Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Apr. 1
“Esiane asase so nneɛma a wɔresɛe no nti, so woabisa pɛn sɛ ebia asase no bɛtra hɔ daa? [Twɛn ma ommua.] Tie bɔhyɛ a ɛma awerɛkyekye yi. [Kenkan Dwom 104:5.] Saa asɛm yi ma yehu nea Bible ka wɔ sɛnea asase bɛyɛ daakye ho.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 10 no kyerɛ no.
Awake! Apr.
“Esiane nneɛma pii a yɛyɛ nti, ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobenya bere de asom Onyankopɔn. So ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ saa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Efesofo 5:15-17.] Awake! yi de nkyerɛkyerɛmu a ntease wom a Bible no de ma wɔ bere ne ahoɔden a Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛde som no no ho ma.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 20 no kyerɛ no.
Ɔwɛn-Aban May 1
“Nnipa pii ka sɛ nea wotumi hu nkutoo na wogye di. So wo ne wɔn yɛ adwene? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Romafo 1:20.] Nsɛmma nhoma yi si Onyankopɔn su abiɛsa a yebetumi ahu pefee wɔ abɔde mu no so dua, na ɛka sɛnea su horow yi a yebehu no betumi anya yɛn so nkɛntɛnso ho asɛm.”
Awake! May
“Nnipa pii suro nea ɛbɛba daakye. Wususuw sɛ nneɛma bɛyɛ yiye, anaasɛ ɛbɛsɛe koraa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Adiyisɛm 21:3, 4.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ nea enti a yebetumi anya ahotoso sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn bedi ɔhaw ahorow a emu yɛ den a nnipa ntumi nyɛɛ ho hwee no ho dwuma.”