Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Nsɛmmisa ne Asɛm a Wubetie no Yiye So
1 Nnipa dodow no ara anigye ho sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn adwene sen sɛ obi bɛworo nsɛm agu wɔn so anaa wobebisabisa wɔn nsɛm. Enti sɛ Kristofo asomfo no, ɛsɛ sɛ yesua sɛnea yebebisa afoforo nsɛm de ahu wɔn adwene.—Mmeb. 20:5.
2 Ɛsɛ sɛ yebisa nkurɔfo nsɛm a ɛbɛma wɔakyerɛ wɔn adwene sen sɛ ɛbɛhyɛ wɔn aniwu. Onua bi reyɛ afie afie asɛnka adwuma a, ɔtaa bisa sɛ, “Wususuw sɛ bere bi bɛba a nnipa de obu ne nidi bɛma wɔn ho wɔn ho?” Sɛ ofiewura no bua a, ɔtoa so sɛ, “Wususuw sɛ dɛn na ehia na ama yɛatumi ayɛ eyi?” anaa “Dɛn nti na wodwen saa?” Sɛ onua foforo nso redi adanse bɔnnɔ so anaa mmɔnten so a, obisa awofo a ohyia wɔn no sɛ, “Dɛn na ɛma w’ani agye paa sɛ woyɛ ɔwofo?” Afei obisa sɛ, “Dɛn nso ne wo haw paa?” Hyɛ no nsow sɛ, nsɛmmisa yi ma nkurɔfo kyerɛ wɔn adwene bere a yɛnnhyɛ wɔn aniwu. Esiane sɛ ɛsono tebea a yehyia nti, ebia ebehia sɛ yɛsesa asɛm a yɛreka no ne ɔkwan a yɛfa so bisa nsɛm no mu na afata wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu no.
3 Ma Nkurɔfo Nkyerɛ Wɔn Adwene: Sɛ nkurɔfo pɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn adwene a, tɔ wo bo ase tie wɔn, manntwa wɔn ano. (Yak. 1:19) Da ayamye adi na gye wɔn adwenkyerɛ no tom. (Kol. 4:6) Wubetumi aka tiawa sɛ, “Woayɛ ade paa. Meda wo ase sɛ woakyerɛ w’adwene.” Sɛ ɛfata a, wubetumi akamfo wɔn. Bisa wɔn nsɛm afoforo fa hu wɔn adwene ne nea nti a wosusuw saa. Ka nsɛm a mo nyinaa ani begye ho. Sɛ wopɛ sɛ wotwe wɔn adwene si kyerɛwsɛm bi so a, wubetumi aka sɛ, “Woadwen biribi a ɛte sɛɛ ho pɛn?” Kwati sɛ wobɛyɛ katee anaa wubegye akyinnye.—2 Tim. 2:24, 25.
4 Sɛ afoforo bebua yɛn nsɛmmisa a, egyina sɛnea yebetie wɔn no so kɛse. Sɛ yefi yɛn komam tie nkurɔfo a, wohu. Ɔhwɛfo kwantufo bi kae sɛ, “Sɛ wotɔ wo bo ase tie nkurɔfo a, enya wɔn so tumi yiye na ɛkyerɛ sɛ w’ani gye wɔn ho paa.” Sɛ yetie afoforo a ɛkyerɛ sɛ yedi wɔn nni, na ebetumi aboa wɔn ma wɔatie asɛmpa a yɛde nam no.—Rom. 12:10.