Afe 2007 “Munni Kristo Akyi!” Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam
1, 2. (a) Dɛn nti na Mose hyɛɛ Israelfo no nkuran sɛ wonhyiam? (b) Ahoboa bɛn na ehia sɛ yefi ase yɛ nnɛ?
1 Mose de akwankyerɛ maa Israelfo ne ahɔho nyinaa sɛ mfe ason biara wonhyiam na wɔnkenkan Mmara no nkyerɛ wɔn. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobetie na wɔasua’ ade. (Deut. 31:10-12) Yehowa huu hia a na ehia sɛ ɔma ne nkurɔfo hyiam sɛ kuw akɛse. Ɛrenkyɛ, Yehowa nkurɔfo bɛsan ahyiam ayɛ nnansa “Munni Kristo Akyi!” Ɔmantam Nhyiam.
2 Woafi ase reboaboa wo ho? So ebehia sɛ wosrɛ kwan fi w’adwumawura hɔ? Wubetumi aboa wo Bible asuafo anaa w’abusuafo a wonni asafo no mu ma wɔne wo akɔ nhyiam no? Afoforo wɔ asafo no mu a wobehia mmoa ansa na wɔakɔ nhyiam no bi? Woreyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na w’asafo no bɛkɔ bi no? Wubehia dabere? Nsɛm a edidi so yi bɛboa wo ma woasiesie wo ho.
3. (a) Mmamu bɛn na Yesaia 25:6 renya nnɛ? (b) Dɛn na wɔahyɛ no nsow wɔ nnipa dodow a wɔba nhyiam Fida no ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ?
3 Kɔ Nnansa no Nyinaa: Yehowa ma ne nkurɔfo honhom fam nnuan pii. (Yes. 25:6) Ebi ne Onyankopɔn asɛm a wosiesie ma yɛn afe biara wɔ ɔmantam nhyiam ase no. Wɔahyɛ no nsow sɛ nnipa a wɔba Fida nhyiam ase no sua koraa sen wɔn a wɔba nna a aka no. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ nnansa ɔmantam nhyiam a ɛyɛ anigye a Yehowa ahyehyɛde no asiesie ama yɛn no nyinaa bi! Sɛ ɛho hia sɛ wosrɛ kwan fi w’adwumawura hɔ a, fa kɔ mpaebɔ mu. Afei ‘nya akokoduru’ na wo ne w’adwumawura nka ho asɛm ntɛm ara. (1 Tes. 2:2; Neh. 2:4, 5) Sɛ wokyerɛkyerɛ mu kyerɛ no sɛ nhyiam a wokɔ no afe afe no ka wo som ho a, ebia a ɛbɛboa. Sɛ woyɛ eyi ntɛm a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama w’adwumawura sɛ ɔbɛyɛ nsakrae na wama wo kwan ma woakɔ.
4. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn Bible asuafo ne yɛn abusuafo a wonni asafo no mu ma wɔasiesie wɔn ho ama nhyiam no?
4 Boa Wo Bible Asuafo ne W’abusua Ma Wonsiesie Wɔn Ho: Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wo ne wo Bible asuafo bɛkɔ nhyiam no na wɔahu sɛnea yɛn Kristofo anuanom da ɔdɔ adi wɔ “asafo kɛse mu”! (Dw. 22:25) Ka kyerɛ wɔn ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi anya bere de akɔ. Ka nea enti a w’ankasa w’ani gye ɔmantam nhyiam ahorow a wokɔ no ho asɛm kyerɛ wɔn. Wubetumi ayi nhyiam ahorow a yɛakɔ ho video, titiriw United by Divine Teaching video no de akyerɛ wo Bible asuafo na ama wɔahu nea ɛbɛkɔ so wɔ hɔ. Ma w’abusuafo a wonni asafo no mu nso nhu wo nhyehyɛe. Ebia wobetumi ayɛ nhyehyɛe abɛhwɛ drama no bi anaasɛ anyɛ yiye koraa no wɔne wo akɔ nhyiam no mu da koro.
5, 6. (a) Yɛbɛyɛ dɛn ada ayamye su a wɔka ho asɛm wɔ 1 Timoteo 6:18 no adi? (b) Nhyehyɛe bɛn na wɔayɛ ama wɔn a ebia a wobehia mmoa na wɔanya baabi ada no?
5 Boa Wo Nuanom: Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo a na wɔyɛ adefo no fo sɛ “wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefo nnwuma pa mu, wommue wɔn nsam, na wɔnkyɛ ade.” (1 Tim. 6:17, 18) Sɛ yesusuw wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔyare, wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu, awofo a wonni aware mu ahokafo, ne ebia afoforo a wɔwɔ asafo no mu a wobehia mmoa na wɔakɔ nhyiam no ho a, yebetumi ada ayamye su a Paulo hyɛɛ ho nkuran no bi adi. Wɔn a saafo yi ho asɛyɛde da wɔn so titiriw ne wɔn abusuafo a wɔwɔ nokware no mu no, nanso asafo mu mpanyimfo ne afoforo betumi asusuw wɔn ho na wɔafi ayamye mu aboa wɔn. (Gal. 6:10; 1 Tim. 5:4) Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo hwɛ sɛ wɔayɛ nhyehyɛe a edi mu ama wɔn kuw mufo a wɔwɔ ahiade titiriw no bere tenten ansa na nhyiam no adu so.
6 Sɛ ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ ahiade soronko hyehyɛ dabere ho akwammisa kratasin (Room Request) de ba a, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no susuw fata a ɔfata no ho, na wɔde akwankyerɛ a ɛwɔ akwammisa kratasin no so di dwuma. Wɔayɛ nsiesiei yi ama adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa ne wɔn mma a wɔbɔ ɔbra pa no nkutoo.
7. Sɛ ebehia sɛ yɛkɔ nhyiam foforo a ɛnyɛ ɛno na yɛn asafo bɛkɔ a, akwankyerɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yedi so?
7 Nhyiam Foforo a Wobɛkɔ: Nea ɛbɛyɛ na wɔanya nkongua, nhoma, dabere ne nea ɛkeka ho dodow a ɛsɛ no, wɔhyɛ wo nkuran sɛ kɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ mo asafo no nkɔ bi no. Sɛ wo nsɛm tebea hwehwɛ sɛ wokɔ nhyiam foforo a, yɛsrɛ sɛ hwɛ nhyiam a wobɛkɔ bi no address wɔ kratafa 6. Sɛ wɔbɛyɛ nhyiam no abien anaa nea ɛboro saa wɔ kurow no mu a, kyerɛ nhyiam kõ a wopɛ sɛ wokɔ bi no.
8. (a) Bere bɛn na ɛbɛfata sɛ asafo bi kɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ma ɛtra wɔn adwenem?
8 Ebia nneɛma bi te sɛ kasa, ɔkwan no tenten, ne lɔre a wobenya no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ asafo ahorow a ɛwɔ nkurow nketewa mu no bi bɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔn tebea te saa no wɔ hokwan sɛ wɔkɔ ɔmantam nhyiam foforo. Ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛw Betel adwumayɛbea de bisa kwan. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wobesi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no bɔ ɔmansin sohwɛfo no amanneɛ ntɛm na amma wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wonni hɔ no. Sɛ́ asafo no bɛkɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ anaa foforo bi no, ɛsɛ sɛ anuanom a wɔyɛ akwantu ho nhyehyɛe no hwɛ hu sɛ wɔbɛfa lɔre a ɛwɔ ahoɔden na asɛm biara nni ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ nso sɛ wɔremma lɔre no mfa nnipa mmoro nea ɛsɛ sɛ ɛfa so mfa mmu Kaesare mmara so.
9. Ɔkwan bɛn so na wodi nkrataa a wɔde hwehwɛ dabere no ho dwuma ansa na wɔde amena?
9 Dabere: Yɛde “Room Request” nkratasin amena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ “Room Request” kratasin no bi na fa ma w’asafo mu ɔkyerɛwfo no ma ɔnhwɛ sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ SƐ wode “Room Request” nkratasin ne nhyiam no ho nkrataa foforo mena Betel adwumayɛbea no wɔ Accra.
10. Sɛ wɔma yɛn dan wɔ nkurɔfo afie mu a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ ahɔho a yɛda anisɔ adi?
10 Yebenya dabere no bi wɔ nkurɔfo afie mu anaa wɔ anuanom fie. Wɔde adan yi ma wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa dabere no ma wɔn no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛtra wɔn fiewura no fie hɔ, na ɛnsɛ sɛ wotu ofiewura no nneɛma pansam anaa wɔsɛe no, wohuruw gyina nkongua ne apon so anaa wɔkɔ ofie hɔ mmeae bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ. Yebetumi akyerɛ obu denam yɛn dan mu a yebesiesie ma ɛhɔ atew da biara so. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw wɔ nneɛma a ɛte sɛɛ ho a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa. Ahɔho pa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛremfa yɛn nnesoa nyinaa nkɔto yɛn fiewura no so.
11. Sɛ yɛte ahɔhodan mu a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada Kristofo dɔ ne obu adi akyerɛ afoforo?
11 Sɛ wopɛ sɛ wotra ahɔhodan mu a, kae hia a ehia sɛ wode wo nneyɛe, wo kasa ne w’ahosiesie bedi adanse pa no. Ɛnsɛ sɛ yebu wɔn a wɔde aduan bɛbrɛ yɛn anaa wobesiesie yɛn dan mu no animtiaa da. Ɛwom sɛ yebetua adwuma a wɔbɛyɛ ama yɛn no ho ka de, nanso ɛfata sɛ yɛda obu adi kyerɛ adwumayɛfo yi. Eyi bɛma ada adi sɛ nsonsonoe da Yehowa nkurɔfo ne wɔn a wonnim Bible mu a enti wɔnna obu ne ɔdɔ a ɛte saa adi nkyerɛ afoforo no ntam.
12. (a) Dɛn na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔbɛba nhyiam no nyinaa besiesie de aba nnansa nhyiam no nyinaa, na dɛn ntia? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ no awia ahomegye bere no, na mfaso bɛn na yebenya afi so?
12 Aduan Ho Nhyehyɛe: Yɛhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔbɛba nhyiam no nyinaa de nsu a wɔbɛnom ne biribi a emu nyɛ duru befi fie aba abedi wɔ awia ahomegye bere no mu. Eyi ma yetumi tra nhyiambea hɔ ne afoforo bɔ fekuw na yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran sen sɛ yebepue akɔhwehwɛ aduan ne anonne esiane sɛ yɛansiesie yɛn ho nti. Sɛ yetuu kwan fii baabi na ɛbaa nhyiam no mpo a, ɛsɛ sɛ yedi kan siesie biribi a emu nyɛ duru a yɛne yɛn anigyefo bedi no awia ahomegye bere no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtra nhyiam no ase ne afoforo abɔ fekuw. Eyi a yɛbɛyɛ no bɛma yɛakyerɛ honhom fam nneɛma a ɛho hia paa no ho anisɔ.
13, 14. (a) Nnwuma bɛn na wɔyɛ ma yɛn ansa na yɛadu nhyiam ase? (b) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ nnwuma a wɔyɛ ma yɛn no nyinaa ho anisɔ? (Kenkan Hebrifo 13:17.)
13 Boa ma Nhyehyɛe a Wɔayɛ no Nkɔ So: Sɛ yedu nhyiam no ase a, yebehu sɛ wɔayɛ adwuma pii de asiesie hɔ ama yɛn. Anuanom adɔfo a wogye ahɔho no kyia yɛn, ma yɛn dwumadi nhyehyɛe, na wɔma yɛn baabi tra. Yɛbɛkɔ no na yɛn nuanom asiesie nhyiambea hɔ ahyehyɛ asɛnka agua no fɛfɛɛfɛ. Wɔyɛ nnwuma a ehia de siesie nhyiam dwumadi no afã ahorow, wɔne ahɔhodan adwumayɛfo yɛ nhyehyɛe, na wodi nneɛma ahorow bi ho dwuma nso a yenhu.
14 Nnipa pii de asram bebree yɛ adwuma de toto nhyiam biara ho nneɛma, na wɔn mmusua nso ma wɔn kwan ma wodi nneɛma a ehia saa ho dwuma de boa. So yɛn ani nsɔ afɔre a wɔbɔ ma yɛn no? Yebetumi adi akwankyerɛ a ɛwɔ asɛm yi mu ne akwankyerɛ foforo biara a yɛn nsa bɛka ansa na yɛakɔ nhyiam no so de akyerɛ ho anisɔ. (Heb. 13:17) Sɛ obiara fi ne pɛ mu boa a, etumi ma ‘biribiara kɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.’—1 Kor. 14:40.
15. (a) Dɛn nti na Yehowa nkurɔfo nhyiam ho hia paa wɔ yɛn bere yi mu? (b) Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ nnɛ?
15 Onyankopɔn nkurɔfo nhyiam ho hia paa bere a ‘yehu sɛ da no rebɛn no.’ (Heb. 10:25) Wɔ yɛn Kristofo nhyiam akɛse ase no, akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ma yɛn nsɛm a ɛbɛboa yɛn ma ‘yɛahwɛ nsɛm’ a Yehowa pɛ sɛ ‘yedi so nyinaa’ no so. (Deut. 31:12) Fi ase yɛ nhyehyɛe nnɛ sɛ wobɛkɔ nnansa “Munni Kristo Akyi!” Ɔmantam Nhyiam no nyinaa bi na ama woanya Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ne fekubɔ pa no so mfaso!
[Kratafa 3 adaka]
Dwumadi Mmere
Fida ne Memeneda
Anɔpa 9:20 kosi Anwummere 5:05
Kwasida
Anɔpa 9:20 kosi Anwummere 4:10
[Kratafa 5 adaka]
Fi Ase Yɛ Nhyiam no Ho Nhyehyɛe Nnɛ
• Yɛ nhyehyɛe pa na ama woatumi akɔ nhyiam a wɔbɛyɛ no nnansa no nyinaa bi.
• Srɛ kwan fi w’adwumawura hɔ seesei ara.
• Fi ase sie sika a wubehia ama nhyiam no.
• Da biara fa aduan bi a emu nyɛ duru a wubedi no awia ne nsu a wobɛnom kɔ nhyiam no na woamfi hɔ ankɔtɔ aduan ne nsu wɔ abɔnten.
• Yɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a w’abusuafo NYINAA benya dwumadi no nyinaa mu kyɛfa.