Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/00 kr. 4
  • “So Ɛsɛ sɛ Mitu Kɔtra Baabi?”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “So Ɛsɛ sɛ Mitu Kɔtra Baabi?”
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tu Kɔ Baabi a Mmoa Ho Hia
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • So Wubetumi ‘Atwa Aba Makedonia’?
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • So Wubetumi Atwa Akɔ Makedonia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 9/00 kr. 4

“So Ɛsɛ sɛ Mitu Kɔtra Baabi?”

1 Esiane sɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so atie Yesu ahyɛde a ɛne sɛ “monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo” no nti, pii atu akɔtra baabi a mmoa ho hia kɛse. (Mat. 28:19) Wɔresuasua Paulo a ogyee ɔfrɛ yi so ‘twa kɔɔ Makedonia kɔboae’ no. (Aso. 16:9) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi ma afata?

2 Di kan Yɛ Nea Ehia No: So mo asafo no wɔ asasesin bi a montaa nyɛ mu adwuma? Sɛ saa a, wubetumi abɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ adwuma wɔ saa mmeae no. Ansa na wubesi gyinae akɔ baabi foforo no, hu wo mpanyimfo no hwɛ sɛ wɔte nka sɛ woayɛ ahoboa a ɛfata a ɛbɛma woatu akɔtra baabi a. Wubetumi abisa wo mansin sohwɛfo nso sɛ ebia onim asafo bi a ɛbɛn a wubetumi akɔ mu akɔtrɛw wo som adwuma mu anaa. Nanso, bere a woasusuw nneɛma ho yiye awie no, ebia wubenya ɔpɛ sɛ wobɛkɔ akɔboa wɔ ɔman no fã bi anaa ɔman foforo so. Sɛ saa na wopɛ sɛ woyɛ a, ɛsɛ sɛ wo ne mpanyimfo kuw no kyerɛw baabi a w’ani gye ho sɛ wobɛkɔ akɔsom no baa dwumadibea, kyerɛ wɔn wo ho nsɛm wɔ asafo no mu. Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛkɔ akɔhwɛ beae hɔ ansa na woasi gyinae sɛ wubetu akɔtra hɔ koraa anaasɛ worentu.

3 Yɛ Ahwɛyiye Wɔ Tu a Wubetu Akɔtra Baabi no Mu: Yɛn nuanom pii retu akɔtra aman foforo so esiane asetra pa a wɔrehwehwɛ anaa wɔn ho a wɔbɛde afi nhyɛso ho nti. Wɔ eyi yɛ mu no, nnipa asisifo bi a wɔhyɛ ebinom bɔ sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔanya atrae wɔ saa ɔman no mu adi wɔn amim agye wɔn sika na wɔaguan agyaw wɔn. Ɛtɔ da bi a, saa nnipa yi bɔ mmɔden mpo sɛ wɔbɛhyɛ atukɔfo yi ne wɔn abu bra bɔne. Sɛ wɔampene a, wogyaw wɔn wɔ ɔman a wɔakɔ mu no mu a wɔmmoa wɔn. Eyi ama atukɔfo no tebea asɛe sen sɛnea na ɛte wɔ wɔn man mu no. Ebia ɛho behia mpo sɛ wɔsrɛ anuanom sɛ wɔmma wɔn baabi ntra na wɔnyɛ wɔn mmoa, na wɔde adesoa to Kristofo mmusua a wɔn nso wɔrebɔ mmɔden agyina wɔn haw ano no so. Afie bi mufo ntam atetew ankasa na gyinaesi a ɛte saa no ama mmusua foforo nso ayɛ mmerɛw wɔ honhom fam.—1 Tim. 6:8-11.

4 Sɛ wopɛ sɛ wutu kɔtra baabi esiane w’ankasa mfaso nti a, ma ɛntra w’adwenem sɛ ɛmfa ho baabi a wote biara no, wubehyia ɔhaw. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubegyina ɔhaw a ɛte saa ano wɔ baabi a wunim hɔ kasa ne amammerɛ dedaw, sen sɛ wobefi ɔbra ase foforo wɔ baabi a wunnim hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena