Afe 2006 Yehowa Adansefo “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam Nhyiam
1. Tete no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo daa anisɔ a wɔwɔ ma nokware som no adi, na hokwan a ɛte saa ara bɛn na nnɛ yɛwɔ?
1 Tete Yuda hene Hesekia de nhoma maa mmirikatufo ma wɔde kɔmaa ne manfo sɛ wɔmmɛbɔ gua wɔ Yerusalem. (2 Be. 30:6, 13) Sɛnea ɔman no yɛɛ wɔn ade wɔ ɔfrɛ no ho no maa suban a na wɔda no adi wɔ nokware som ho no daa adi. (2 Be. 30:10-12) Wɔ asram a edi yɛn anim mu no, Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ benya hokwan saa ara de ada anisɔ kɛse a wɔwɔ ma hyia a wohyiam de som Yehowa no adi. Wɔato nsa afrɛ mo asafo no sɛ mommra “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam Nhyiam no bi. Dɛn na mobɛyɛ wɔ ɔfrɛ no ho?
2. Sɛ yebenya nhyiam no so mfaso paa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ?
2 Fi Ase Yɛ Nhyehyɛe Nnɛ: Nea ɛbɛyɛ na yɛanya honhom fam dwumadi a wofi ɔdɔ mu resiesie ama yɛn no so mfaso paa no, ehia sɛ yɛkɔ dwumadi no nyinaa bi. Fi nyansam yɛ nhyehyɛe biara a ehia na wo ne w’abusua atumi akɔ nnansa no nyinaa. (Mmeb. 21:5) Ahoboa a ɛsɛ sɛ woyɛ no bi ne sɛ wobɛsrɛ kwan afi w’adwumawura hɔ, wo ne wo hokafo a onnye nni besusuw asɛm no ho, wobɛyɛ dabere ho nhyehyɛe ato hɔ, na woaboa wo Bible asuafo ma wɔakɔ nhyiam no nyinaa bi. Nyɛ mmɔtohɔ mma nneɛma a ehia yi nka akyi dodo. Mmom no, fa kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu na nya ne mu ahotoso sɛ “ɔno na ɔbɛyɛ.”—Dw. 37:5.
3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛboa ma nhyehyɛe a wɔayɛ ama nhyiam no nyinaa kɔ yiye?
3 Yehowa ahyehyɛde no abɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwɛ ma wɔayɛ nhyehyɛe a ɛfata wɔ kurow biara a wɔbɛyɛ nhyiam wom no mu. Ɛsɛ sɛ anisɔ a yɛwɔ ma anuanom a wɔde wɔn ho bɔɔ afɔre yɛɛ adwumaden wɔ nhyehyɛe yi ho, yɛn mfɛfo nhyiamfo a yebesusuw wɔn ho, ne obu a yɛbɛkyerɛ ama Onyankopɔn nhyehyɛe no ka yɛn ma yetie akwankyerɛ a wɔde ama wɔ ha yi nyinaa.—1 Kor. 13:5; 1 Tes. 5:12, 13; Heb. 13:17.
4. Ɔkwan bɛn so na wodi nkrataa a wɔde hwehwɛ dabere no ho dwuma ansa na wɔde amena?
4 Dabere: Yɛde “Room Request” nkratasin amena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ “Room Request” kratasin no bi na fa ma w’asafo mu ɔkyerɛwfo no ma ɔnhwɛ sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ SƐ wode “Room Request” nkratasin ne nhyiam no ho nkrataa foforo mena Betel adwumayɛbea no wɔ Accra.
5. Sɛ wɔma yɛn dan wɔ nkurɔfo afie mu a, ɔkwan bɛn so na yɛbɛkyerɛ sɛ yɛyɛ ahɔho a yɛda anisɔ adi?
5 Yebenya dabere no bi wɔ nkurɔfo afie mu anaa wɔ anuanom nkyɛn. Wɔde adan yi ma wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa dabere no ma wɔn no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛtra wɔn fiewura no fie hɔ, na ɛnsɛ sɛ wotu ofiewura no nneɛma pansam anaa wɔsɛe no, wohuruw gyina nkongua ne apon so anaa wɔkɔ ofie hɔ mmeae bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ. Yebetumi akyerɛ obu denam yɛn dan mu a yebesiesie ma ɛhɔ atew so. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw wɔ nneɛma a ɛte sɛɛ ho a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa. Ahɔho pa a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yɛremfa yɛn nnesoa nyinaa nkɔto yɛn fiewura no so.
6. Sɛ yɛte ahɔhodan mu a, ɔkwan bɛn so na yebetumi ada Kristofo dɔ ne obu adi akyerɛ afoforo?
6 Sɛ wopɛ sɛ wotra ahɔhodan mu a, kae hia a ehia sɛ wode wo nneyɛe, wo kasa ne w’ahosiesie bedi adanse pa no. Ɛnsɛ sɛ yebu wɔn a wɔde aduan bɛbrɛ yɛn anaa wobesiesie yɛn dan mu no animtiaa da. Ɛwom sɛ yebetua adwuma a wɔbɛyɛ ama yɛn no ho ka de, nanso ɛsɛ sɛ yɛda obu adi kyerɛ adwumayɛfo yi. Eyi bɛma ada adi sɛ nsonsonoe da Yehowa nkurɔfo ne wɔn a wonnim Bible mu a enti wɔnna obu ne ɔdɔ a ɛte saa adi nkyerɛ afoforo no ntam.
7, 8. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ wɔn a wɔwɔ ahiade soronko no?
7 Wɔn a Wɔwɔ Ahiade Soronko: Mmebusɛm 3:27 ka sɛ: “Mfa yiyeyɛ nkame nea ɛsɛ no, bere a ɛwɔ wo tumi mu sɛ wobɛyɛ no.” Ɔkwan bɛn so na wubetumi afa nhyiam no so ayɛ afoforo yiye? Adawurubɔfo a wɔn mfe akɔ anim, wɔn a wonni ahoɔden, bere nyinaa asomfo ne afoforo behia mmoa na wɔatumi atua kar ne dabere ho ka. Ɛyɛ abusuafo asɛde titiriw sɛ wɔhwɛ nnipa a wɔte saa no. (1 Tim. 5:4) Nanso sɛ wɔrentumi a, mfɛfo agyidifo betumi aboa wɔn. (Gal. 6:10) Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo hwɛ sɛ wɔayɛ nhyehyɛe a edi mu ama wɔn kuw mufo a wɔwɔ ahiade titiriw no bere tenten ansa na nhyiam no adu so.
8 Sɛ ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ ahiade soronko hyehyɛ dabere ho akwammisa kratasin (Room Request) de ba a, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no susuw fata a ɔfata no ho, na wɔde akwankyerɛ a ɛwɔ akwammisa kratasin no so di dwuma. Wɔayɛ nsiesiei yi ama adawurubɔfo a wɔwɔ gyinabea pa ne wɔn mma a wɔbɔ ɔbra pa no nkutoo.
9. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ yɛnkɔ no? (b) Sɛ yɛn nsɛm tebea hwehwɛ sɛ yɛkɔ nhyiam foforo a, akwankyerɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yedi akyi?
9 Nhyiam Foforo a Wobɛkɔ: Nea ɛbɛyɛ na wɔanya nkongua, nhoma, adan ne nea ɛkeka ho dodow a ɛsɛ no, wɔhyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔn asafo no nkɔ bi no. Sɛ wo nsɛm tebea hwehwɛ sɛ wokɔ nhyiam foforo a, yɛsrɛ sɛ hwɛ nhyiam a wobɛkɔ bi no address wɔ kratafa 6. Sɛ wɔbɛyɛ nhyiam no abien anaa nea ɛboro saa wɔ kurow no mu a, hwɛ sɛ wobɛkyerɛ da a wɔbɛyɛ nhyiam a wopɛ sɛ wokɔ bi no.
10. (a) Bere bɛn na ɛbɛfata sɛ asafo bi kɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no ma ɛtra wɔn adwenem?
10 Ebia nneɛma bi te sɛ kasa, ɔkwan no tenten, ne lɔre a wobenya no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ asafo ahorow a ɛwɔ nkurow nketewa mu no bi bɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔn tebea te saa no wɔ hokwan sɛ wɔkɔ ɔmantam nhyiam foforo. Ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛw Betel adwumayɛbea de bisa kwan. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wobesi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ɛnyɛ ɛno na wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no bɔ ɔmansin sohwɛfo no amanneɛ ntɛm na amma wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wonni hɔ no. Sɛ́ asafo no bɛkɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ anaa foforo bi no, ɛsɛ sɛ anuanom a wɔyɛ akwantu ho nhyehyɛe no hwɛ hu sɛ wɔbɛfa lɔre a ɛwɔ ahoɔden na asɛm biara nni ho. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ sɛ wɔremma lɔre no mfa nnipa mmoro nea ɛsɛ sɛ ɛfa so mfa mmu Kaesare mmara so.
11. Dɛn ne ɔkwan biako a yebetumi afa so aboa ma anigye a yɛde bɛyɛ nhyiam a ɛreba no ayɛ kɛse?
11 Wohia Atuhoamafo: Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔbɛkɔ nhyiam no akonya honhom fam aduan ne fekubɔ a ɛma denhyɛ no nyinaa ani begye. Sɛ yetu yɛn ho ma sɛ yɛbɛyɛ adwuma aboa ma nhyiam no akɔ so yiye a, yebenya anigye a ɛsen saa mpo. (Aso. 20:35) Ɛrenkyɛ koraa Nhyiam Boayikuw a ɛhwɛ mo hɔ nhyiam so no bɛto nsa afrɛ afoforo ama wɔne wɔn ayɛ adwuma. Wubetumi de wo ho ama?—Dw. 110:3.
12. (a) Su bɛn na wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma wɔ nhyiam ase no da no adi? (b) Dwumadibea bɛn na wɔtaa hia atuhoamafo pii?
12 Wobehia mmoa wɔ dwumadibea a Wogye Ahɔho, wɔn a Wɔhwɛ Baabi a Wɔde Kar Sisi, ne wɔn a Wosiesie hɔ no titiriw. So yebetumi aboa dwumadibea yi ne afoforo a wobehia yɛn mmoa no? Wɔhwɛ kwan sɛ asafo mu mpanyimfo titiriw betu wɔn ho ama ayɛ nnwuma ahorow yi. Wɔn pɛ mu a wofi boa no ma wɔyɛ nhwɛso pa ma asafo no mufo nyinaa.—1 Pet. 5:2, 3.
13. (a) Dɛn na wɔhwɛ kwan sɛ nhyiamfo no nyinaa besiesie de aba nnansa nhyiam no nyinaa, na dɛn ntia? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ no awia ahomegye bere no, na mfaso bɛn na yebenya afi so?
13 Aduan Ho Nhyehyɛe: Mfe kakra atwam fi bere a yefii nhyehyɛe a ɛne sɛ “yɛrenyɛ aduan biara” wɔ yɛn ɔmantam ne ɔmansin nhyiam biara ase no. Eyi ma yetumi tra nhyiambea hɔ ne afoforo bɔ fekuw na yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran sen sɛ yebepue akɔhwehwɛ aduan ne anonne esiane sɛ yɛansiesie yɛn ho nti. Yɛhwɛ kwan sɛ nhyiamfo nyinaa de nsu a wɔbɛnom ne biribi a emu nyɛ duru befi fie aba abedi wɔ awia ahomegye bere no mu. Sɛ yetuu kwan fii baabi na ɛbaa nhyiam no mpo a, ɛsɛ sɛ yedi kan siesie biribi a emu nyɛ duru a yɛne yɛn anigyefo bedi no awia ahomegye bere no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtra nhyiam no ase ne afoforo abɔ fekuw. Eyi a yɛbɛyɛ no bɛma yɛakyerɛ honhom fam nneɛma a ɛho hia paa no ho anisɔ.
14. Yɛbɛyɛ dɛn aboa ama nhyiambea hɔ atew?
14 Baabiara a yɛbɛtra adidi wɔ ahomegye bere mu no, momma yɛnhwɛ yiye sɛ yɛrensɛe nkongua no so anaasɛ yɛremfa nwura mpete hɔ. Wɔde nneɛma a wɔde nwura gu mu besisi nhyiam no biara ase. Yɛsrɛ sɛ momfa nwura ngu eyinom mu.
15. Dɛn na ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkyere dwumadi no gu kasɛt anaa video so no yɛ?
15 Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt Anaa Video So: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyere dwumadi gu wɔn ankasa kasɛt so no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase na ɛrentwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no. Yɛn ani begye sɛ mubedi akwankyerɛ yi so.
16. Dɛn na ɛma w’ani gye ɔmantam nhyiam a yɛyɛ no afe biara no ho, na dɛn na ɛsɛ sɛ wusi wo bo sɛ wobɛyɛ?
16 Bere a abarimaa bi a wadi mfe anum rekɔ ɔmantam nhyiam bi no, ɔkae sɛ: “Yehowa som mu ade a m’ani gye ho paa ne ɔmantam nhyiam.” Asɛm a ɛka koma saa no boa yɛn nyinaa ma yehu anigye a yenya wɔ ɔmantam nhyiam a yɛkɔ no afe biara no mu. Ɛne odwontofo no asɛm yi hyia: “Wo fi dakorodi ye sen nna apem.” (Dw. 84:10) Dawid nam nnwonto so daa sɛnea na ɔpɛ sɛ ‘ɔtra Yehowa fie ne nkwa nna nyinaa na ama wakyerɛ Yehowa asɔrefie ho anisɔ no adi.’ (Dw. 27:4) Dawid ani gyei paa sɛ ɔne Yehowa asomfo bɛbɔ. Momma yensuasua anisɔ a na ɔwɔ ma nokware som no bi denam nnansa a wɔde bɛyɛ “Yɛn Nkwagye Abɛn!” Ɔmantam Nhyiam no nyinaa a yɛbɛkɔ bi no so.
[Kratafa 3 adaka]
Dwumadi Mmere
Fida ne Memeneda
Anɔpa 9:30 kosi anwummere 5:05.
Kwasida
Anɔpa 9:30 kosi anwummere 4:10.
[Kratafa 5 adaka]
Fi Ase Yɛ Nhyiam no Ho Nhyehyɛe Nnɛ
• Yɛ nhyehyɛe pa na ama woatumi akɔ nhyiam dwumadi a wɔbɛyɛ no nnansa no nyinaa bi.
• Srɛ kwan fi w’adwumawura hɔ ntɛm ara.
• Fi ase sie sika a wubehia ama nhyiam no.
• Da biara fa aduan bi a emu nyɛ duru a wubedi no awia ne nsu a wobɛnom kɔ nhyiam no na woamfi hɔ ankɔtɔ aduan ne nsu wɔ abɔnten.
• Yɛ nhyehyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a w’abusuafo NYINAA benya dwumadi no nyinaa mu kyɛfa.