Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow
Afe yi Nkaedi afahyɛ no si Wukuda, April 16. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hyɛ nsɛm a edidi so yi nsow:
◼ Sɛ morehyɛ bere ama nhyiam no a, monhwɛ na wɔamfa abodoo ne bobesa no amfa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa.
◼ Ɛsɛ sɛ moka bere ne beae pɔtee a mubedi afahyɛ no kyerɛ obiara, a ɔkasafo no nso ka ho.
◼ Ɛsɛ sɛ munya abodoo ne bobesa a ɛfata sisi hɔ.—Monhwɛ February 15, 1985, Ɔwɛn-Aban, kratafa 27.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan de mprɛte, glass ne ɔpon so tam a ɛfata kɔ asa no so kɔhyehyɛ.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan siesie Ahenni Asa no so anaa beae foforo a mubehyia no fɛfɛɛfɛ.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan paw wɔn a wobegye ahɔho ne wɔn a wɔde abodoo ne bobesa no bɛfa nnipa no anim no na mokyerɛ wɔn nnwuma a wɔbɛyɛ, ɔkwampa a wɔbɛfa so ayɛ, ne hia a ehia sɛ wɔhyɛ ntade a ɛfata.
◼ Ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe de abodoo ne bobesa no bi kɔma wɔn a wɔasra wɔn no muni biara a onni ahoɔden nti ontumi mma no.
◼ Sɛ asafo bɛboro biako na wobehyiam wɔ Ahenni Asa koro so a, ɛsɛ sɛ nkitahodi pa kɔ so wɔ asafo ahorow no ntam na ama wɔakwati nkyereso a enhia wɔ abrannaa no so anaa apon no ano, anammɔn kwan a ɔmanfo fa so, ne beae a wɔde kar sisi no. Baabi a ɛbɛyɛ yiye no, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔbɛma simma 45 agu mu ansa na wɔafi dwumadi foforo ase.