwɛ nea Bible ka nyinaa mu. (Hwɛ Creator nhoma no nkratafa 189-91.) Ma adawurubɔfo bi nka osuahu a wɔn ankasa anya wɔ nhoma no mu nkyerɛ, na wɔnka osuahu biara a wɔanya wɔ nhoma no a wɔde maa afoforo mu no ho asɛm nkyerɛ.
Dwom 173 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 15
Dwom 40
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Teokrase Nsɛmmansɛmma.
18 min: Mfaso Bɛn na Yenya Fi Teokrase Ɔsom Sukuu no Mu a Yɛde Yɛn Ho Hyɛ no Mu? Atiefo nkɔmmɔbɔ a sukuu sohwɛfo di ho dwuma. Ɛnyɛ baguam ɔkasa ho ntetee nkutoo ne sukuu no atirimpɔw. Yenya so mfaso tẽẽ wɔ akwan foforo nso so. (Hwɛ School Guidebook, nkratafa 12-13.) Yesua sɛnea yɛne nnipa afoforo bedi nkitaho yiye. Wɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛkasa ma emu ada hɔ a yɛn ho mpopo, na yɛwɔ yɛn ho mu ahotoso. Ɛma yɛn ho kokwaw wɔ sɛnea yebua yɛn gyidi ho nsɛmmisa ne sɛnea yɛkyerɛkyerɛ gyinaesi ahorow a egyina Bible so mu. Yɛn nimdeɛ a yɛwɔ wɔ Bible mu no yɛ kɛse, na ɛboa yɛn ma yetu mpɔn kɛse wɔ adanse a yedi afoforo mu. Yesua sɛnea yebegye yɛn sintɔ ahorow atom na yɛatie afotu, na ɛno ma yɛne afoforo di nsɛm wɔ asomdwoe mu. Ntetee a yenya wɔ sukuu no mu nyinaa boa yɛn ma yɛkɔ so “fata” sɛ Onyankopɔn asomfo.—2 Kor. 3:5, 6.
17 min: “Sɛnea Abusuafo De Biakoyɛ Nya Kyɛfa Kosi Ase—Wɔ Bible Adesua Mu.” Nkɔmmɔ a abusua bi bɔ. Wosusuw sɛnea wɔde nyansahyɛ a ɛfa abusua Bible akenkan ne adesua ho a ɛwɔ May 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 14-15, ne October 15, 1992, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 16-17 no di dwuma ho.
Dwom 57 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 22
Dwom 170
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.
15 min: Abansoro Adan mu Adansedi. (Sɛ munni afie akɛse a adan pii hyehyɛ mu wɔ mo asasesin mu a, munsusuw asɛm “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woyɛ Wɔn a na Wonni Fie no Ho Kyerɛwtohɔ?” a ɛwɔ May 1995 Yɛn Ahenni Som mu no ho.) Nkɔmmɔ a wɔne adawurubɔfo baanu anaa baasa bɔ. Ɛyɛ den sɛ yebedi wɔn a wɔte afie akɛse a adan pii hyehyɛ mu a gye sɛ wɔkasa wɔ telefon so wɔ abɔnten pon akyi nkutoo, no adanse. Susuw akwan a wobɛfa so akanyan anigye no bi ho. Wɔ adamfofa kwan so no, da wo ho adi sɛ obi a ɔte mpɔtam hɔ; sɛ wuhu ofiewura no din wɔ nhoma a nkurɔfo telefon nɔma wom no mu a, fa di dwuma; ka asɛmti bi a ɛyɛ ne bere mu de a wopɛ sɛ mobɔ ho nkɔmmɔ no kyerɛ, anaa kenkan nnianim asɛm bi tẽẽ fi Reasoning nhoma no mu, nkratafa 9-15; na kyerɛkyerɛ mu sɛ wopɛ sɛ woma no kratawa, nsɛmma nhoma, anaa nhomawa a ɛde asɛmmisa bi a ɛho hia ho mmuae ma, na kyerɛ no asɛmmisa no. Baabi a ɛyɛ den sɛ wo nsa betumi aka nkurɔfo no, kyerɛw nkrataa kɔma wɔn a wɔte fie no mu no, anaasɛ di wɔn adanse bere a wodi akɔneaba wɔ abɔnten so no. Yɛ ɔkwan a wɔfa so di wɔn a wɔte afie akɛse a adan pii hyehyɛ mu mu adanse a asow aba pa wɔ mo hɔ no ho ɔyɛkyerɛ.
20 min: Sɛnea Wubenya Anigye Wɔ Asuafoyɛ Mu. Ɔkasa a egyina February 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 19-22 so.
Dwom 91 ne mpaebɔ a wɔde wie.