Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/04 kr. 4
  • Honhom Fam Aduan wɔ Bere a Ɛsɛ Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Honhom Fam Aduan wɔ Bere a Ɛsɛ Mu
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • 1987 “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Bra 1990 “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam No
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 11/04 kr. 4

Honhom Fam Aduan wɔ Bere a Ɛsɛ Mu

1. Ɔkwan bɛn so na Hesekiel 36:29 anya ne mmamu nnɛ?

1 Yehowa Nyankopɔn kaa n’anom asɛm sɛ: “Mɛfrɛ aduan ma adɔɔso, na meremfa ɔkɔm bi memma mo so.” (Hes. 36:29) Saa nkɔmhyɛ nsɛm no fa Onyankopɔn nkurɔfo ho nnɛ. Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, Yehowa ama aduan a ɛma nkwa abu ne nkurɔfo so. Honhom fam aduan a ɔde ma wɔ bere a ɛsɛ mu wɔ yɛn ɔmantam nhyiam ahorow ase no ma yehu saa nokwasɛm yi.

2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam ɔmantam nhyiam so ama yɛn honhom fam aduan wɔ bere a ɛsɛ mu?

2 Wɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Columbus, Ohio, wɔ 1931 mu no, Yehowa kyerɛɛ n’asomfo kwan ma wɔfaa din foforo—Yehowa Adansefo—too wɔn ho so. (Yes. 43:10-12) Wɔ 1935 mu no, wohuu nnipakuw kɛse a Adiyisɛm 7:9-17 ka wɔn ho asɛm no yiye. Wɔ 1942 mu no, Onua Knorr maa ɔkasa a asɛmti ne “Asomdwoe—So Ɛbɛkyɛ?” Ɔkasa no hyɛɛ wiase nyinaa asɛmpaka adwuma no mu den, na ɛboae ma wɔhyehyɛɛ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no. Ɛwom sɛ ɔmantam nhyiam binom wɔ hɔ a yɛn werɛ remfi da de, nanso emu biara yɛ honhom fam aduan a wɔasiesie ama yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu.—Dw. 23:5; Mat. 24:45.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya honhom fam apontow a wɔyɛ ma yɛn wɔ ɔmantam nhyiam ase no so mfaso?

3 So Wudidi Yiye? Aduan betumi atwa yɛn ho ahyia, nanso sɛ yɛammɔ mmɔden annidi a, ɔkɔm bɛde yɛn. (Mmeb. 26:15) Ɛte saa ara wɔ honhom fam. Wɔ nhyiam a wɔayɛ bi ase no, wɔahu sɛ nkurɔfo nantenantew basabasa anaa wɔne afoforo di nkɔmmɔ bere a dwumadi no rekɔ so no. Ɛwom sɛ fekubɔ a ɛma denhyɛ ho hia wɔ yɛn nhyiam ase de, nanso bere a ɛfata sɛ yɛyɛ eyi ne bere a yennya nhyɛɛ nhyiam no ase anaa bere yɛapɔn ɔfã biara no. (Ɔsɛnk. 3:1, 7) Sɛ yɛantra ase anyɛ aso antie a, ebia asɛnhia bi bɛpa yɛn ti so. Ɛtɔ mmere bi a, ɛho behia sɛ wɔn a wɔhwɛ nhyiam dwumadi afã ahorow so no ne wɔn a wɔwɔ dwumadi no susuw nsɛm a ɛfa nhyiam no ho bere a dwumadi no rekɔ so no. Nanso ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso pa denam aso a wɔbɛyɛ atie dwumadi no yiye no so. Ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara ma honhom fam aduan yi mu biara pa ne ti so.1 Kor. 10:12; Fil. 2:12.

4. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛwɔ ayɛ wɔ honhom fam aduan pii a Yehowa de ma yɛn no ho?

4 Hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ Yehowa ma yɛn honhom fam aduan ma ebu so, bere a Kristoman atoro nkyerɛkyerɛ ma wodi kɔm no! (Yes. 65:13, 14) Ɔkwan biako a yebetumi afa so akyerɛ sɛ ‘yɛwɔ ayɛ’ ne sɛ yebebu nhyiam no sɛ hokwan a Yehowa nam so kyerɛkyerɛ yɛn. (Kol. 3:15) Mfa w’adwene nsi onua a ɔrekasa no so, na mmom fa si asɛm a ɔreka no so sɛ efi yɛn ‘Kyerɛkyerɛfo Kunini’ no hɔ. (Yes. 30:20, 21; 54:13) Yɛ aso tie asɛm no yiye. Yɛ nsɛntitiriw ho kyerɛwtohɔ ntiantia. Susuw dwumadi no mu nsɛntitiriw ho anwummere biara. Fa nea wusua no di dwuma.

5. Dɛn na yenya wɔ ɔmantam nhyiam ase a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye?

5 Bere a Harmagedon nnya mmae yi, nhyiam biara a yɛbɛyɛ, sɛ yɛyɛ wɔ aguanfo atrae, aman a ɔko ayɛ no pasaa, anaa wɔ baabi a ɛsõ na asomdwoe wɔ hɔ no, yɛ Satan so nkonim a yɛadi! Sɛ́ anuanom a yɛayɛ biako no, yɛn ani sɔ hokwan a yenya hyiam wɔ ɔmantam nhyiam ahorow ase no. (Hes. 36:38) Yɛwɔ ahotoso koraa sɛ Yehowa fi ɔdɔ mu bɛsan ama yɛn ‘aduan wɔ bere a ɛsɛ mu.’—Luka 12:42.

[Kratafa 4 adaka]

Kyerɛ Yehowa Apontow Ho Anisɔ

◼ Yɛ aso tie

◼ Yɛ nsɛntitiriw ho kyerɛwtohɔ

◼ Susuw dwumadi no mu nsɛntitiriw ho anwummere biara

◼ Fa nea wusua no di dwuma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena