Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/02 kr. 1
  • So ‘Wopɛ sɛ’ Woboa Afoforo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So ‘Wopɛ sɛ’ Woboa Afoforo?
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wubetumi Aboa Afoforo?
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Suasua Yesu Na Boa Afoforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Mmusua, Monkamfo Onyankopɔn Sɛ N’asafo Mufo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Awofo, Monhwɛ Mo Abusua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 6/02 kr. 1

So ‘Wopɛ sɛ’ Woboa Afoforo?

1 Ná Yesu dwen nnipa ho ankasa. Bere a ɔkwatani bi srɛɛ Yesu sɛ ɔmmoa no no, Yesu teɛɛ ne nsa kaa ɔbarima no kae sɛ: ‘Mepɛ, wo ho mfi.’ (Marko 1:40-42) Akwan bɛn na yebetumi afa so asuasua Yesu wɔ afoforo a ɔboaa wɔn no ho?

2 Anigyefo: Asafo no muni biara wɔ kyɛfa wɔ anigyefo a wɔbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ Yehowa asomfo no mu. Sɛ afoforofo ba asafo nhyiam ase a, kyia wɔn na hu nnipa ko a wɔyɛ. Hwehwɛ akwan a wobɛfa so ahyɛ wɔn nkuran. Kamfo wɔn wɔ mmuae a wɔma no ho. Kyerɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu no ho anisɔ. Boa wɔn ma wonhu hokwan a wɔwɔ sɛ wobetumi anya nokware nnamfo wɔ asafo no mu no.

3 Mfɛfo Gyidifo: Ɛfata sɛ yɛboa ‘wɔn a wɔyɛ yɛn gyidi fifo’ titiriw no wɔ akwan pii so. (Gal. 6:10) Nyarewa haw wɔn mu pii. Sɛ wokɔsra wɔn hyɛ wɔn nkuran a, wubetumi ama wɔanya fekubɔ a ɛho hia na ebia woaboa wɔn nso wɔ akwan pa so. Ebia na ebinom rehyia nsɛnnennen foforo wɔ wɔn asetra mu. Kyerɛ sɛ wudwen wɔn ho denam bere a wubegye de atie wɔn na woahyɛ wɔn den no so. (1 Tes. 5:14) Ehia sɛ yɛne mpanyimfo nso yɛ biako bere a wodi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma no. (Heb. 13:17) Sɛ yɛda no adi sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn mfɛfo gyidifo a, yebetumi ‘ahyɛ wɔn den.’—Kol. 4:11.

4 Abusuafo: Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nso sɛ yebesuasua Yesu wɔ sɛnea odwen afoforo ho no mu wɔ yɛn ankasa abusua mu. Tema kɛse a awofo wɔ no ma ‘wɔkɔ so yɛn wɔn mma wɔ Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.’ (Efe. 6:4) Mmofra betumi ayɛ wɔn fam de denam wɔn ho a wobesiesie ntɛm so bere a bere du sɛ wɔbɛyɛ abusua adesua, wɔbɛkɔ asafo nhyiam anaa asɛnka no. Mma a wɔanyinyin nso betumi ada ayamhyehye a na Yesu wɔ no bi adi denam wɔn awofo a wɔbɛboa wɔn ma wɔagyina nsɛnnennen a wɔn mfe a akɔ anim de ba no ano no so. Wɔ eyi ne akwan foforo so no, yɛn nyinaa betumi ‘ada onyamesom pa adi wɔ yɛn ankasa afie mu.’—1 Tim. 5:4.

5 Bere a yesuasua Yesu wɔ afoforo a wɔboa wɔn mu no, yebetumi ama ɔhaw ahorow ano abrɛ ase na yɛama yɛn abusua ne asafo no aka abom kɛse. Nea ɛho hia sen biara no, yɛhyɛ Yehowa, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no anuonyam.—2 Kor. 1:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena