Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/10 kr. 3
  • Wubefi Ase Ayɛ Bible Adesua wɔ October Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubefi Ase Ayɛ Bible Adesua wɔ October Mu?
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yebefi Adesua Ase Wɔ Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Fa Di Dwuma Bere Biara
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Kratawa Ho Ɔsatu Titiriw a Efi Ase October 20 Kosi November 16!
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Yɛwɔ Adwinnade Foforo a Yɛde Befi Adesua Horow Ase!
    Yɛn Ahenni Som—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 9/10 kr. 3

Wubefi Ase Ayɛ Bible Adesua wɔ October Mu?

1. Dɛn na yɛde bɛma wɔ October mu?

1 Yɛde Watchtower ne Awake! nsɛmma nhoma no bɛma wɔ October mu. Nea ɛbɛyɛ na yɛaboa anigyefo no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no mma na yɛmmɔ mmɔden mfi Bible adesua ase. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa bere a yɛrekɔyɛ sankɔhwɛ no?

2. Sɛ yɛresan akɔsra obi a ogyee nsɛmma nhoma a, yɛbɛyɛ dɛn de So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no afi Bible adesua ase?

2 Sɛnea Yɛde Kratawa no Bedi Dwuma: Yebetumi aka sɛ: “Nsɛmma nhoma a mede maa wo no hyɛ nnipa a wofi mmusua ne ɔsom ahorow nyinaa mu nkuran sɛ wɔnyɛ Bible mu nhwehwɛmu. [Fa So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? kratawa no ma ofiewura no na twe adwene si nsɛmmisa a ɛwɔ anim no so.] Hwɛ nsɛmmisa a ɛkanyan adwene a Bible ma ho mmuae a ɛtɔ asom yi. Woabisa nsɛm a ɛtete sɛɛ bi pɛn?” Sɛ ofiewura no kyerɛ n’adwene wie a, wo ne no nsusuw nsɛmmisa no ho mmuae a ɛwɔ kratawa no mu biako ho, na kenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ mu no biako. Afei ka sɛ eyi yɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no ho nhwɛso ketewaa bi, na fa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ma no. Sɛ ɔpaw ti bi a, yebetumi ne no asusuw nkyekyɛm kakra a edi kan no ho. Yebetumi nso abue akɔ baabi a yebenya nsɛm pii a ɛfa asɛm a yɛne no susuw ho wɔ kratawa no mu ho. Kratafa ne nkyekyɛm a yebetumi de adi dwuma no bi na edidi so yi:

● So Onyankopɔn dwen yɛn ho ampa? (kr. 9-11, nky. 6-10)

● So akodi ne amanehunu to betwa da bi? (kr. 12, nky. 12-13)

● Sɛ yewu a, ɛhe na yɛkɔ? (kr. 59-60, nky. 7-8)

● So anidaso bi wɔ hɔ ma awufo? (kr. 71, nky. 13-15)

● Mɛyɛ dɛn abɔ mpae ama Onyankopɔn atie? (kr. 166-167, nky. 5-8)

● Mɛyɛ dɛn anya anigye wɔ asetra mu? (kr. 9, nky. 4-5)

3. Yɛbɛyɛ dɛn adannan yɛn nsɛm mu ma ɛne nkurɔfo tebea ahyia?

3 Nokwarem no, sɛ yɛreyɛ sankɔhwɛ a edi kan na tebea no mma kwan sɛ yɛbɛkyerɛ ofiewura no sɛnea yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no yɛ Bible adesua a, yebetumi ayɛ nhyehyɛe asan ne no akɔtoa nkɔmmɔbɔ no so. Wɔ nsrahwɛ ahorow mu no, yebetumi agyina sɛnea onipa no ani gye asɛm no ho so ne no asusuw nsɛmmisa bɛboro biako ho wɔ kratawa no mu ansa na yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no akyerɛ no. Momma yɛmfa kratawa a ɛso wɔ mfaso yi nni dwuma yiye wɔ October mu mfa mfi Bible adesua ase na yɛmmoa nnipa komapafo ma ‘wommehu nokware no.’—Yoh. 8:31, 32.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena