Yɛ Nhwɛso Wɔ Nnwuma Pa Mu
1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn abrabɔ yiye wɔ ɔmantam nhyiam ase?
1 Sɛ yehyiam sɛ dɔm kɛse wɔ ɔmantam nhyiam ahorow ase a, afoforo hwɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade ne sɛnea yɛne afoforo di nsɛm no. Enti, ɛho hia sɛ yɛn mu biara tie Bible afotu yi yiye: ‘Dwen adwempa, na yɛ nhwɛso wɔ nnwuma mu wɔ biribiara mu.’ (Tito 2:6, 7) Ebehia mmɔdenbɔ kɛse na ‘yɛanhwɛ yɛn nko ade, na mmom yɛahwɛ yɛn mfɛfo de bi.’ (Fil. 2:4) Momma yɛnhwɛ mmeae bi a yebetumi de nkuranhyɛ yi adi dwuma wɔ “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Amanaman Ntam/Ɔmantam Nhyiam ahorow a ɛreba no ase.
2. Ɛdefa dabere ho nhyehyɛe ho no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?
2 Dabere Ho Nhyehyɛe: Hokwan a ɛkyɛn so a yɛde bɛda nnwuma pa adi ne bere a yɛreyɛ dabere ho nhyehyɛe no. Yɛsrɛ sɛ gye dan a woyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobɛda mu no nkutoo. Sɛ woammisa dabere a, nhwɛ kwan sɛ nhyiam no so ahwɛfo betumi ama wo dabere. Sɛ edu bere a wɔde dan no rema anaa yɛrefi mu akɔ no na sɛ yɛda Onyankopɔn honhom aba no adi a, wɔn a wɔde maa yɛn no ani sɔ paa. (Gal. 5:22, 23) Yɛsrɛ sɛ di wo dabere ho mmara nyinaa so.
3. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘ayɛ nnipa nyinaa yiye’ wɔ ahɔhodan mu?
3 Ɛsɛ sɛ wohu sɛ yesusuw afoforo ho wɔ anɔpaduan ho nhyehyɛe biara a wɔyɛ de ma ahɔho no mu. Ɛmfata sɛ yɛde aduan a wɔde ama ahɔho a wɔbɛdaa ahɔhodan no mu no bɛkɔ nhyiam no ase. Ani sɔ yiye bere a yedi ahɔhodan no mu mmara so pɛpɛɛpɛ na yɛkyerɛ sɛ yesusuw adwumayɛfo no ho denam sika bi a yɛde bɛkyɛ wɔn so no. Saa akwan yi so no, na ‘yɛyɛ nnipa nyinaa yiye’ ma enti yedi afoforo adanse yiye.—Gal. 6:10.
4, 5. Ɔkwan bɛn so na mmofra betumi de ayeyi abrɛ Yehowa, na asɛyɛde bɛn na awofo wɔ?
4 Awofo ne Mmofra: Wɔ wiase a mmofra pii nna suban pa adi wom yi mu no, yɛn mmofra da nsow, na eyi de ayeyi brɛ Yehowa ne n’ahyehyɛde no. Nanso, ɛtɔ mmere bi a ɔhaw sɔre bere a wɔnhwɛ mmofra yiye no. (Mmeb. 29:15) Ɛnsɛ sɛ awofo gyaw wɔn mma ma wɔnenam basabasa wɔ baabi a yɛda no ne baabi a abura a woguare wom wɔ anaa nhyiam no ase.
5 Ansa na yɛbɛkɔ nhyiam no, awofo bi hu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔne wɔn mma besusuw suban a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛda no adi no ho. (Efe. 6:4) Wɔboa mmofra no ma wɔte ase sɛ nokware Kristofo dɔ ‘nyɛ ne ho sɛnea ɛmfata’ na “ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de.” (1 Kor. 13:5) Nhyiam yɛ bere a wɔde asi hɔ a Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn, na mmofra ne mpanyin nyinaa betumi akyerɛ obu ama saa nhyehyɛe yi denam wɔn abrabɔ wɔ nhyiam no ase ne beae foforo biara no so.—Yes. 54:13.
6. Nkɛntɛnso bɛn na yɛn abrabɔ pa betumi anya wɔ afoforo so?
6 Yɛn abrabɔ pa betumi aboa kɛse ma yɛayi adwemmɔne biara a nkurɔfo kura wɔ yɛn ho no afi hɔ na atwe wɔn aba nokware som ho. (Mat. 5:16; 1 Pet. 2:12) Ɛmmra sɛ wɔn a yehyia wɔn wɔ yɛn nhyiam ase nyinaa benya adanse pa denam sɛnea yɛyɛ yɛn ade ne sɛnea yɛne wɔn di nsɛm no so. Saa kwan yi so no, ‘yɛbɛda yɛn ho adi sɛ wɔn a wɔyɛ nhwɛso wɔ nnwuma pa mu’ na yɛahyɛ Yehowa anuonyam.—Tito 2:7.
[Kratafa 4 adaka]
Susuw Afoforo Ho
▪ Gye dan a woyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobɛda mu no nkutoo
▪ Da boasetɔ adi bere a woregye wo dan ne bere a worefi mu akɔ no
▪ Di anɔpaduan ho nhyehyɛe a wɔyɛ ma ahɔho ho mmara so
▪ Ɛsɛ sɛ wohwɛ wo mma so yiye
▪ Gyaw akyɛde a ɛsɛ wɔ ahɔhodan mu ne adidibea