Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Nov. 1
“Adesamma dodow no ara nni nnipa akannifo mu ahotoso sɛ wobetumi adi ɔhaw ahorow a yehyia nnɛ no ho dwuma. Wususuw sɛ obi wɔ hɔ a obetumi ayɛ nneɛma a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ kyerɛw nsɛm yi mu no? [Kenkan Dwom 72:7, 12, 16. Afei twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu onii ko a ɔkannifo a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm yi yɛ ne nea ɔbɛyɛ.”
Nyan! Nov. 8
“Wunnye ntom sɛ mmofra hia akwankyerɛ na ama wɔatumi agyina nhyɛso a wohyia nnɛ no ano? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Efesofo 6:4.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea nteɛso kyerɛ ankasa. Ɛsan nso kyerɛkyerɛ sɛnea awofo betumi de akwankyerɛ ne nteɛso ama wɔn mma a ɛremma wɔn akoma ntu mu.”
Ɔwɛn-Aban Nov. 15
“Nnipa pii pɛ sɛ wonya akwahosan ne onyinkyɛ. Nanso sɛ anka ɛbɛyɛ yiye a, wobɛpɛ sɛ wotra ase daa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yohane 17:3.] Nsɛmma nhoma yi ka daa nkwa ho bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm. Afei nso, ɛkyerɛkyerɛ sɛnea asetra bɛyɛ bere a saa bɔhyɛ no abam no mu.”
Nyan! Nov. 22
“Mfe 20 a atwam yi mu no, wɔanya AIDS yare no ho ntease ne sɛnea wɔhwɛ wɔn a wɔanya bi no mu nkɔso kɛse. Nanso nnipa pii da so ara wɔ hɔ a wonnim ho nokwasɛm. [Fa “AIDS Ho Atosɛm,” a ɛwɔ adaka mu no kyerɛ no; afei ma ɔnka ho asɛm.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ nea awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma ho ban.” Kenkan Deuteronomium 6:6, 7.