Nya Su Pa na Ama Woanya Nhyira Pii
1. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ wobɛhwehwɛ nneɛma a woyɛ wɔ wo som mu no mu?
1 Bere a wobɛyɛɛ Kristoni no, ɛda adi sɛ wobɔɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ Yehowa som mu nneɛma a ebi ne sɛ wubesua Bible no na woakɔ Kristofo nhyiam ahorow. Afei nso, woyɛɛ asɛnka ne mpaebɔ ho nhyehyɛe pa. Esiane sɛ Yehowa hyiraa wo mmɔdenbɔ no so nti, wunyaa nkɔso wɔ Yehowa som mu. Ebia wobɔɔ asu akyɛ kakra. So woda so ara kura ɔsom ho su pa a wunyae bere a wobɛyɛɛ Kristoni no mu?
2. Ɔkwan bɛn so na yenya Bible a yɛkenkan da biara no so mfaso?
2 Hwehwɛ Nea Woyɛ no Mu: So wode ayɛ wo su sɛ wobɛkenkan Onyankopɔn Asɛm fã bi da biara? Hwɛ nhyira pii a yenya bere a yɛyɛ saa no! (Yos. 1:8; Dw. 1:2, 3) Wɔ tete Israel no, na ɛsɛ sɛ ɔhene biara kenkan Mmara nhoma a ɛyɛ n’ankasa de no wɔ “ne nkwa nna nyinaa” mu. Mfaso horow bɛn na na obenya afi mu? Na obenya ahobrɛase su na wasua Yehowa suro na ama wadi Ne mmara nsɛm so. (Deut. 17:18-20) Ɛnnɛ nso, Bible a yɛkenkan da biara no boa yɛn ma yɛyɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm wɔ wiase bɔne a aporɔw yi mu. Ɛsan siesie yɛn koraa ma ɔsom adwuma no.—Filip. 2:15; 2 Tim. 3:17.
3. Nhyira horow bɛn na nhyiam a yɛkɔ daa no ma yenya?
3 Yesu de yɛɛ ne su sɛ bere nyinaa ɔbɛkɔ hyiadan mu, beae a na wosua Kyerɛwnsɛm no. (Luka 4:16) Akyinnye biara nni ho sɛ eyi hyɛɛ no den ma ogyinaa sɔhwɛ a ohyiae no ano. Nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ asafo nhyiam horow ase ne ‘nkuranhyɛ a yenya fi yɛn yɔnkonom hɔ’ no hyɛ yɛn den. (Rom. 1:12) Yɛn nuanom a yɛne wɔn hyiam no boa yɛn ma yegyina nna a edi akyiri yi mu nsɛnnennen ano. (Heb. 10:24, 25) So ɛda so ara yɛ wo su sɛ wobɛkɔ nhyiam ahorow no nyinaa bi?
4. Ɔkwan bɛn so na yenya asɛnka a yɛkɔ dapɛn biara no so mfaso?
4 Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ asomafo no kaa asɛmpa no “wɔ asɔrefie ne afie mu daa.” (Aso. 5:42) Ɛwom sɛ yɛrentumi nka asɛm no da biara de, nanso yebetumi de ayɛ yɛn su sɛ yɛbɛyɛ ɔsom adwuma no fã bi dapɛn biara? Sɛ yɛyɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi de Onyankopɔn Asɛm adi dwuma yiye, na yebenya osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran bere a yɛreka Bible mu nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo no.
5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɔ Yehowa mpae daa?
5 Esiane sɛ odiyifo Daniel som Yehowa “daa” ne nkwa nna nyinaa nti, wohyiraa no pii. Nea ɔyɛe no bi ne sɛ ɔde yɛɛ ne su sɛ ɔbɛbɔ Yehowa mpae daa. (Dan. 6:10, 16, 20) Saa ara na sɛ yefi yɛn komam bɔ Yehowa mpae bere nyinaa a, ɔde ne honhom kronkron no bɛma yɛn. (Luka 11:9-13) Afei nso, Yehowa betie yɛn na wabɛn yɛn kɛse na ama yɛne no anya abusuabɔ a emu yɛ den. (Dw. 25:14; Yak. 4:8) Akatua kɛse bɛn ara ni! Enti, momma yɛmfa nsiyɛ nkura ɔsom ho su pa mu na yɛanya nhyira pii afi Yehowa hɔ.