Yehowa Adansefo 2005 “Osetie Ma Nyankopɔn” Ɔmantam Nhyiam
1, 2. (a) Teokrase nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe titiriw bɛn na Yehowa yɛ ma yɛn afe biara? (b) Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ afe yi “Osetie Ma Nyankopɔn” Ɔmantam Nhyiam no ho?
1 Sɛ́ yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no, Yehowa Nyankopɔn yɛ nhyehyɛe ma yehyiam ma ɔkyerɛkyerɛ yɛn n’akwan. (Yes. 30:20, 21; 54:13) Ɔnam akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no so na ɛyɛ nhyiam ahorow te sɛ ɔmantam nhyiam afe biara. (Mat. 24:45-47) Yɛte nka te sɛ odwontofo Dawid a ɔtoo dwom yi no: “Asafo ahyiae mu na mehyira [Yehowa, NW].” (Dw. 26:12) Dawid huu mfaso a na ɛwɔ so sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ no no, na ɔbɔɔ ne tirim sɛ baabiara a Yehowa nkurɔfo behyiam no, ɔbɛka wɔn ho.
2 So wobɛka ‘asafo dɔm’ a wɔbɛkɔ “Osetie Ma Nyankopɔn” Ɔmantam Nhyiam a wɔbɛyɛ no afe yi no ho bi? Sɛ ɛte saa a, nsɛm a edidi so yi bɛboa wo ama woasiesie wo ho akɔ bi.
3. (a) Nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ seesei na yɛatumi akɔ nnansa nhyiam no nyinaa bi? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so bere a yɛreboaboa yɛn ho no?
3 Yɛ Nhyehyɛe Kɔ Da Biara: “Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba.” (Mmeb. 21:5) So nsɛm yi nsi so dua sɛ mfaso wɔ so sɛ yebesiesie yɛn ho akɔ ɔmantam nhyiam no bi a yɛrentwentwɛn yɛn nan ase? Nea ɛbɛyɛ na honhom fam dwumadi a ɛma denhyɛ yi mu biara rempa wo ti so no, fi nyansam yɛ nhyehyɛe biara a ehia na woatumi akɔ bi nnansa no nyinaa. Sɛ ebehia sɛ wosrɛ kwan fi w’adwumawura hɔ a, yɛ saa ntɛm ara. Sɛ ɛsɛ sɛ wo ne wo hokafo a onnye nni susuw asɛm no ho a, ntwɛn mma ɛnka akyi dodo. Wubetumi afi ase nnɛ asie sika a wode bɛkɔ nhyiam no. Fa nsɛnnennen biara a wuhyia no to Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, na nya ahotoso sɛ ‘wo nsusuwii nyinaa bɛba mu.’ (Mmeb. 16:3) Bio nso, ɛbɛyɛ papa sɛ woboa wo Bible asuafo wɔ wɔn ahosiesie mu na wɔatumi akɔ nnansa nhyiam no nyinaa bi.
4. Ɔkwan bɛn so na wodi nkrataa a wɔde hwehwɛ dabere no ho dwuma de mena?
4 Dabere: Yɛde “Room Request” nkratasin amena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ “Room Request” kratasin no bi na fa ma w’asafo mu ɔkyerɛwfo no ma ɔnhwɛ sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ sɛ wode “Room Request” nkratasin ne nhyiam no ho nkrataa foforo mena Betel adwumayɛbea no wɔ Accra.
5. Sɛ wɔma yɛn dan wɔ nkurɔfo afie mu a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ ahɔho a yɛda anisɔ adi?
5 Yebenya dabere no bi wɔ nkurɔfo afie mu anaa wɔ anuanom nkyɛn. Wɔde adan yi ma wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa dabere no ma wɔn no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛtra wɔn fiewura no fie hɔ, na ɛnsɛ sɛ wotu ofiewura no nneɛma pansam anaa wɔsɛe no, wohuruw gyina nkongua ne apono so anaa wɔkɔ ofie hɔ mmeae bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ. Yebetumi akyerɛ obu denam yɛn dan mu a yebesiesie ma ɛhɔ atew so. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw wɔ nneɛma a ɛte sɛɛ ho a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa. Ahɔho pa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛremfa yɛn nnosoa nyinaa nkɔto yɛn fiewura no so.
6. Sɛ yɛte ahɔhodan mu a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada Kristofo dɔ ne obu adi akyerɛ afoforo?
6 Sɛ wopɛ sɛ wotra ahɔhodan mu a, kae hia a ehia sɛ wode wo nneyɛe, wo kasa ne w’ahosiesie bedi adanse pa no. Ɛnsɛ sɛ yebu wɔn a wɔde aduan bɛbrɛ yɛn anaa wobesiesie yɛn dan mu no animtiaa da. Ɛwom sɛ yebetua adwuma a wɔbɛyɛ ama yɛn no ho ka de, nanso ɛsɛ sɛ yɛda obu adi kyerɛ adwumayɛfo yi. Eyi bɛma ada adi sɛ nsonsonoe da Yehowa nkurɔfo ne wɔn a wonnim Bible mu a enti wɔnna obu ne ɔdɔ a ɛte saa adi nkyerɛ afoforo no ntam.
7, 8. (a) Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wɔwɔ ahiade soronko ma wɔakɔ nhyiam no bi? (b) Hefo na ɛfata sɛ wɔboa wɔn, na henanom na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔboa saafo no?
7 Wɔn a Wɔwɔ Ahiade Soronko: Ɔsomafo Paulo kaa anuanom bi ho asɛm sɛ wɔyɛɛ ‘n’aboafo a wɔhyɛɛ no den.’ (Kol. 4:7-11) Ɔkwan biako a wɔnam so boaa Paulo ne sɛ wɔde nneɛma bi a na ohia maa no. Wobɛyɛ dɛn ‘akyekye’ afoforo ‘werɛ’ wɔ nhyiam bere mu? Ebia adawurubɔfo a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, bere nyinaa asomfo ne afoforo behia mmoa na wɔatumi atua kar ne dabere ho ka. Ɛyɛ abusuafo asɛde sɛ wɔhwɛ nnipa a wɔte saa no. (1 Tim. 5:4) Nanso sɛ wontumi a, ebia mfɛfo agyidifo betumi aboa wɔn. (Yak. 1:27) Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo hwɛ hu sɛ wɔayɛ nhyehyɛe a edi mu ama wɔn kuw mufo a wɔwɔ ahiade titiriw no bere tenten ansa na nhyiam no adu so.
8 Asafo Ɔsom Boayikuw no begyina “Room Request” no akwankyerɛ so ahwɛ nkratasin a adawurubɔfo a wɔwɔ ahiade soronko de ba nyinaa mu. Ɛsɛ sɛ wotumi hu sɛ ebia wɔn asafo no betumi adi wɔn ahiade no ho dwuma anaa. Wɔayɛ nsiesiei yi ama adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa ne wɔn mma a wɔda su pa adi nkutoo. Sɛ Dabere Dwumadibea no wɔ ahiade soronko no ho nsɛmmisa bi a, wɔne asafo no kyerɛwfo no bedi nkitaho.
9, 10. (a) Dɛn nti na eye sɛ wobɛkɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ w’asafo nkɔ no? (b) Bere bɛn na wɔma asafo bi kwan sɛ obetumi akɔ nhyiam foforo?
9 Nhyiam Foforo a Wobɛkɔ: Nea ɛbɛyɛ na wɔanya nkongua, nhoma, adan ne nea ɛkeka ho dodow a ɛsɛ no, wɔhyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔn asafo no nkɔ bi no. Sɛ wo nsɛm tebea hwehwɛ sɛ wokɔ nhyiam foforo a, yɛsrɛ wo hwɛ krataa yi kratafa 6, na wubehu nhyiam a wopɛ sɛ wokɔ no address. Sɛ wɔrebɛyɛ nhyiam no abien anaa nea ɛboro saa wɔ kurow no mu a, kyerɛ da a wɔbɛyɛ nhyiam a wopɛ sɛ wokɔ bi no.
10 Ebia nneɛma bi te sɛ kasa, ɔkwan no tenten, ne lɔre a wobenya no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ asafo ahorow a ɛwɔ nkurow nketewa mu no bi bɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔn tebea te saa no wɔ hokwan sɛ wɔkɔ ɔmantam nhyiam foforo. Ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛw Betel adwumayɛbea de bisa kwan. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no bɔ ɔmansin sohwɛfo no amanneɛ ntɛm na amma wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn dapɛn a wonni hɔ no. Sɛ́ asafo no bɛkɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ anaa foforo bi no, ɛsɛ sɛ anuanom a wɔyɛ akwantu nhyehyɛe no hwɛ hu sɛ wɔbɛfa lɔre a ɛwɔ ahoɔden na asɛm biara nni ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ sɛ wɔremma lɔre no mfa nnipa mmoro nea ɛsɛ sɛ ɛfa so mfa mmu Kaesare mmara so.
11, 12. (a) Su bɛn na wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ nhyiam ase no da no adi? (b) Dwumadibea ahorow bɛn na wohia atuhoamafo kɛse?
11 Wohia Atuhoamafo: Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛsen biara fii ahobrɛase mu dii afoforo ahiade ho dwuma maa wɔn. (Luka 9:12-17; Yoh. 13:5, 14-16) Wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma wɔ ɔmantam nhyiam ase no da su koro no ara adi. Yɛwɔ ahotoso sɛ wɔn a wɔwɔ asafo horow a ɛbɛn mmeae a wɔbɛyɛ nhyiam no nyinaa bɛyɛ nhyehyɛe de wɔn ho ahyɛ adwuma a wɔyɛ de di nhyiam anim no mu wɔ dapɛn no mu nna nyinaa mu.
12 Nea ɛbɛyɛ na wɔanya nnipa ama wɔayɛ adwuma wɔ nhyiam dwumadibea horow no, ɛrenkyɛ koraa Nhyiam Boayikuw a ɛhwɛ mo hɔ nhyiam so no bɛto nsa afrɛ anuanom ama wɔne wɔn ayɛ adwuma. Wobehia mmoa wɔ dwumadibea a Wogye Ahɔho, wɔn a Wɔhwɛ Baabi a Wɔde Kar Sisi, ne wɔn a Wosiesie hɔ no titiriw. So yebetumi aboa dwumadibea yi ne afoforo a wobehia yɛn mmoa no? Wɔhwɛ kwan sɛ asafo mu mpanyimfo titiriw betu wɔn ho ama ayɛ nnwuma horow. Wɔn pɛ mu a wofi boa no ma wɔyɛ nhwɛso pa ma asafo no mufo nyinaa. (1 Pet. 5:2, 3)
13. (a) Dɛn na wɔhwɛ kwan sɛ nhyiamfo no nyinaa besiesie de aba nnansa nhyiam no nyinaa, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na eyi kyerɛ obu ne osetie ma teokrase nhyehyɛe?
13 Aduan Ho Nhyehyɛe: Mfe kakra atwam fi bere a yefii nhyehyɛe a ɛne sɛ “yɛrenyɛ aduan biara” wɔ yɛn ɔmantam ne ɔmansin nhyiam biara ase no. Yɛhwɛ kwan sɛ nhyiamfo nyinaa de biribi a emu nyɛ duru befi fie aba abedi na wɔanom wɔ awia ahomegye bere no mu. Eyi ma yetumi tra nhyiambea hɔ ne afoforo bɔ fekuw na yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran sen sɛ yebepue akɔhwehwɛ aduan ne anonne esiane sɛ yɛansiesie yɛn ho nti. Sɛ yetuu kwan fii baabi na yɛbaa nhyiam no mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe da biara sɛ yebedi kan anya biribi a emu yɛ hare a yɛne yɛn anigyefo bedi wɔ awia ahomegye bere no mu na yɛamfi nhyiambea hɔ anaasɛ yɛankɔtɔ aduan anaa nsu amfi wɔn a wɔtɔn aduan no nkyɛn. Sɛ yɛyɛ eyi a, ɛma yeyi yɛn adwene fi aduan so de si honhom fam nneɛma a ɛho hia so.
14. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ nwura a yɛbɛtow agu fam wɔ nhyiam ase no ho?
14 Baabiara a yɛbɛtra adidi wɔ ahomegye bere mu no, momma yɛnhwɛ yiye sɛ yɛrensɛe nkongua no so anaasɛ yɛremfa nwura mpete hɔ. Wɔde nneɛma a wɔde nwura gu mu besisi nhyiam no biara ase. Yɛsrɛ sɛ momfa nwura ngu eyinom mu.
15. Dɛn na ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkyere dwumadi no gu kasɛt anaa video so no yɛ?
15 Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt Anaa Video So: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyere dwumadi gu wɔn ankasa kasɛt so no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase na ɛrentwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no. Yɛn ani sɔ mmoa a moyɛ wɔ eyi mu no kɛse.
16. Nhwɛso abien bɛn na ɛkyerɛ sɛnea yɛn nneyɛe sɛ Kristofo ma woyi Yehowa Nyankopɔn ayɛ?
16 Nea Afoforo Hu: Ahɔhodan adwuma sohwɛfo bi kae sɛ: “Mo ne nnipa a yɛn ani gye mo ho paa. Sɛ yɛde mo toto nnipa afoforo ho a, mo suban ye paa. Wɔn a wosiesie ha no nyinaa nso ka sɛnea mo ne wɔn dii no ayamye mu ne sɛnea momaa wɔn akyɛde no ho asɛm. Nokwarem no, ɛyɛ a obiara pɛ sɛ ɔba adwuma wɔ dapɛn awiei a mowɔ ha no!” Ahɔhodan foforo bi nso nanmusifo kae sɛ: “Yehowa Adansefo ne kuw a sɛ wo ne wɔn reyɛ adwuma a wommrɛ koraa.” Ebia suban pa a wobɛda no adi no bɛma wɔaka nsɛm a ɛte sɛɛ afe yi. Fa w’ani bu sɛnea Yehowa ani gye bere a ohu sɛ yɛyɛ ade wɔ saa kwan no so ma ɛde nkamfo ba no hwɛ!—1 Pet. 2:12.
17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ nnansa “Osetie Ma Nyankopɔn” Ɔmantam Nhyiam no nyinaa bi?
17 Ɛdenam “fiehwɛfo nokwafo” no so no, Yehowa Nyankopɔn ayɛ nhyehyɛe sɛ ne nkurɔfo nhyiam na ɔmma yɛn honhom fam nkyerɛkyerɛ afe yi. (Luka 12:42) Wo ho a wubesiesie akɔ bi nnansa no nyinaa no gye mmɔdemmɔ kɛse, nanso mfaso a wubenya afi so no fata. “Osetie Ma Nyankopɔn” Ɔmantam Nhyiam a yɛbɛyɛ no afe yi no bɛhyɛ yɛn tirim a yɛabɔ sɛ yɛbɛsom Yehowa nnɛ de akosi daa no mu den ɔkwan biara so. Ɛmmra sɛ yebedi odwontofo no afotu no akyi: ‘Asafo ahyiae mu na munhyira Onyankopɔn.’—Dw. 68:26.
Dwumadi Mmere
Fida ne Memeneda
Anɔpa 9:30 kosi anwummere 5:05.
Kwasida
Anɔpa 9:30 kosi anwummere 4:10
[Kratafa 5 adaka]
Fi Ase Yɛ Nhyiam no Ho Nhyehyɛe Nnɛ
• Yɛ nhyehyɛe pa na ama woatumi akɔ nhyiam dwumadi a wɔbɛyɛ no nnansa no nyinaa bi.
• Srɛ kwan fi w’adwumawura hɔ ntɛm ara.
• Fi ase sie sika a wubehia ama nhyiam no.
• Da biara fa aduan bi a emu nyɛ duru a wubedi no awia ne nsu a wobɛnom kɔ nhyiam no na woamfi hɔ ankɔtɔ aduan ne nsu amfi wɔn a wɔtɔn aduan no nkyɛn.
• Yɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a w’abusuafo NYINAA benya dwumadi no nyinaa mu kyɛfa.