Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Nov. 1
“Ntɛnkyea a ɛrekɔ so wɔ wiase no haw nnipa dodow no ara. Wususuw sɛ obi betumi ayɛ wiase yiye ankasa? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi susuw nneɛma a esiw nsakrae yi kwan no ho. Afei nso, ɛkyerɛ onii a obeyi akwanside yi afi hɔ ne sɛnea ɔde wiase a asomdwoe ne ahobammɔ wom bɛba.” Kenkan Dwom 72:12-14.
Awake! Nov. 8
“Wiase nyinaa no, nsonsonoe kɛse da adefo ne ahiafo ntam. Wususuw sɛ yebetumi ayɛ biribi de asiesie tebea no? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mateo 6:9, 10.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea enti a yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn Ahenni beyi asetra a ɛma ebinom di yiye sen afoforo a ɛrehaw adesamma adwene nnɛ yi afi hɔ no mu.”
Ɔwɛn-Aban Nov. 15
“Nnipa pii nhu nea enti a ɔhaw ahorow a adesamma rehyia no regye nsam, na ennyae da no. So woasusuw nea Bible mu asɛm yi ka sɛ ɛno na ama aba saa no ho pɛn? [Kenkan Adiyisɛm 12:9. Afei twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ka akwan a Ɔbonsam nam so redaadaa nnipa ne sɛnea yebetumi ako atia ne nkɛntɛnso no ho asɛm.”
Ɔwɛn-Aban Nov. 22
“Ɛwom sɛ wotwa nnɔbae a ɛbɛso obiara wɔ asase so de, nanso nnipa bɛyɛ ɔpepem 800 na wonnya aduanpa nni. Eyi nyɛ awerɛhosɛm? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi pɛɛpɛɛ sɛnea ɛreyɛ den sɛ wobenya nnuan ama nnipa a wɔte nkurow akɛse mu no mu. Ɛsan ka Bible bɔhyɛ a ɛfa wiase a aduankɔm nnim ho asɛm.” Kenkan Dwom 72:16a.