Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/03 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase November 10
  • Dapɛn a Efi Ase November 17
  • Dapɛn a Efi Ase November 24
  • Dapɛn a Efi Ase December 1
Yɛn Ahenni Som—2003
km 11/03 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase November 10

Dwom 212

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde November 1 Ɔwɛn-Aban ne December 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Wɔ nsɛm a wɔka kyerɛ no biako mu no, ma wɔnyɛ sɛnea wobua asɛm ‘M’ani nnye ho’ a wɔka de siw nkɔmmɔbɔ ano no ho ɔyɛkyerɛ.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kr. 8.

15 min: “Munsiesie Mo Ho Nsie.”a Ma atiefo nka nea ɛboa wɔn a ɛmma wɔmma mprempren nneɛma nhyehyɛe no mu dadwen ne nneɛma a ɛtwetwe adwene nsɛe bere a wobetumi de adi honhom nneɛma akyi yiye ho asɛm.

12 min: Ɔkwan Bɛn na Wofa So Paw W’ayɔnkofo? Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Som Nyankopɔn nhoma no kratafa 47-9 so. Fa nsɛmmisa ne nkyekyɛm 13 mu kyerɛw nsɛm di dwuma ma atiefo nka Bible nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn kwan ma yɛpaw yɛn ayɔnkofo no ho asɛm.

8 min: Asɛmmisa Afã—ɔfã a edi kan. Ɔkasa a ɔpanyin ma.

Dwom 127 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 17

Dwom 96

12 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw July asɛnka akontaabu ho na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn akontaabu mma ntɛm. Bisabisa adawurubɔfo baanu anaasɛ baasa a wɔanya asɛnka mu osuahu a ɛyɛ anigye bere a wɔde nhoma a yɛde rema mprempren dii dwuma no nsɛm. Ebia ebinom atumi afi Bible adesua ase.

15 min: “Hyia a Yebehyiam Ayi Yehowa Ayɛ.”b Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonkotie dwumadi no nyinaa, fi Yawda awia ne Fida anɔpa kosi Kwasida anwummere. Si hia a ehia sɛ yɛde nea yesua no bedi dwuma na ɛnyɛ sɛ yebetie kɛkɛ no so dua. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkyerɛkyerɛw nsɛm nto hɔ. Munsusuw “Nhyiam Nkaebɔ” ho a kratafa 7 hɔ asɛm a ɛne “MONHYƐ NO NSOW” ka ho.

18 min: “Nkamfo Hyɛ Yɛn Den.”c Fa Abusua Mu Anigye nhoma no kratafa 49-50, nkyekyɛm 21 mu nsɛm ka ho. Ma ankorankoro a nsɛm a afoforo ka de kamfoo wɔn no hyɛɛ wɔn nkuran no nka ho asɛm tiawa.

Dwom 58 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 24

Dwom 213

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ma wɔmfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde November 15 Ɔwɛn-Aban ne December 8 Nyan! no bɛma wɔ mo asasesin no mu. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Ma wɔmfa sɛnea yetua yɛn adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no ho ka nka ɔyɛkyerɛ no biako ho.—Hwɛ Ɔwɛn-Aban no kr. 2 anaa Nyan! kr. 5.

10 min: Asɛmmisa Afã—ɔfã a ɛto so abien. Ɛsɛ sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo di ho dwuma.

12 min: “Yɛ Nhwɛso Wɔ Nnwuma Pa Mu.”d Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Si so dua sɛ ehia sɛ wodi dabere ho nhyehyɛe a wɔayɛ ama yɛn no so na ayɛ mfaso ama yɛn. Kyerɛ nea enti a abrabɔ pa a obiara bɛda no adi no ho hia.

15 min: “Abusuabɔ a Yɛne Yehowa Benya.”e Ma atiefo nka sɛnea kyerɛw nsɛm no fa asɛm no ho. Di kan yɛ nhyehyɛe ma onipa biako anaa baanu nka nea aboa wɔn ma wɔama wɔn kokoam Bible adesua atu mpɔn ho asɛm.

Dwom 202 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase December 1

Dwom 138

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn November asɛnka akontaabu mma. Ka nhoma a yɛde bɛma wɔ December mu ho asɛm. Momfa bere tiaa bi nsusuw nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no ho. Kyerɛ sɛnea adawurubɔfo betumi de Watch Tower Publications Index ahwehwɛ nsɛm a wɔka kyerɛ foforo.—Hwɛ September 2001 Yɛn Ahenni Som, kr. 2.

17 min: “Ahosiesie a Ɛfata Kyerɛ Obu a Yɛwɔ Ma Onyankopɔn.”f Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Ma onuabarima bi a onim akenkan yiye nkenkan nkyekyɛm biara.

18 min: Wɔfata Yiye sɛ Wɔkyerɛkyerɛ Afoforo. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina June 1, 2000, Ɔwɛn-Aban no kratafa 16-17, nkyekyɛm 9-13 so. Tumi a yetumi kyerɛkyerɛ yiye no yɛ yɛn som adwuma no botae titiriw. Tumi a yetumi boa wɔn a wɔte sɛ nguan no gyina sɛnea yetumi ka Ahenni asɛm no wɔ ɔkwan a ɛma wotumi sua biribi fi mu na ɛkanyan wɔn no so. Munsusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho: (1) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ mu? (it-2-E kr. 672 nky. 2) (2) Dɛn nti na ebinom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ayɛ Bible adesua? (3) Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn? (4) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ ahu sɛ yɛbɛma yɛn suani no ate nea ɔresua no ase? (5) Botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden boa osuani no ma odu ho?

Dwom 70 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

f Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena