Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Apr. 1
“Ɛkame ayɛ sɛ da biara yɛn apɔwmuden, yɛn abusua, ne yɛn adwuma ho nsɛm haw yɛn. Wususuw sɛ ɛhefa na yebetumi anya akwankyerɛ a ɛbɛboa yɛn? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nea Bible no ka wɔ 2 Timoteo 3:16. [Kenkan.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea Bible betumi aboa yɛn wɔ akwan pii so.”
Awake! Apr.
“Wɔ wiase mmeae pii no, nkurɔfo te nka sɛ sɛe ara na nnipa abrabɔ resɛe. Woahyɛ no nsow saa? [Twɛn ma ommua.] Tebea a ɛwɔ hɔ nnɛ no ma Bible nkɔmhyɛ bi nya mmamu. [Kenkan 2 Timoteo 3:2-4.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea nnipa abrabɔ a ɛresɛe no kyerɛ ne baabi a ɛde adesamma bɛkɔ akowie.”
Ɔwɛn-Aban Apr. 15
“Ɛte sɛ nea kɔ ara na wɔkɔ so di atirimɔdensɛm wɔ baabiara. [Fa asɛm bi a asi wɔ mpɔtam hɔ anaa nea ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu bi yɛ nhwɛso.] So woadwen nea enti a nnipa tumi di atirimɔdensɛm saa no ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Bible hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa pii bedi atirimɔdensɛm. [Kenkan 2 Timoteo 3:1-5.] Nsɛmma nhoma yi bua asɛmmisa yi, ‘So Atirimɔdensɛm To Betwa Da Bi?’”
Awake! Apr.
“Nnipa pii kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Wususuw sɛ Kristoni a obi yɛ no kyerɛ dɛn? [Twɛn ma ommua.] Tie nea Yesu kae wɔ ha yi. [Kenkan Yohane 15:14.] Asɛm yi ma yehu sɛ pii ho hia sen sɛ obi bɛka sɛ ɔyɛ Kristoni ara kwa.” Fa asɛm a ɛwɔ kratafa 26 no kyerɛ no.