Sɛnea Yebefi Adesua Ase Wɔ Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Mu
Yɛn mu pii na sɛ yetumi fi Bible adesua ase a, yɛde anigye bɛkɔ so ayɛ. Nhoma foforo, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? betumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa. Wɔasiesie nnianim asɛm a ɛwɔ kratafa 3-7 no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wo ne ofiewura no afi Bible mu nkɔmmɔbɔ ase wɔ nhoma no mu. Ɛrenyɛ den mma wɔn a wonni suahu pii wɔ asɛnka mu no mpo sɛ wobefi adesua ase.
◼ Wubetumi de asɛm a ɛwɔ kratafa 3 no asɔ ahwɛ:
Bere a woaka asɛm bi a asi anaa ɔhaw bi a ɛwɔ nnipa a wɔwɔ w’asasesin no adwenem ho asɛm awie no, twe ofiewura no adwene kɔ nsɛmmisa a wɔde nkyerɛwee tuntum akyerɛw no akɛse wɔ kratafa 3 no so na ma ɔnka ho asɛm. Afei dan kɔ kratafa 4-5.
◼ Anaa ebia wobɛpɛ sɛ woka kratafa 4-5 no ho asɛm de fi ase:
Wubetumi aka sɛ, “Sɛ nsakrae a wɔayɛ ho mfonini wɔ ha yi aba a, anka w’ani rennye ho?” Anaa wubetumi abisa sɛ, “Bɔhyɛ yi mu nea ɛwɔ he na w’ani begye ho sɛ ɛba mu?” Tie ne mmuae no yiye.
Sɛ ofiewura no kyerɛ kyerɛw nsɛm no bi ho anigye a, kyerɛ no nkyekyɛm a wɔakyerɛkyerɛ saa Bible mu asɛm no mu wom na wo ne no nsusuw ho. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa yi mu no.) Munsusuw asɛm no ho sɛnea moyɛ Bible adesua no ara. Mubetumi de simma anum kosi du ayɛ saa wɔ ɔpon ano wɔ nsrahwɛ a edi kan no ara mu.
◼ Ɔkwan foforo ne sɛ wode asɛm a ɛwɔ kratafa 6 no bɛboa onipa no ma wakyerɛ n’adwene:
Twe ofiewura no adwene si nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 6 ase no so na bisa no sɛ, “So woasusuw nsɛmmisa yi ho pɛn?” Sɛ ɔkyerɛ nsɛmmisa no bi ho anigye a, bue kɔ nhoma no mu nkyekyɛm a ebua saa asɛmmisa no. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa yi mu no.) Sɛ mobom susuw asɛm no ho a, na woreyɛ Bible adesua ara ne no.
◼ Wubetumi de asɛm a ɛwɔ kratafa 7 no akyerɛ sɛnea yɛyɛ Bible adesua:
Kenkan kasamu abiɛsa a edi kan wɔ kratafa 7 no, na afei bue kɔ ti 3 na fa nkyekyɛm 1-3 no kyerɛ no sɛnea yɛyɛ adesua no. Yɛ nhyehyɛe san kɔ ne no nkosusuw nkyekyɛm 3 nsɛmmisa no ho.
◼ Sɛnea wobɛyɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe:
Sɛ wode adesua a edi kan no reba awiei a, yɛ nhyehyɛe san kɔtoa nkɔmmɔbɔ no so. Wubetumi aka tiawa sɛ: “Yɛde simma kakraa bi ahu sɛnea Bible no kyerɛkyerɛ asɛm a ɛho hia yi mu. Bere foforo no, yebesusuw [gyaw asɛmmisa bi a mubesusuw ho ma no]. Metumi aba ha saa bere yi ara mu wɔ dapɛn a edi hɔ no?”
Bere a Yehowa atemmu bere rebɛn no, ɔkɔ so ma yɛn nea yɛde bɛyɛ adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. (Mat. 28:19, 20; 2 Tim. 3:17) Momma yɛmfa adwinnade foforo a ɛda nsow yi mfi Bible adesua ase.
[Kratafa 3 adaka]
Kyerɛwnsɛm a Ɛwɔ Kratafa 4-5 a Yebesusuw Ho
◻ Adiyisɛm 21:4 (kr. 27-28, nky. 1-3)
◻ Yesaia 33:24; 35:5, 6 (kr. 36, nky. 22)
◻ Yohane 5:28, 29 (kr. 72-73, nky. 17-19)
◻ Dwom 72:16 (kr. 34, nky. 19)
Nsɛmmisa a Ɛwɔ Kratafa 6 no Ho Mmuae
◻ Dɛn nti na yehu amane? (kr. 108-109, nky. 6-8)
◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi agyina yɛn dadwen ahorow ano? (kr. 184-185, nky. 1-3)
◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama yɛn abusua asetra ayɛ anigye kɛse? (kr. 142, nky. 20)
◻ Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ? (kr. 58-59, nky. 5-6)
◻ So yebehu yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio? (kr. 72-73, nky. 17-19)
◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛma ne bɔhyɛ ahorow a ɛfa daakye ho no abam? (kr. 25, nky. 17)