Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Mar. 1
“Nnipa dodow no ara gye tom sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho sɛnea Yesu hyɛe wɔ kyerɛwsɛm yi mu no. [Kenkan Yohane 13:34, 35.] Nanso, ɛhe na yebehu nkurɔfo a wɔde Yesu nkyerɛkyerɛ no rebɔ wɔn bra? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi susuw sɛnea yebetumi ahu nokware Kristofo nnɛ no ho.”
Awake! Mar.
“Sɛ yɛn ani begye ma asi yɛn yiye a, yehia ɔdɔ. Nanso, wɔ nnipa pii fam no, ɔdɔ pa ho yɛ na. Wususuw sɛ dɛn nti na ɛte saa? [Twɛn ma ommua.] Ade titiriw a ɛbɛma nkurɔfo ada ɔdɔ adi akyerɛ yɛn ne sɛ yɛbɛda ɔdɔ kann adi akyerɛ afoforo. Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ no mu.” Kenkan 1 Korintofo 13:4-7.
Ɔwɛn-Aban Mar15
“Yɛn mu pii adɔfo awuwu ma yɛadi ho awerɛhow pɛn. So woate awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ Bible mu yi da? [Kenkan Asomafo Nnwuma 24:15. Afei twɛn ma ommua.] Nanso afoforo taa bisa sɛ, Henanom na wobenyan wɔn? Bere bɛn na wobenyan wɔn? Na ɛhe na wobenyan wɔn? Nsɛmma nhoma yi de nsɛmmisa yi ho mmuae a efi Bible mu ma.”
Awake! Mar
“Nnipa pii gye di sɛ Yesu ara ne Nyankopɔn. Nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Yesu suani Petro kae sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. [Kenkan Mateo 16:16.] Wususuw sɛ Yesu betumi ayɛ Onyankopɔn na bere koro no ara wasan ayɛ Onyankopɔn Ba? [Twɛn ma ommua.] Asɛm a ɛwɔ kratafa 12-13 yi kyerɛkyerɛ asɛmmisa yi mu ma yehu nea Bible no ka fa ho.”