Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/03 kr. 5
  • Momma Mo Adwenem Ntew Bere a Awiei no Bɛn No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momma Mo Adwenem Ntew Bere a Awiei no Bɛn No
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Onyankopɔn Som mu Botae Ahorow Hyɛ Wo Bɔfo no Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Mmofra—Mompere Nnu Botae Ahorow a Ɛfata Ho
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nya W’ankasa Botae Horow Ma Ɔsom Afe Foforo No
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Sɛnea Wubetumi Adu Wo Som Mu Botae Ahorow Ho
    Yɛn Ahenni Som—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 2/03 kr. 5

Momma Mo Adwenem Ntew Bere a Awiei no Bɛn No

1 Onyankopɔn Asɛm kɔ so ka Yehowa da no ho asɛm sɛ ɛreba sɛ “owifo”—kyerɛ sɛ, ɛbɛba mpofirim, prɛko pɛ, a ɛremmɔ nkae. (1 Tes. 5:2; Mat. 24:43; 2 Pet. 3:10; Adi. 3:3; 16:15) Yesu kae sɛ: “Eyi nti munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.” (Mat. 24:44) Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho wɔ honhom fam bere a awiei no bɛn no? Yehu nea yebegyina so ayɛ saa no wɔ afotusɛm yi mu: “Momma mo adwenem ntew.”—1 Pet. 4:7.

2 Adwenemtew hwehwɛ sɛ yenya Yehowa adwene wɔ nneɛma ho. (Efe. 5:17) Ɛboa yɛn ma yebu yɛn ho sɛ “ahɔho ne amamfrafo” wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu. (1 Pet. 2:11) Ɛboa yɛn ma yehu nneɛma a ehia ankasa, na ɛma yɛde nneɛma a ɛho hia paa sisi yɛn anim, sisi gyinae horow a eye.—Fil. 1:10.

3 Fa Honhom Fam Botae Horow Sisi W’anim: Honhom fam botae horow a yɛde besisi yɛn anim no boa yɛn ma yɛn adwenem tew. So wowɔ honhom fam botae horow bi a worepere adu ho mprempren? So worebɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan Bible no da biara da, akɔ Kristofo nhyiam ahorow, akenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a ɛba biara, anaasɛ ebia woreyɛ pii wɔ asɛnka mu? Sɛ wode botae horow a eye sisi w’anim a, kɔ so di akyi, na srɛ Yehowa ma onhyira wo mmɔdenbɔ so, na nea ebefi mu aba no betumi ama wo ho adwiriw wo.

4 Asafo mu panyin bi bisaa honhom fam botae horow a awarefo nkumaa bi de asisi wɔn anim ho asɛm. Asɛmmisa no ma wohui sɛ sɛ wɔyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ na woyi ɛka a ayɛ wɔn so adesoa no fi wɔn ho so a, wobetumi ayɛ akwampae adwuma. Wosii gyinae sɛ wɔde bɛyɛ wɔn botae. Wɔbɔɔ mmɔden tuaa ka no, na wɔhwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so ayiyi nneɛma a ɛresɛe wɔn ahoɔden ne wɔn adagyew no afi wɔn asetra mu. Afe biako akyi pɛpɛɛpɛ no, na wɔadu wɔn botae no ho. Dɛn na efii mu bae? Okunu no ka sɛ: “Sɛ yɛamfa botae horow ansisi yɛn anim a, anka yɛrennu baabi a yɛadu yi. Yɛn ani agye kɛse. Yɛn asom adwo yɛn na yɛwɔ ahotɔ. Yɛn asetra wɔ atirimpɔw ankasa.”

5 Bere a yɛretwɛn Yehowa da no, ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so asiesie yɛn ho wɔ honhom fam denam adwenemtew a yɛde bɛbɔ yɛn bra, na yɛde yɛn ani asi Onyankopɔn apɛdeyɛ so no so.—Tito 2:11-13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena