Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Mar. 15
“So wususuw sɛ Yesu nkyerɛkyerɛ yɛ nea mfaso wɔ so ma yɛn bere yi? [Twɛn ma ommua.] Akyinnye biara nni ho sɛ, wo ne Yesu bɛyɛ adwene wɔ ahyɛde a ɔde mae wɔ n’asetram da a etwa to yi ho. [Kenkan Yohane 15:12.] Yesu kyerɛkyerɛɛ asuade foforo a mfaso wɔ so nso saa da no. Ɔwɛn-Aban yi kyerɛ sɛnea yebetumi anya so mfaso.”
Nyan! Apr. 8
“So woahyɛ no nsow sɛ ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobenya nna pa nnansa yi? [Twɛn ma ommua.] Dadwen ne ɔhaw ahorow betumi ama aba saa. [Kenkan Ɔsɛnkafo 5:12.] Nsɛmma nhoma yi pɛɛpɛɛ nneɛma a ɛde kɔdaanna ba no bi mu, na ɛde sɛnea yebetumi ama yɛn nna atu mpɔn ho nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so ma.”
Ɔwɛn-Aban Apr. 1
“Nea wɔada no adi wɔ ha yi yɛ aduan a wɔtaa frɛ no Adidi a Etwa To no. [Fa nsɛmma nhoma no anim ne akyiri kyerɛ no.] So wunim sɛ ɛno nkutoo ne afahyɛ koro pɛ a wɔhyɛ Kristofo sɛ wɔnkae? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Luka 22:19.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea enti a afahyɛ yi ho hia saa ne sɛnea ɛfa wo ho no mu.”
Nyan! Apr. 8
“So ɛnyɛ awerɛhow sɛ mmabun pii de nnubɔne resɛe wɔn asetra? [Twɛn ma ommua.] Mpɛn pii no, ɔhaw no fi ase bere a mmabun de wɔn ho bɔ nnipadɔm a wonkura su pa no. [Kenkan 1 Korintofo 15:33.] Nyan! yi kyerɛkyerɛ nea ɛhyɛ mmabun ma wofi ase de nnubɔne di dwuma ne nea awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn ho ban no mu.”