Video a Ɛbɛma Woanya Nhumu na Akanyan Wo!
Ná ɛyɛ April 1951. Wɔkyeree Yehowa Adansefo mpempem pii a na wɔwɔ kan Soviet Union no—mmusua mũ nyinaa—guu keteke mu twaa wɔn asu kɔɔ Siberia. Dɛn nti na na Soviet aban a ɛwɔ tumi kɛse no pɛ sɛ ɔtɔre wɔn ase? Ɔkwan bɛn so na yɛn nuanom no tumi gyinaa ano na mpo wodii yiye ɛmfa ho ɔtaa a emu yɛ den a wohyiae mfe pii no? Wubenya mmuae no wɔ video, Faithful Under Trials—Jehovah’s Witnesses in the Soviet Union (Nokware a Wodi Wɔ Sɔhwɛ Mu—Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Soviet Union) no mu. Hwɛ, na ma emu nsɛm a ɛma nhumu no nkanyan wo na kɔ so di Yehowa nokware, ɛmfa ho nea ɛbɛba biara!
So wubetumi abua nsɛmmisa yi? (1) Bere bɛn na wodii kan gyee Yehowa Adansefo toom mmara kwan so wɔ Russia? (2) Ansa na Wiase Ko II reba, ne ɛno akyi no, ɛyɛɛ dɛn na Adansefo mmusua a wɔwɔ Soviet Union no bɛdɔɔso? (3) Ɔkwan bɛn so na na wɔn gyidi ne Lenin nyansapɛ no bɔ abira koraa? (4) Na dɛn ne Operation North, na dɛn na na Stalin hwɛ kwan sɛ ɔnam so betumi ayɛ? (5) Ná dɛn na asu a wobetwa Adansefo no kyerɛ ma wɔn, na dɛn na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ na amma wɔantwa wɔn asu? (6) Wɔ keteke kwan tenten a yɛn nuanom mmarima ne mmea twa kɔɔ Siberia mu no, ɔkwan bɛn so na wɔhyehyɛɛ wɔn ho wɔn ho nkuran ma ɛyɛɛ wɔn a wɔkyeree wɔn no nwonwa? (7) Amanehunu bɛn na Adansefo no faa mu wɔ Siberia? (8) Honhom fam nsiesiei bɛn na na ɛsom bo ma Yehowa nkurɔfo paa, na dɛn ntia? (9) Dɛn nti na na yɛn nuanom wɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto asiane mu na ama wɔn nsa aka nhoma horow, na ɛyɛɛ dɛn na mmɔden a atumfoɔ no bɔe nyinaa akyi no, wɔantumi ansiw wɔn kwan? (10) Ɔkwan bɛn so na Khrushchev toaa ntua a wɔde baa Onyankopɔn nkurɔfo so no so? (11) Ɔkwan bɛn so na atumfoɔ no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe Adansefo mmofra no gyidi? (12) Ntease a emu da hɔ bɛn na na yɛn nuanom wɔ wɔ nea enti a wɔretaa wɔn no ho? (2002 Yearbook, kratafa 203-4) (13) Ɔkwan bɛn so na ntua kɛse a wɔde baa Onyankopɔn ahyehyɛde so no dan bɔɔ ataafo no ankasa so? (2002 Yearbook, kratafa 220-1) (14) Nneɛma bɛn na ɛbaa mu a bere bi a atwam no, na Adansefo a wɔwɔ kan Soviet Union no hwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka? (15) Dɛn na ɛmaa yɛn nuanom tumi faa wɔn sɔhwɛ ahorow no mu, na ɔkwan bɛn so na ahwɛde a etwa to wɔ video no mu no ma nokwasɛm a Yeremia 1:19 yɛ no da adi? (16) Ka asetra mu osuahu a esii ankasa a ɛfa nokware a wodi wɔ sɔhwɛ mu ho a ɛka wo koma paa no biako ho asɛm.