“Momma Yɛmmom Mma Ne Din So”
1. Hokwan bɛn na yɛn nyinaa benya de ama Onyankopɔn din so, na dɛn na yebetumi ayɛ mprempren de asiesie yɛn ho?
1 Odwontofo no too dwom sɛ: “Mo ne me nkamfo [Yehowa, NW] kɛseyɛ, na momma yɛmmom mma ne din so.” (Dw. 34:3) “Mo Ne Onyankopɔn Nnantew” Ɔmantam Nhyiam a abɛn no bɛma yɛanya hokwan ne yɛn nuanom a wofi asafo ahorow pii mu abom ama Yehowa din so. So woayɛ dabere ne kar ho nhyehyɛe asrɛ kwan afi adwumam? Nyansa wom sɛ yebedi kan ayɛ eyi ntɛm.—Mmeb. 21:5.
2. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛyɛ nhyehyɛe du nhyiambea hɔ ntɛm?
2 Bere a Yɛde Bedu Nhyiambea Hɔ: Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ yedi ho dwuma wɔ nhyiam no ase. Sɛ yesim ntɛm a, ɛbɛboa ma yɛatumi adi nneɛma a yɛnhwɛ kwan a ɛbɛba yɛn akwan mu no ho dwuma na yɛatumi akɔtra ase ntɛm, na yɛn nyinaa abom ato dwom atie mpaebɔ a wɔde befi ase no. (Dw. 69:30) Aka simma kakraa bi ma wɔafi dwumadi no ase no, oguamtrani no bɛba abɛtra asɛnka agua no so bere a wɔrebɔ Ahenni dwom a ɛwɔ kasɛt so no de adi dwumadi no anim. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa tra ase saa bere no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi afi dwumadi no ase ma ayɛ fɛ.—1 Kor. 14:33, 40.
3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yesusuw afoforo ho bere a yɛrepɛ baabi atra no?
3 Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ yɛn ade nyinaa ɔdɔ mu.’ (1 Kor. 16:14) Sɛ yedu nhyiam no ase anɔpa a, afoforo ho a yebesusuw no remma yɛmpere yɛn ho mpiapia wɔn sɛ yɛredi kan akɔpɛ baabi pa atra. Wɔn a wo ne wɔn faa kar biako anaa wo ne wɔn te fie no nkutoo na wubetumi agyaw dabere ama wɔn.—1 Kor. 13:5; Fil. 2:4.
4. Nhyehyɛe bɛn na wɔayɛ ama awia ahomegye bere no, na ɔkwan bɛn so na mfaso wɔ eyi so?
4 Yɛsrɛ sɛ fa aduan a wubedi no awia ahomegye bere no bra sen sɛ wubepue akɔtɔ aduan. Eyi bɛma obiara anya fekubɔ a ɛhyɛ nkuran na ɛremma womfi awiabere dwumadi no ase nnyaw obiara. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa aduan gu adaka ketewa a wubetumi de ahyɛ akongua ase mu bra. Wɔmma kwan sɛ obi de adaka kɛse a wɔde nnipa pii aduan gu mu, ade a etumi bɔ a wɔde nneɛma gu mu, ne mmosa biara bɛba nhyiambea hɔ.
5. Dɛn mu nso na ehia sɛ yɛne asafo no yɛ adwene na yɛda nokwaredi adi?
5 Wɔahyɛ no nsow sɛ, awofo binom de aduan a wobedi no awiabere fi fie ba, nanso wɔn anaa wɔn mma san kɔ abɔnten kɔtɔ nsu, ice cream, anaa nnɔkɔnnɔkɔwade afoforo. Eyi ma wɔde nsu rɔba no pete nhyiambea hɔ basaa na ɛsan hyɛ adetɔnfo no nkuran ma wɔdan yɛn nhyiam no aguadibea. Enti momma yɛne yɛn mma nyinaa mmɔ mmɔden sɛ yebedi “ade ketewaa mu nokware” wɔ asɛm yi mu.—Luka 16:10.
6. Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn koma ama akwankyerɛ a wɔde bɛma yɛn no?
6 Wɔasiesie Honhom Fam Aduan Retwɛn Yɛn: Ɔhene Yehosafat ‘siesiee ne koma hwehwɛɛ nokware Onyankopɔn no.’ (2 Be. 19:3) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asiesie yɛn koma ansa na nhyiam no adu so? Nsɛm a ɛwɔ afe yi May 22 ne June 8 Engiresi Nyan! akyi no ma yehu honhom fam aduan a wɔasiesie ama yɛn no ho nsɛm kakra. Dɛn nti na wonnye bere mfa nsusuw saa nsɛm no ho mfa ntwɛn nea Yehowa asiesie ama yɛn no? Yɛn koma a yebesiesie no nso hwehwɛ sɛ yɛbɛsrɛ Yehowa mmoa ma yɛate nsɛm a wɔbɛka akyerɛ yɛn no ase na yɛde adi dwuma.—Dw. 25:4, 5.
7. Dɛn na yɛn nyinaa hwɛ kwan, na dɛn ntia?
7 Yɛn nyinaa hwɛ kwan sɛ yebesua pii afi Onyankopɔn Asɛm mu bere a yenim sɛ yɛnam so betumi anya nkwagye no. (1 Pet. 2:2) Ne saa nti, momma yɛnkɔ “Mo Ne Onyankopɔn Nnantew” Ɔmantam Nhyiam no na ‘yɛmmom mma Yehowa din so.’—Dw. 34:3.
[Kratafa 3 adaka]
Akwan a Wobɛfa so Ama Onyankopɔn Din So
◼ Di kan siesie wo ho
◼ Da ɔdɔ adi kyerɛ afoforo
◼ Siesie wo koma