Nkamfo Hyɛ Yɛn Den
1 Bere a abeawa kumaa no rekɔda no ɔde nusu kae sɛ: “So menyɛɛ abofra pa nnɛ?” Saa asɛmmisa no maa ne maame ho dwiriw no. Wɔ hu a ohuu mmɔden kɛse a abeawa kumaa no bɔe saa da no nyinaa akyi no, wanka asɛm biako mpo ankamfo no. Ɛsɛ sɛ saa abeawa no nusu ma yɛn nyinaa—mpanyin ne mmofra—kae sɛ yehia nkamfo. So yɛhyɛ afoforo a yɛne wɔn bɔ no den denam adepa a wɔyɛ a yɛkamfo wɔn wɔ ho no so?—Mmeb. 25:11.
2 Yɛn mfɛfo Kristofo ma yenya nneɛma pa pii a yebegyina so akamfo wɔn. Mpanyimfo, asafo mu asomfo, ne akwampaefo yere wɔn ho sɛ wobedi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma. (1 Tim. 4:10; 5:17) Awofo a wosuro Onyankopɔn yɛ nea wobetumi nyinaa sɛ wɔde Yehowa akwan bɛtete wɔn mma. (Efe. 6:4) Kristofo mmabun bɔ mmɔden sɛ wɔbɛko atia “wiase honhom.” (1 Kor. 2:12; Efe. 2:1-3) Wɔ onyin, nyarewa anaa sɔhwɛ afoforo nyinaa akyi no, afoforo de nokwaredi som Yehowa. (2 Kor. 12:7) Saafo no nyinaa fata nkamfo. So yɛkyerɛ wɔn mmɔdenbɔ a ɛfata nkamfo no ho anisɔ?
3 Nkamfo Pɔtẽẽ: Yɛn nyinaa ani gye ankasa sɛ wobegyina asɛnka agua so akamfo yɛn. Nanso, sɛ wɔde nkamfo ma yɛn ankasa a, ɛhyɛ yɛn den. Sɛ nhwɛso no, Paulo de nkamfo pɔtee maa Foibe, Priska, ne Akwila, Trifaina, Trifosa, ne Persi ne afoforo wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu wɔ ti 16. (Rom. 16:1-4, 12) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ne nsɛm no hyɛɛ saa anokwafo no den! Nkamfo a ɛte saa no ma yɛn nuanom mmarima ne mmea nya awerɛhyem sɛ wɔn ho hia, na ɛma yɛbɛn yɛn ho kɛse. So wode nkamfo pɔtee bi ama obi nnansa yi?—Efe. 4:29.
4 Efi Komam: Sɛ nkamfo bɛhyɛ obi den ampa a, ɛsɛ sɛ wofi komam de ma. Nkurɔfo betumi ahu sɛ ebia nea yɛka no fi yɛn komam anaasɛ yɛde yɛn “tɛkrɛma dɛfɛdɛfɛ” wɔn kɛkɛ. (Mmeb. 28:23) Bere a yɛtete yɛn ho na ama yɛahu nneɛma papa a afoforo tumi yɛ no, ɛbɛka yɛn koma ma yɛakamfo afoforo. Ɛmmra sɛ yebeyi yɛn yam akamfo afoforo bere a yenim sɛ ‘asɛm a wɔka ne bere mu ye dɛn ara’ no!—Mmeb. 15:23.