Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb22 July kr. 5
  • Tu Kɔ Baabi a Mmoa Ho Hia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tu Kɔ Baabi a Mmoa Ho Hia
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Baa Dwumadibea?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • So Wubetumi ‘Atwa Aba Makedonia’?
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • “So Ɛsɛ sɛ Mitu Kɔtra Baabi?”
    Yɛn Ahenni Som—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
mwb22 July kr. 5
Mfoni a ɛwɔ ha yi fi video a yɛato din “Fa Gyidi Wura Ɔpon a Adwuma Pii Wom No Mu—Tu Kɔ Baabi a Mmoa Ho Hia” no mu. Mfoni: 1. Gabriel reyɛ nhwehwɛmu. 2. Ɔreka akyerɛ ɔpanyin bi sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛw krataa kɔ Betel. 3. Ɔsatu titiriw bi rekɔ so, na ɔne n’adamfo Samuel reyɛ bi.

KRISTOFO ABRABƆ | FA BOTAE SISI W’ANI SO MA ƆSOM AFE A ƐREBA NO

Tu Kɔ Baabi a Mmoa Ho Hia

Egye gyidi na woatu afi baabi a ɛhɔ agye wo akɔ baabi foforo sɛ worekɔtrɛw wo som adwuma mu. (Heb 11:8-10) Sɛ woredwen ho sɛ wubetu akɔ baabi a mmoa ho hia a, ka ho asɛm kyerɛ w’asafo mu mpanyimfo. Nanso wobɛyɛ dɛn asese ahwɛ sɛ wei yɛ botae a wubetumi adu ho, na wobɛyɛ dɛn ahu baabi a wubetu akɔ? Ɛne sɛ, nea yɛn nhoma ahorow aka afa tu a obi betu akɔ baabi a mmoa ho hia ho no, wubetumi akenkan. Afei nso wɔn a wɔatumi atu akɔboa asafo bi a ehia mmoa no, wubetumi ama wɔaka emu asɛm akyerɛ wo. (Mme 15:22) Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wunhu nea wobɛyɛ. (Yak 1:5) Baabi a wopɛ sɛ wutu kɔ no nso, yɛ nhwehwɛmu hwɛ sɛnea ɛhɔ te; ɛbɛyɛ yiye mpo a, kodi nna kakra wɔ hɔ ansa na woasi gyinae.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN FA GYIDI WURA ƆPON A ADWUMA PII WOM NO MU—TU KƆ BAABI A MMOA HO HIA. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Adɛn nti na na ɛyɛ den ma Gabriel sɛ obetu akɔ baabi a mmoa ho hia, nanso dɛn na ɛboaa no?

Sɛ wopɛ sɛ wuhu asafo ahorow a ɛbɛn wo a wubetumi akɔboa wɔn a, bisa wo mansin sohwɛfo. Sɛ nso wopɛ sɛ wokɔboa asafo bi a ɛwɔ akyirikyiri a, kyerɛw krataa na fa ma Asafo Ɔsom Boayikuw a ɛwɔ w’asafo mu no, na wɔmfa nkɔ Betel. Sɛ wopɛ sɛ wokɔboa wɔ ɔman foforo so a, kyerɛw krataa kɔma Betel a ɛhwɛ saa ɔman no dwumadi so. Sɛ wowɔ baabi pɔtee wɔ saa ɔman no mu a wopɛ sɛ wokɔ a, wopɛ a wubetumi aka ho asɛm wɔ krataa no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena