2002 Yehowa Adansefo “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam
1 “M’ani gyei sɛ wosee me sɛ: Ma yɛnkɔ [Yehowa, NW] fi.” (Dw. 122:1) Bere a yɛrehwehwɛ asɛm a odwontofo no kae no mu no, hyɛ (1) sɛnea ɔtee nka bere a wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra ma wɔmmom nsom Yehowa no, (2) ayɔnkofo pa a onyae a na wɔn nso kyerɛ nokware som ho anigye, ne (3) nhyehyɛe a ɛbɛyɛ sɛ na ehia na ama wɔato nsa afrɛ afoforo, na wɔaboaboa wɔn ho ano na wɔatu kwan akɔ Onyankopɔn fi no, nsow.
2 So odwontofo no nsɛm no nkyerɛ sɛnea yɛn ankasa te nka bere a yɛte sɛ wɔreyɛ nhyehyɛe ama ɔmantam nhyiam a edi hɔ no? Sɛ yɛkae anigye a yenyae wɔ ɔmantam nhyiam ahorow a atwam no ase ne anidaso a yɛwɔ sɛ yɛne yɛn mfɛfo a wɔdɔ Yehowa bɛsan akɔ nhyiam titiriw bi a, ɛma yɛhwɛ kwan. Wɔayɛ nhyehyɛe ama nnansa “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam a wɔbɛyɛ wɔ Ghana baa dwumadibea asasesin mu nyinaa no wɔ 2002 mu. Afei bere aso sɛ yɛbɛyɛ yɛn nhyehyɛe akɔ na yɛakonya honhom fam apontow a ɛretwɛn yɛn no so mfaso akosi ase.
3 “Ofiepanyin nokwafo ne ɔbadwemma” no afi ase resiesie honhom fam aduan a ɛyɛ ne bere mu de a wɔde bɛma wɔ nhyiam no ase no. (Luka 12:42) Wɔakyerɛ sɛ asafo biara nkɔ nhyiam pɔtee bi na ama yɛatumi akwati nkyereso wɔ baabiara a yɛbɛyɛ bi no. Afei nso, anuanom pii afi ase rehyehyɛ nhyiam dwumadibea ahorow no na ama ‘yɛayɛ nneɛma nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.’ (1 Kor. 14:40) Bere a wɔayɛ nneɛma pii dedaw na aboa na yɛammrɛ no, dɛn na yɛn ankasa betumi ayɛ de asiesie yɛn ho ama nhyiam no?
4 Yɛ Nhyehyɛe Nnɛ Sɛ Wobɛkɔ Nnansa no Nyinaa: So ehia sɛ wubisa kwan fi w’adwumawura hɔ na ama woakɔ nhyiam a wɔkyerɛ sɛ kɔ no nyinaa? Yehowa nim sɛ “ɛyɛ den sɛ yɛbɛsɔ” adwumawuranom binom “ani.” (1 Pet. 2:18, NW) Nanso, ɔmantam nhyiam no ho hia yiye, na yɛpɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse kɔ na yɛakotie dwumadi no nyinaa. Bɔ Yehowa mpae wɔ nsɛm a ɛtete saa ho na hwehwɛ n’akwankyerɛ na biribi pa afi mu aba.—Neh. 2:4.
5 Akwankyerɛ a Ɛbɛma Woanya Dabere: Yɛde “Room Request” nkratasin remena asafo biara. Sɛ wopɛ sɛ nhyiam no so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wo a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ “Room Request” kratasin no bi na fa ma mo asafo mu ɔkyerɛwfo ma ɔnhwɛ sɛ biribiara ayɛ pɛpɛɛpɛ, na afei fa mena faako a wobɛkɔ nhyiam no. ƐNSƐ sɛ wode “Room Request” nkratasin ne nhyiam no ho nkrataa foforo mena baa dwumadibea no wɔ Accra.
6 Yebenya dabere no bi wɔ ankorankoro afie mu. Wɔde adan yi bɛma wɔ nhyiam bere no mu NKUTOO. Ɛsɛ sɛ wɔn a wonya saa dabere no hwɛ hu sɛ wɔne wɔn mma de obu bɛyɛ ade wɔ wɔn fiewura no fie hɔ, na wɔrentu ofiewura no nneɛma mpansam anaa wɔnsɛe no, anaasɛ wɔnkɔ ofie no fã bi a wonni hokwan sɛ wɔkɔ hɔ no. Sɛ afiewuranom hyia ɔhaw a ɛtete saa a, ɛsɛ sɛ wɔma dabere sohwɛfo no aso te ntɛm ara wɔ nhyiam no ase, na n’ani begye ho sɛ ɔbɛboa.
7 Wɔn a wɔmfa wɔn “Room Request” nkratasin nkɔ ansa na wɔadu kurow a wɔbɛyɛ nhyiam no wom mu no ma nhyiam so ahwɛfo no hyia ɔhaw kɛse, efisɛ ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ dabere ma saa nhyiamfo no wɔ bere tiaa bi mu. Nhyehyɛe a wɔma ɛka akyiri saa no ho ka betumi ayɛ kɛse. Enti, ɛsɛ sɛ nhyiamfo a wɔpɛ sɛ nhyiam so ahwɛfo hwehwɛ dabere ma wɔn no nyinaa hyehyɛ “Room Request” nkratasin no na wɔde mena nhyiam so ahwɛfo no bere tenten ansa na nhyiam no adu so. Ntoaso sukuu ahorow a wɔma nhyiamfo dabere no bi hwehwɛ sɛ nhyiamfo no tua anadwo biara a wɔda hɔ no ho sika kɛse mprempren. Enti ehia sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebetua sika wɔ dabere ho, sɛ́ ɛyɛ sukuu adan anaa obi fie no.
8 Hwehwɛ Asafo no Mu: Sɛ yenim sɛ onuabarima anaa onuawa bi wɔ nipaduam mmerɛwyɛ bi anaasɛ onni honam fam mmoa bi a ɛno nti ebetumi ayɛ den ama no sɛ ɔbɛkɔ nhyiam no a, so yebetumi ‘atrɛw’ yɛn dɔ mu na ama yɛde mmoa bi ama? (2 Kor. 6:12, 13; Deut. 15:7) Eyi ne su a Paulo hyɛɛ ho nkuran wɔ 2 Korintofo 8:14. Dɛn nti na wonto nsa mfrɛ saafo no mma wɔmmɛka wo ho mma monkɔ nhyiam no? Sɛ wɔyɛ akwampaefo a, ɛda adi sɛ wɔwɔ osuahu pii a ɛyɛ anigye a wɔbɛka akyerɛ wo wɔ kwan so. Sɛ wɔyɛ asafo no mufo a wɔakyɛ a, ebia na wonim teokrase ho abakɔsɛm bi a ɛyɛ anigye a wontee da. So anuanom mmarima ne mmea yi a wo ne wɔn bɛbɔ no rennya wo ne w’abusua so nkɛntɛnso pa? Wɔn ani bɛsɔ w’ayamye su no na Yehowa betua wo so ka.—Mmeb. 28:27; Mat. 10:42.
9 Ɛwom sɛ wɔn a wɔwɔ ahiade soronko no abusuafo a wɔyɛ Kristofo no titiriw na wɔhwɛ wɔn de, nanso mpanyimfo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu betumi afi ɔdɔ mu aboa ma wɔayɛ nhyehyɛe. (1 Tim. 5:4) Sɛ wɔde wɔn a wɔwɔ ahiade soronko “Room Request” nkratasin ma Asafo Ɔsom Boayikuw no a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ ɔdebisafo biara fata ansa na wɔde nkratasin yi amena Dabere Dwumadibea no. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no kyerɛw ne telefon nɔma hyɛ kratasin no so na sɛ Dabere Dwumadibea no wɔ nsɛmmisa bi a, wɔatumi ne no adi nkitaho. Ɛsɛ sɛ wɔde adammisa nkratasin a wɔapene so no kɔ baabi a wɔbɛyɛ nhyiam no a address no wɔ krataa yi kratafa 6 no.
10 Nhyiam Foforo a Yɛbɛkɔ: Wɔakyerɛ sɛ asafo biara nkɔ nhyiam a ɛbɛn wɔn pɛɛ no. Sɛ wɔbɛyɛ nhyiam abien wɔ kasa koro mu wɔ kurow bi mu a, ebia anuanom bi bɛpɛ sɛ wɔkɔ abien no nyinaa bi. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛma wɔanya hokwan ahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran kɛse de, nanso yehyia ɔhaw ahorow wɔ nneɛma a wɔde yɛ nhyiam no ho, ma enti ɛmma atirimpɔw a ɛne sɛ yɛbɛma nnipa a wɔbɛba no dodow ayɛ nea ɛsɛ no nyɛ hɔ. Enti yɛsrɛ sɛ anuanom a wɔwɔ nkurow akɛse mu no nkɔ nhyiam a yɛakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ saa kurow no mu no nkutoo. Sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ nhyiam foforo wɔ kurow foforo mu a, yenni ho asɛm biara. Wɔma anuanom a wɔpaw wɔn sɛ wɔnyɛ nhyiam no ho adwuma bi a egye ntɛmpɛ, a ɛno nti dwumadi no afã horow pa wɔn ti so no kwan sɛ wobetumi akɔ nhyiam foforo wɔ kurow koro no ara mu. Afei nso, sɛ kasa a anuanom binom nte nti, wɔpɛ sɛ wɔkɔ nhyiam a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ wɔ kurow no mu a, wɔma eyi ho kwan.
11 Wɔ nkuraase asafo ahorow bi fam no, ebia nsɛm bi te sɛ kasa, ɔkwan no tenten ne lɔre a wobenya no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no wɔ kurow foforo mu, a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no. Asafo ahorow a wɔwɔ saa tebea yi mu no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Ɛho nhia sɛ wɔkyerɛw Asafo ti no de bisa kwan. Nanso, ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wosi gyinae sɛ wɔbɛkɔ nhyiam foforo a ɛnyɛ nea wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ no di kan bɔ wɔn mansin sohwɛfo amanneɛ bere tenten na amma wanyɛ nhyehyɛe sɛ ɔrebɛsra wɔn wɔ dapɛn a wɔbɛkɔ nhyiam no mu. Sɛ́ ebia asafo no kɔ nhyiam a wɔakyerɛ sɛ wɔnkɔ anaa foforo no, ɛsɛ sɛ anuanom a wɔhwɛ akwantu nhyehyɛe so no hwɛ hu sɛ lɔre biara a wɔfa no wɔ ahoɔden na asɛm biara nni ho.
12 Bolgatanga Nhyiam: Yɛbɛyɛ “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam no biako wɔ Bolgatanga fi January 3 kosi 5, 2003, wɔ Twi ne Frafra kasa mu. Yɛhyɛ anuanom a wɔwɔ ɔman yi anafo a wobetumi akɔ nhyiam yi bi no nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ. Ebia afe yi nso Asafo ti no bɛyɛ lɔre ho nhyehyɛe soronko ama akwantu no. Yɛhyɛ wɔn a wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ no nkuran sɛ wɔnyɛ afie afie ne bɔnnɔ so adansedi bere a wɔwɔ Bolgatanga no. Yɛhyɛ wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa nkuran sɛ womfi ase nsiesie wɔn ho mma nhyiam no.
13 Adwuma a Edi Nhyiam Anim: Yɛn ani asɔ mo mmoa wɔ eyi mu wɔ bere a atwam mu no yiye. Sɛnea yɛyɛ daa no, yɛbɛbɔ apata, ahwehwɛ dabere ne ade. Yɛwɔ ahotoso sɛ kurow a yɛbɛyɛ nhyiam no wom no mu asafo ahorow ne nea ɛbemmɛn no mufo nyinaa bɛyɛ nhyehyɛe na wɔayɛ adwuma a ɛho hia yi bi kɛse wɔ dapɛn awiei ne dapɛn no mu. Sɛ anuanom pii betumi ayɛ nhyehyɛe akɔ hɔ akɔtoto biribiara bere a aka da koro anaa nnanu ma yɛafi nhyiam no biara ase a, anka eyi bɛboa yiye. Esiane sɛ ntoboa na yɛde yɛ nhyiam ahorow no ho biribiara nti, sɛ yɛkɔyɛ adwuma a edi nhyiam anim no a, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nhyiam so ahwɛfo no bɛma yɛn aduan kwa.
14 Fi Wo Pɛ Mu Tu Wo Ho Ma: Bere a nhyiam no rekɔ so no, atuhoamafo ɔhaha pii boa ma nneɛma kɔ so yiye wɔ dwumadibea ahorow hɔ. Wɔn a wogye ahɔho wɔ nhyiambea hɔ ne beae a wɔde kar sisi no kyerɛ yɛn baabi a ɛsɛ sɛ yɛtra na wɔhwɛ yɛn kar so. Ahotew Dwumadibea no nya hokwan sɛ ɛbɛma din pa a yɛwɔ sɛ yɛn ho tew no atra hɔ, bere a wɔma beae a yɛsom wɔ hɔ bere tiaa bi no tew sen sɛnea yɛkɔtoe no. So yebetumi aboa dwumadibea yi ne afoforo a wobetumi de yɛn ayɛ adwuma wɔ hɔ no? So wubetu wo ho ama aboa na ama wo ne wo nuanom asom ‘nokoro mu’?—Sef. 3:9.
15 Aduan Ho Nhyehyɛe: Mfe kakra a atwam ni na yefii nhyehyɛe a ɛne sɛ “yɛrenyɛ aduan biara” wɔ yɛn ɔmantam ne ɔmansin nhyiam biara ase. Yɛhwɛ kwan sɛ nhyiamfo nyinaa de biribi a emu yɛ hare befi fie aba abedi na wɔanom wɔ awia ahomegye bere no mu. Eyi ma yetumi tra nhyiambea hɔ ne afoforo bɔ fekuw na yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran sen sɛ yebepue akɔhwehwɛ aduan ne anonne esiane sɛ yɛansiesie yɛn ho nti. Sɛ yetuu kwan fii baabi na yɛbaa kurow a wɔyɛ nhyiam no wom mu mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe da biara sɛ yebedi kan anya biribi a emu yɛ hare a yɛn ankasa ne yɛn anigyefo bedi wɔ awia ahomegye bere no mu na yɛanhyɛ afoforo nkuran amma wɔannan yɛn nhyiambea hɔ aguadibea. Nsakrae yi ma yeyi yɛn adwene fi aduan so de si honhom fam nneɛma a ɛho hia so. Esiane eyi nti, wɔ nsase foforo so no, wɔn a wɔtɔn nnuan ne annone wɔ mmeae a yɛn nuanom gye de yɛ nhyiam no ntɔn wɔn nneɛma bere a yɛyɛ nhyiam ahorow no. Wɔntɔn hwee wɔ yɛn nhyiambea hɔ. Enti, anuanom de wɔn adwene si honhom fam nneɛma so na wotumi nya bere pii ma fekubɔ ne nkitahodi a emu yɛ hyew wɔ ahomegye mmere no mu.
16 Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ ɔman yi mu anuanom pii ntumi nte nea enti a yɛnyɛ aduan biara ho nhyehyɛe no ase. Ebinom da so ara pue fi nhyiam no ase wɔ ahomegye mmere no mu kɔtotɔ nnuan ne nneɛma foforo fi adetɔnfo hɔ. Eyi ahyɛ adetɔnfo no nkuran ma wɔabuebue “adidibea” ahyehyɛ gua mpo wɔ nhyiambea no akyi pɛɛ, na ebinom mpo de akokoduru ba nhyiambea hɔ bɛtontɔn nneɛma. Sɛ anuanom ntɔ nneɛma a wɔtontɔn wɔ “gua” yi so no a, ɛrenhyɛ adetɔnfo no nkuran sɛ wɔnkɔ so ntɔn. Enti, afe yi, momma yɛn mu biara nsi ne bo sɛ ɔrentɔ biribiara, ɔrentɔ nsu a wɔn a wɔpɛ sɛ wonya yɛn Kristofo nhyiam horow so mfaso wɔ honam fam tɔn no mpo.
17 Nea ɛhaw adwene kɛse koraa mpo ne sɛ yɛn nuanom binom akɔka adetɔnfo no ho tontɔn nnuan, Bible, tae, asɛnka bag ne nea ɛkeka ho wɔ yɛn ɔmantam ne ɔmansin nhyiam ase. Ebinom mpo frɛ Betel wɔ telefon so bisa mmere a yɛbɛyɛ yɛn teokrase nhyiam ahorow no nyinaa wɔ wɔn nhyiambea ahorow na ama wɔde wɔn nneɛma akɔ hɔ akɔtɔn! Yesu kasa tiaa Yudafo a wɔde asɔrefi hɔ nyaa wɔn nuanom ho mfaso no. (Yoh. 2:12-16) July 1, 1984 Engiresi Ɔwɛn-Aban kratafa 25 ka pefee wɔ nkyekyɛm a etwa to no mu sɛ: “Yehowa Adansefo Ahenni Asa anaa Bible adesua akuw anaasɛ amansin nhyiam nyɛ mmeae a wɔka aguadi ho nsɛm anaa wɔhwehwɛ adwumayɛfo na mmom ɛyɛ mmeae a wosusuw honhom fam nneɛma ho bɔ fekuw ansa na wɔafi nhyiam no ase, bere a nhyiam no rekɔ so ne bere a wɔapɔn akyi. (Hebrifo 10:23-25) Enti, sɛ yɛde aguadi kata sɛnea Kristofo fekubɔ yɛ fɛ wɔ honhom mu no so a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛnkyerɛ honhom fam nneɛma ho anisɔ koraa.” (San hwɛ Yɛn Som Adwuma no kratafa 134, nkyekyɛm 2.) Enti ɛda adi pefee sɛ ɛmfata sɛ yɛn mu biara bɛtɔn biribiara wɔ nhyiam a ɛtete saa ase anaasɛ yɛbɛma obi ayɛ saa ama yɛn. Yɛsrɛ mpanyimfo no sɛ wɔmmoa wɔn a wɔyɛ eyi no mma wonnyae.
18 Baabiara a yɛbɛtra adidi wɔ ahomegye bere no mu no, momma yɛnhwɛ yiye sɛ yɛrensɛe nkongua no so anaasɛ yɛremfa nwura mpete hɔ. Wɔde nneɛma a yɛde nwura gu mu besisi nhyiam no biara ase. Yɛsrɛ sɛ momfa nwura ngu eyinom mu.
19 Nhyiam Baagye ne Nea Wɔde Hyem: Efi September rekɔ no, Asafo ti no ankasa de ɔmantam nhyiam lapɛl baagye a ɛwɔ Engiresi kasa mu bɛka nhoma a wɔde kɔma asafo ahorow no ho. Ɛho renhia sɛ mobɛkra eyi. Wɔbɛhwɛ asafo biara kɛse ho de baagye akɔma wɔn. Sɛ asafo no hia baagye foforo a, ɛsɛ sɛ wɔde “Literature Request Form” (S-14) no kra bi. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ yɛmfa rɔba a wɔde baagye hyem no mmena. Ɛho hia sɛ mode “Literature Request Form” (S-14) no kra bi ma asafo no muni biara a ohia bi no. Monkae sɛ yɛremfa lapɛl baagye ne nea wɔde hyem no bi mma nhyiam no ase.
20 Dwumadi a Wɔkyere Gu Kasɛt Anaa Video So: Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyere dwumadi gu kasɛt so na wɔn ankasa de adi dwuma no yɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw afoforo a wɔwɔ nhyiam no ase na ɛntwetwe wɔn adwene so. Ne titiriw no, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka anyinam ahoɔden ne akasam nhama no. Yɛn ani sɔ mmoa a moyɛ wɔ eyi mu no kɛse.
21 So Nkurɔfo Hu Nea Yɛyɛ Ankasa? Wɔ ɔmantam nhyiam bi a yɛyɛe wɔ afe a etwaam no ase no, na ɔbarima bi a ɔne Yehowa Adansefo agyae adesua bɛboro mfe 20 ni reyɛ adwuma wɔ ahɔhodan bi mu. Ɔka kyerɛɛ Adansefo bi sɛ seesei ɔresusuw ho sɛ ɔbɛsan afi ne Bible adesua no ase na wasan akɔ asafo nhyiam. Dɛn ntia? Esiane sɛnea Adansefo no ne no dii wɔ ɔdɔ mu wɔ nna a wɔde traa ahɔhodan no mu no nti.
22 Ahɔhodan mu dwumayɛni bi kaa yɛn nuanom ho asɛm sɛ: “Mo kuw no yɛ papa sen kuw biara a wɔbɛda yɛn ahɔhodan no mu. Mo nkurɔfo no wɔ boasetɔ na wobu ade yiye.” Hwɛ sɛnea eyi bɛma yɛn soro Agya no ani agye bere a ohu sɛ yedi Yesu afotu yi akyi no: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam”!—Mat. 5:16.
23 Momma yɛnna Ɔhene Dawid a ɔde anigye hwɛɛ kwan sɛ ɔbɛkɔ Yehowa fie a wɔsom wɔ hɔ su no bi adi. Yɛn ɔmantam nhyiam ahorow no yɛ ade titiriw a ɛma yenya honhom fam aduan ne hokwan a ɛso nni a yɛnam so nya fekubɔ a ɔdɔ wom. Enti, yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ fi ase yɛ nhyehyɛe na ama woakotie “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam no nnansa dwumadi no nyinaa!
Mmere a Wɔbɛyɛ Dwumadi No
Fida ne Memeneda
Anɔpa 9:30 - Anwummere 5:00
Kwasida
Anɔpa 9:30 – Anwummere 4:00