Asuade a Yenya Fi The Bible—Accurate History, Reliable Prophecy Video no Mu
Sɛ wohwɛ video yi wie a, so wubetumi abua nsɛmmisa yi? (1) Hena nkyɛn na Bible mu nsɛm a ɛyɛ nokware no fi? (Dan. 2:28) (2) Ɔkwan bɛn so na Bible no ka tete Misraim ho asɛm pɛpɛɛpɛ, na ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 19:3, 4 no baam? (3) Ɔkwan bɛn so na nneɛma a wɔatutu fam ahu no si nea Bible ka fa Asiriafo, wɔn ahene, ne wɔn awiei, ho no so dua? (Nah. 3:1, 7, 13) (4) Babilon ho nkɔmhyɛ bɛn na abam pɛpɛɛpɛ? (5) Nkɛntɛnso bɛn na Mediafo ne Persiafo nyaa wɔ Onyankopɔn nkurɔfo so? (6) Ɔkwan bɛn so na Daniel 8:5, 8 nyaa mmamu, na bere tenten bɛn na wɔkaa eyi ho asɛm too hɔ? (7) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ ɔne nokware Mesia no? (8) Nnɛyi amammui tumidi bɛn na ɛma nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 13:11 ne 17:11 nya mmamu? (9) Dɛn nneɛma na wuhui wɔ video no mu a ɛma Ɔsɛnkafo 8:9 yɛ nokware? (10) Ɔkwan bɛn so na video yi ama woanya gyidi kɛse wɔ Bible bɔhyɛ a ɛfa daakye ho no mu? (11) Ɔkwan bɛn so na wubetumi de video yi aboa afoforo ma wɔahu sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wɔkyerɛw Bible no?