Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Mar. 1
“Nnipa pii susuw sɛ Onyankopɔn gye ɔsom nyinaa tom. Wususuw sɛ ɔsom a obi bɛpaw no ho hia? [Twɛn ma ommua.] Tie asɛm a ɛwɔ ha yi. [Kenkan 1 Yohane 4:1.] Nsɛmma nhoma yi ka sɛnea yebetumi asɔ nkyerɛkyerɛ nyinaa ahwɛ sɛ efi Onyankopɔn anaa no ho asɛm. Ɛsan nso kyerɛkyerɛ sɛnea ɔsom ahorow ahorow fii ase no mu.”
Awake! Mar.
“Wohwɛ a, nsɛnnennen a mmerante ne mmabaa rehyia nnɛ no bi ne nea ɛwɔ he? [Twɛn ma ommua.] Bible mu asɛm yi ma yehu sɛ nsɛnnennen no biako ne nnamfo pa a wɔbɛpaw. [Kenkan Mmebusɛm 13:20.] Nsɛmma nhoma yi ka asiane a ɛwɔ nnamfo a wɔbɛhwehwɛ wɔ Intanɛt so mu ne sɛnea mmerante ne mmabaa betumi anya ahobammɔ ho asɛm.”
Ɔwɛn-Aban Mar. 15
“Nkurɔfo taa ka Yesu Kristo mmae ho asɛm. Wususuw sɛ eyi yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan anaasɛ yesuro? [Twɛn ma ommua.] Tie sɛnea Bible kyerɛwfo Yohane tee nka wɔ ho. [Kenkan Adiyisɛm 22:20.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea Kristo mmae no bɛyɛ mu.”
Awake! Mar.
“Ɛte sɛ nea wiase akannifo pii yɛ ahantan paa. Wususuw sɛ su a ɛte saa de asomdwoe ne biakoyɛ ba wiase? [Twɛn ma ommua.] Tie nea Bible ka fa ahantan ho. [Kenkan Mmebusɛm 16:18.] Asɛm yi kyerɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ ahobrɛase so mu.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 20 no kyerɛ no.