Yehowa Adansefo 2004 “Mo Ne Onyankopɔn Nnantew” Ɔmantam Nhyiam
1 Dɛn titiriw na ɛma w’ani gye ɔmantam nhyiam ahorow a yɛyɛ no afe afe no ho? So ɛyɛ ɔkasa ahorow ne drama a ɛhyɛ yɛn den a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no siesie ma yɛn no? (Mat. 24:45-47) Ɛyɛ nhoma afoforo a honhom fam aduan a ɛyɛ ne bere mu de wom no? Ɛyɛ anuanom a wɔka wɔn suahu a ɛkyerɛ sɛnea Bible ama wɔn asetra ayɛ papa kyerɛ no? Ɛyɛ sɛnea Ahenni asɛnka adwuma no renya nkɔso wɔ aman foforo so ho akontaabu? Ɛyɛ fekubɔ a yɛne yɛn mfɛfo gyidifo a ɛsono mfe a wɔadi nyinaa nya no? Yiw, eyinom ne nneɛma foforo pii nti, yɛhwɛ yɛn amantam nhyiam no kwan denneennen!
2 Kɔ Nnansa no Nyinaa: Yehowa nam Mose so hyɛe sɛ: “Ma ɔman no . . . mmɔ gua na wontie, na wonsua.” (Deut. 31:12) Yehowa nam akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so asiesie dwumadi titiriw a wɔnam so bɛkyerɛkyerɛ yɛn da biara da wɔ yɛn nhyiam no ase ama yɛn. Esiane sɛ ɔrekyerɛkyerɛ yɛn ‘nea eye ma yɛn’ nti, yɛbɛpɛ sɛ yekotie ne nkyerɛkyerɛ no nyinaa. (Yes. 48:17) Sɛ ehia sɛ wosrɛ kwan fi w’adwumawura hɔ a, bɔ Yehowa mpae fa suasua nhwɛso a Nehemia de akokoduru yɛe no. (Neh. 1:11; 2:4) Afei nso, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛka nhyiam no ho nhyehyɛe a woreyɛ no akyerɛ w’abusuafo a wɔnyɛ gyidifo no ntɛm ara.
3 Dabere: Yɛde “Room Request” nkratasin remena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ “Room Request” kratasin no bi na fa ma mo asafo mu ɔkyerɛwfo no ma ɔnhwɛ sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ sɛ wode “Room Request” nkratasin ne nhyiam no ho nkrataa foforo mena baa dwumadibea no wɔ Accra.
4 Yebenya dabere no bi wɔ nkurɔfo afie mu. Wɔde adan yi ma wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa dabere no ma wɔn no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛtra wɔn fiewura no fie hɔ, na ɛnsɛ sɛ wotu ofiewura no nneɛma pansam anaa wɔsɛe no, anaasɛ wɔkɔ ofie no mmeae bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ hɔ no. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa.
5 Wɔn a wɔmfa wɔn “Room Request” nkratasin nkɔ ansa na wɔadu kurow a wɔbɛyɛ nhyiam no wom mu no ma nhyiam so ahwɛfo no hyia ɔhaw ahorow, efisɛ ɛba saa a, na ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ dabere ma saa nhyiamfo no wɔ bere tiaa bi mu. Nhyehyɛe a wɔma ɛka akyi saa betumi ama wɔabɔ ka kɛse. Enti, ɛsɛ sɛ nhyiamfo a wɔpɛ sɛ nhyiam so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wɔn nyinaa hyehyɛ “Room Request” nkratasin no bi de mena nhyiam so ahwɛfo no ntɛm koraa ansa na nhyiam no adu so. Mprempren ntoaso sukuu ahorow bi a wɔma nhyiamfo dabere no hwehwɛ sɛ nhyiamfo no tua anadwo biara a wɔda hɔ no ho sika kɛse. Enti ehia sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebetua sika wɔ dabere ho, sɛ́ ɛyɛ sukuu adan anaa obi fie no.
6 Wɔn a Wɔwɔ Ahiade Soronko: Ɔsomafo Paulo kaee Galatia asafo ahorow no sɛ ‘wɔnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ wɔn gyidi fifo no.’ (Gal. 6:10) Ebia anuanom a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, awofo a wonni ahokafo ne bere nyinaa asomfo hyia nsɛnnennen bi a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma na ama wɔatumi akɔ nhyiam no nanso wɔremmisa mmoa. So wubetumi ayɛ wɔn “yiye” na wode mmoa bi ama wɔn? Ɛsɛ sɛ saafo no abusuafo a wɔyɛ Kristofo ne mpanyimfo no titiriw hu wɔn tebea no.
7 Asafo Ɔsom Boayikuw no begyina “Room Request” no akwankyerɛ so ahwɛ nkratasin a adawurubɔfo a wɔwɔ ahiade soronko de ba nyinaa mu. Ɛsɛ sɛ wotumi hu sɛ ebia wɔn asafo no betumi adi wɔn ahiade no ho dwuma anaa. Wɔayɛ nsiesiei yi ama adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa ne wɔn mma a wɔda su pa adi nkutoo. Sɛ Dabere Dwumadibea no wɔ ahiade soronko no ho nsɛmmisa bi a, wɔne asafo no kyerɛwfo no bedi nkitaho.
8 Nhyiam Foforo a Wobɛkɔ: Ebia wo nsɛm tebea bɛhwehwɛ sɛ wokɔ nhyiam foforo a ɛnyɛ ɛno na wɔkyerɛ sɛ mo asafo no nkɔ. Wɔde beae a wɔbɛyɛ nhyiam biara address ama wɔ krataa yi kratafa 6. Fa address a ɛfata no di dwuma fa wo kratasin no mena. Sɛ wɔyɛ nhyiam no abien anaa nea ɛboro saa wɔ kurow no mu a, hwɛ hu sɛ wobɛkyerɛ da a wɔbɛyɛ nhyiam a wopɛ sɛ wokɔ no.
9 Ebia nneɛma te sɛ kasa, ɔkwan no tenten, ne lɔre a wobenya no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ asafo ahorow a ɛwɔ nkurow nketewa mu no bi bɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔn tebea te saa no wɔ hokwan sɛ wɔkɔ ɔmantam nhyiam foforo. Ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛw baa dwumadibea de bisa kwan. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no bɔ ɔmansin sohwɛfo no amanneɛ ntɛm na amma wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn dapɛn a wonni hɔ no. Sɛ́ asafo no bɛkɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ anaa foforo no, ɛsɛ sɛ anuanom a wɔyɛ akwantu nhyehyɛe no hwɛ hu sɛ kar biara a wɔbɛfa no wɔ ahoɔden na asɛm biara nni ho.
10 Tamale Nhyiam: Yɛbɛyɛ “Mo Ne Onyankopɔn Nnantew” Ɔmantam Nhyiam no biako wɔ Tamale fi December 31, 2004 kosi January 2, 2005, wɔ Twi ne Frafra kasa mu. Yɛhyɛ anuanom a wɔwɔ ɔman yi anafo fam a wobetumi akɔ nhyiam yi bi no nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ. Afe yi baa dwumadibea no renyɛ lɔre ho nhyehyɛe soronko mma akwantu no. Yɛhyɛ wɔn a wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ no nkuran sɛ wonni adanse wɔ afie afie ne bɔnnɔ so bere a wɔwɔ Tamale no. Yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa nkuran sɛ womfi ase nsiesie wɔn ho mma nhyiam no.
11 Adwuma a Edi Nhyiam Anim: Yɛn ani asɔ mo mmoa wɔ eyi mu wɔ bere a atwam mu no yiye. Sɛnea yɛyɛ daa no, yɛbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere ne ade. Yɛwɔ ahotoso sɛ asafo ahorow a ɛbemmɛn no mufo nyinaa bɛyɛ nhyehyɛe abɛyɛ adwuma a ɛho hia yi bi wɔ adapɛn awiei ne adapɛn no mu. Sɛ anuanom pii tumi yɛ nhyehyɛe kɔ hɔ kɔtoto biribiara bere a aka da koro anaa nnanu ma yɛafi nhyiam no biara ase a, eyi bɛboa yiye. Esiane sɛ yɛde ntoboa na ɛyɛ nhyiam ahorow no ho biribiara nti, sɛ yɛkɔyɛ adwuma a edi nhyiam anim no a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nhyiam so ahwɛfo no bɛma yɛn aduan.
12 Fi Wo Pɛ Mu Tu Wo Ho Ma: Bere a nhyiam no rekɔ so no, atuhoamafo ɔhaha pii boa ma dwumadibea ahorow no yɛ wɔn adwuma yiye. Wɔn a wogye ahɔho wɔ nhyiambea hɔ ne beae a wɔde kar sisi no kyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛtra na wɔhwɛ yɛn kar so. Ahotew Dwumadibea no nya hokwan ma din pa a yɛwɔ sɛ yɛn ho tew no tra hɔ, na wɔma beae a yɛsom wɔ hɔ bere tiaa bi no tew sen sɛnea yɛkɔtoe no. So yebetumi aboa dwumadibea yi ne afoforo a wobetumi de yɛn ayɛ adwuma no? So wubetumi aboa ma wo ne wo nuanom asom ‘nokoro mu’?—Sef. 3:9.
13 Aduan Ho Nhyehyɛe: Mfe kakra atwam fi bere a yefii nhyehyɛe a ɛne sɛ “yɛrenyɛ aduan biara” wɔ yɛn ɔmantam ne ɔmansin nhyiam biara ase no. Yɛhwɛ kwan sɛ nhyiamfo nyinaa de biribi a emu yɛ hare befi fie aba abedi na wɔanom wɔ awia ahomegye bere no mu. Eyi ma yetumi tra nhyiambea hɔ ne afoforo bɔ fekuw na yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran sen sɛ yebepue akɔhwehwɛ aduan ne anonne esiane sɛ yɛansiesie yɛn ho nti. Sɛ yefi baabi na yɛbaa kurow a wɔyɛ nhyiam no wom mu mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe da biara sɛ yebedi kan anya biribi a emu yɛ hare a yɛn ankasa ne yɛn anigyefo bedi wɔ awia ahomegye bere no mu na amma yɛanhyɛ afoforo nkuran ma wɔannan yɛn nhyiambea hɔ gua so. Nsakrae yi ma yeyi yɛn adwene fi aduan so de si honhom fam nneɛma a ɛho hia so.
14 Baabiara a yɛbɛtra adidi wɔ ahomegye bere no mu no, momma yɛnhwɛ yiye sɛ yɛrensɛe nkongua no so anaasɛ yɛremfa nwura mpete hɔ. Wɔde nneɛma a wɔde nwura gu mu besisi nhyiam no biara ase. Yɛsrɛ sɛ momfa nwura ngu eyinom mu.
15 Nhyiam Baagye ne Nea Wɔde Hyem: Efi September rekɔ no, wɔde ɔmantam nhyiam lapɛl baagye a ɛwɔ Engiresi kasa mu bɛka nhoma a wɔde kɔma asafo ahorow no ho. Ɛho renhia sɛ mokra eyi. Wɔbɛhwɛ asafo biara kɛse ho de baagye akɔma wɔn. Sɛ asafo no hia baagye no bi aka ho a, ɛsɛ sɛ wɔde “Literature Request Form” (S-14) no kra bi. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ yɛremfa rɔba a wɔde baagye hyem no mmena. Ɛho hia sɛ mode “Literature Request Form” (S-14) no kra bi ma asafo no muni biara a ohia bi no. Monkae sɛ yɛremfa lapɛl baagye ne nea wɔde hyem no bi mma nhyiam no ase.
16 Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt Anaa Video So: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyere dwumadi gu kasɛt so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase na ɛntwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no. Yɛn ani sɔ mmoa a moyɛ wɔ eyi mu no kɛse.
17 Wɔ nhyiam bi a Yehowa nkurɔfo yɛe wɔ bɛyɛ mfe 2,520 ni ase no, Esra ne ne mfɛfo Lewifo no kenkanee Onyankopɔn Asɛm na wɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ nnipa a wɔahyiam no. Dɛn na efii mu bae? Nehemia 8:12 ka kyerɛ yɛn sɛ “ɔman no nyinaa kɔe . . . wonyaa anigye kɛse pa, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.” So yɛn ani nsɔ sɛ akoa kuw a wɔasra wɔn no de Onyankopɔn Asɛm di dwuma, kyerɛkyerɛ mu na wɔkyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ yɛn asetra mu sɛnea Esra ne Lewifo no yɛe no? Bere a akoa no yɛ saa no, na ɔda Yehowa nokware dɔ ne sɛnea odwen Ne nkurɔfo nyinaa ho no adi. Fa yɛ wo tirimbɔ sɛ wobɛkɔ “Mo Ne Onyankopɔn Nnantew” Ɔmantam Nhyiam no nyinaa.
[Kratafa 3 adaka]
Dwumadi Mmere
Fida ne Memeneda
Anɔpa 9:30 kosi Anwummere 5:00
Kwasida
Anɔpa 9:30 kosi Anwummere 4:05