Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/03 kr. 3
  • Hyia a Yebehyiam Ayi Yehowa Ayɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hyia a Yebehyiam Ayi Yehowa Ayɛ
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kamfo Yehowa Wɔ Asafo Kɛse Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • 1999 “Onyankopɔn Nkɔmhyɛ Asɛm” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Bere a Ɛsɛ sɛ Yedidi wɔ Honhom Fam na Yedi Ahurusi
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 11/03 kr. 3

Hyia a Yebehyiam Ayi Yehowa Ayɛ

1. Dɛn ne ɔmantam nhyiam no asɛmti, na dɛn nti na ɛfata sɛ yeyi Yehowa ayɛ?

1 Yehowa ne tumi nyinaa wura, ne nyansa nni ano, n’atɛntrenee yɛ pɛ, na ɔyɛ ɔdɔ. Sɛ́ Ɔbɔadeɛ, Nkwamafo, ne Amansan Hene no, ɔno nkutoo na ɔfata sɛ yɛsom no. (Dw. 36:9; Adi. 4:11; 15:3, 4) Saa afe yi “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Amanaman Ntam/Ɔmantam Nhyiam ahorow no bɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yebeyi no ayɛ sɛ nokware Nyankopɔn koro no mu den.—Dw. 86:8-10.

2, 3. Ɔkwan bɛn so na nhyehyɛe pa betumi ama yɛanya dwumadi no so mfaso kɛse?

2 Nhyehyɛe Pa Ho Hia: Sɛ yebenya honhom fam aduan ho pon a Yehowa bɛtow yɛn no so mfaso koraa a, ɛho hia sɛ yɛyɛ nhyehyɛe pa. (Efe. 5:15, 16) So woayɛ wo dabere, kar, ne bere a wubenya afi adwuma anaa sukuu mu ho nhyehyɛe awie? Ntwɛn mma bere no nso koraa ansa na woadi nneɛma a ɛho hia yi ho dwuma. Sɛ woammisa kwan amfi adwumam ntɛm a, anigye bere yi fã bi betumi apa wo ti so. Ehia sɛ yɛn nyinaa kɔ nhyiam no fã biara.

3 Fa yɛ wo botae sɛ wubedu nhyiam no ase ntɛm da biara. Ɛno bɛma woatumi atra ase ansa na wɔato dwom a wɔde bue ano no na aboa wo ma woanya adwene a emu da hɔ de atie nkyerɛkyerɛ a wɔde bɛma no. Wobebue adan no anɔpa 8:00 da biara. Yɛsrɛ sɛ nnyaw akongua mma obiara gye sɛ w’abusuafo a wɔbɛn wo anaa wɔn a wo ne wɔn traa kar mu bae no.

4. Dɛn nti na wɔsrɛ sɛ yɛn nyinaa mfa awia aduan mmra nhyiam no ase?

4 Yɛsrɛ sɛ obiara mfa aduan a obedi no awia mmra sen sɛ obefi nhyiam no ase akɔhwehwɛ aduan wɔ awia ahomegye bere no mu. Nhyehyɛe yi a mubedi so no bɛboa ma asomdwoe aba na moanya bere pii ne mo mfɛfo gyidifo abɔ fekuw. (Dw. 133:1-3) Yɛsrɛ sɛ momma ɛntra mo adwenem sɛ obiara mmfa biribi a ebetumi abɔ ne mmosa mmma nhyiam no ase. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛkɔ nhyiam no agumadibea a ɛwɔ Accra ne Kumasi no hwɛ sɛ wɔremfa nnaka akɛse a wɔde nnuan gu mu nkɔ hɔ. Wɔrennya baabi mfa nneɛma a ɛtete saa nsi. Momfa nneɛma nketewa a mubetumi de ahyɛ mo nan ntam nkutoo mmra. Saa ara nso na ɛrenyɛ papa sɛ wode nneɛma akɛse bɛhyɛ wo kar to efisɛ ebia na baabi a wɔde kar besisi no remmɛn nhyiambea hɔ.

5. Ɔkwan bɛn so na yebetumi afi ase asiesie yɛn koma ama nhyiam no?

5 Tie na Sua Ade: Esra de mpaebɔ siesiee ne koma sɛ obetie Onyankopɔn Asɛm. (Esra 7:10) Ɔkom ne koma maa Yehowa nkyerɛkyerɛ. (Mmeb. 2:2) Yebetumi afi ase asiesie yɛn koma ama nhyiam no ansa na yɛafi fie mpo denam nhyiam no asɛmti a yebedwennwen ho na yɛne yɛn mmusua abɔ ho nkɔmmɔ no so.

6. Dɛn na ebetumi aboa ma yɛde yɛn adwene asi dwumadi no so? (Hwɛ adaka no.)

6 Wɔ nhyiam asa kɛse so no, ahwɛde ne nnyigyei pii wɔ hɔ a ebetumi atwetwe yɛn adwene. Nneɛma a ɛtete saa no betumi ayi yɛn adwene afi ɔkasafo no so. Sɛ ɛba saa a, nsɛm pii a mfaso wɔ so fa yɛn aso akyi. Adaka a ɛka ho no mu nyansahyɛ no betumi aboa ma yɛde yɛn adwene asi dwumadi no so kɛse.

7, 8. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asusuw afoforo ho, na nhyehyɛe bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔn asom yɛ den no?

7 Susuw Afoforo Ho: Wubetumi de mfoninitwa mfiri ne mfiri a wɔde twa video adi dwuma bere a dwumadi no gu so no, nanso nea ɛbɛyɛ na wontwetwe afoforo adwene no, tra w’agua so nkutoo yɛ saa. Yebetumi adi kan ahyehyɛ telefon a wokura kyin ne mfiri a wɔde kyere nsɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenhaw afoforo. Wɔbɛyɛ mum kasa mu dwumadi ama wɔn a wɔn asom yɛ den no wɔ Accra, Koforidua ne Sunyani nhyiam no ase. Ɛnsɛ sɛ obi de n’ankasa afiri a ɔde aba sã nhyiam no anyinam anaa akasam nhama no so.

8 Hwɛ sɛnea yɛhwɛ kwan sɛ yebehyiam ayi Yehowa ayɛ! Ɛmmra sɛ yɛde nsi beyi no ayɛ denam ɔfã biara a yɛbɛkɔ, aso a yɛbɛyɛ atie asɛm, ne nea yesua a yɛde bedi dwuma no so.—Deut. 31:12.

[Kratafa 3 adaka]

Aso a Yɛbɛyɛ Wɔ Nhyiam Ase

▪ Susuw ɔkasa ahorow no nsɛmti ho

▪ Hwɛ kyerɛw nsɛm no

▪ Yɛ kyerɛwtohɔ ntiantiaa

▪ Kyerɛw nsɛntitiriw bi a wode bedi dwuma

▪ Tĩ nea wusua no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena