Wubetumi Aboa Afoforo?
1 Yehowa ayɛ krado bere nyinaa pɛ sɛ ɔboa n’asomfo anokwafo. (2 Be. 16:9; Yes. 41:10, 13) Bere a Yesaia de Yehowa retoto oguanhwɛfo a odwen ne nguan ho no, ɔkae sɛ: “Obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.” (Yes. 40:11) Susuw akwan a yebetumi afa so asuasua sɛnea Yehowa dwen n’asomfo ho no ho hwɛ.
2 Boa Wɔn a Wɔyɛ Foforo No: Yebetumi aboa wɔn a wɔyɛ foforo ato nsa afrɛ wɔn ne wɔn abɔ fekuw a ɛma denhyɛ. (Mmeb. 13:20) Bere a onua bi reka sɛnea ebinom boaa no bere a ofii ase ne asafo no bɔe no, ɔkae sɛ: “Abusua bi de me kaa wɔn abusua adesua ho mpɛn pii. Bere a merenya nkɔanim no, awarefo bi a wɔyɛ akwampaefo de me kaa wɔn ho kɔɔ asɛnka bere nyinaa. Bere biara a yɛbɛkɔ asɛnka no, na yɛbɔ honhom fam nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran paa.” Ɔtoaa so sɛ: “Ansa na merebɛyɛ Kristoni no, na metaa pue Fida ne Memeneda anadwo. Nanso me ho a mede bɔɔ anuanom yi maa minyaa fekubɔ a na mihia no.” Ɔdɔ mu a asafo no fi boaa onua yi maa n’ase timii wɔ gyidi no mu, na mprempren ɔsom sɛ Betel abusua no muni.—Kol. 2:6, 7.
3 Monhyɛ Mo Ho Mo Ho Nkuran: Sɛ yɛn nuanom hyia nsɛnnennen a, yebetumi anya hokwan aboa wɔn. So wubetumi ayɛ nhyehyɛe ne ɔdawurubɔfo bi a ɔyare adi adanse wɔ telefon so anaa woato nsa afrɛ no ma ɔne wo akɔyɛ Bible adesua, anaasɛ mpo wode osuani no aba ne fie? So ɔwofo a ne mma nnyinyinii behia mmoa bere a ɔreyɛ asɛnka adwuma no? So ebinom wɔ hɔ a wɔyɛ ahufo a wɔn ani begye sɛ woboa wɔn bere a wɔrekɔ sankɔhwɛ anaa wɔreyɛ ɔsom adwuma no fã foforo bi no? Ɔdɔ mu a yebefi akyerɛ yɛn nuanom ho anigye no bɛka yɛn ma yɛahwehwɛ akwan a yɛbɛfa so ahyɛ wɔn den.—Rom. 14:19.
4 Bere a yesuasua sɛnea Yehowa dwen n’asomfo ho no, ɛma yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho den, ɛka asafo no bom wɔ ɔdɔ mu, na ɛhyɛ yɛn soro Agya no anuonyam.—Efe. 4:16.