Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/00 kr. 1
  • So Woreda Boasetɔ Adi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Woreda Boasetɔ Adi?
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wobɛkɔ So Anantew Nokware No Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • ‘Nea Ɔde Animia Gyinaa Pintinn No, Munsusuw Ne Ho Yiye’
    “Bra Bedi M’akyi”
  • Boasetɔ—Ehia Ma Kristofo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • “Momma Boasetɔ Nwie N’adwuma”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 8/00 kr. 1

So Woreda Boasetɔ Adi?

1 “Minni anigye a ɛsen eyi, . . . sɛ me mma nam nokware mu.” (3 Yoh. 4) Yohane honhom mu mma boasetɔ ma onyaa anigye kɛse. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ yɛn soro Agya no anigye sɛ ohu sɛ wɔn a wɔbɛyɛ ne mma no mu ɔpepem pii ‘kɔ so nantew nokware no mu’!—Mmeb. 23:15, 16; 27:11.

2 Bere a Onyankopɔn nkurɔfo kɔ so de nnam yɛ wɔn Kristofo adwuma sɛ kuw no, wɔn mu binom dwumadi abrɛ ase nkakrankakra. Ɛwom sɛ ebia wɔyeree wɔn ho denneennen bere a wodii kan suaa nokware no de, nanso akyiri yi, wɔde ayɛ wɔn su sɛ asuafoyɛ adwuma no ketewaa bi pɛ na wɔbɛyɛ anaasɛ wɔnyɛ no daa.

3 Esiane honam mu mmerɛwyɛ anaa onyin nti, ntease wom sɛ ebinom dwumadi betumi abrɛ ase. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn wɔ wɔn boasetɔ no ho. Wɔreyɛ nea wobetumi. Nanso ɛsɛ sɛ obiara a wahyira ne ho so ama Onyankopɔn bisa ne ho sɛ: ‘So mede m’adwene asi nneɛma a m’ankasa midi akyi so araa ma Ahenni nneɛma kakraa bi pɛ na meyɛ wɔ m’asetram? So mabɛyɛ “boturobodwo” wɔ ɔkwan bi so, anaasɛ meda so ara yere me ho “denneennen”?’ (Adi. 3:15, 16; Luka 13:24, NW) Momma yɛn nyinaa mfa mpaebɔ nsusuw nea yɛreyɛ ho na yennya nkɔso sɛnea ehia, na yɛmma ɛntra yɛn adwenem sɛ Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔde “anuonyam ne nidi ne asomdwoe bɛba ama wɔn a wɔyɛ papa nyinaa.”—Rom. 2:10.

4 Sɛnea Wubenya Boasetɔ: Dɛn na ɛboaa Yesu ma onyaa boasetɔ? Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.” (Heb. 12:1-3) Na anigye a wɔde asi Yesu anim no kyɛn bere tiaa mu sɔhwɛ ahorow a na ɛsɛ sɛ ogyina ano no. Anigye a wɔde asi yɛn anim a yɛbɛma atra yɛn adwenem no betumi aboa yɛn ma yɛn nso yɛanya boasetɔ. (Adi. 21:4, 7; 22:12) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so ma ɔma yɛn ahoɔden denam kokoam adesua, nhyiam a yɛkɔ daa, ne mpae a yɛbɔ daa so a, yebetumi akɔ so ayɛ adwuma a ɔde ama yɛn sɛ yɛnyɛ no.

5 Yehowa ani gye bere a ohu sɛ n’asomfo anokwafo nya boasetɔ no. Enti momma yɛmma n’anigye nyɛ kɛse denam kɔ a yɛbɛkɔ so ‘anantew nokware no mu’ no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena