San Kɔ Wɔn a Wɔkyerɛ Asɛm no Ho Anigye Bi no Nyinaa Nkyɛn
1 Nea enti a yɛn mu pii wɔ nokware no mu nnɛ ne sɛ obi a ɔne yɛn kasae no huu anigye a na yɛwɔ wɔ Ahenni asɛm no ho, na onyaa yɛn ho abotare san bɛboaa yɛn ma anigye no yɛɛ kɛse. Ebia ɔbae mpɛn pii. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛsan kɔ wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye bi no nyinaa nkyɛn. Nokwarem no, sankɔhwɛ a yɛbɛyɛ ka ahyɛde a ɛne sɛ ‘yɛnyɛ asuafo’ no ho.—Mat. 28:19, 20.
2 Nea Wode Hu sɛ Obi Ani Gye Ho: Sɛ obi annye nhoma mpo a, sɛnea ɔbɛyɛ n’anim, ne nne a ɔde bɛkasa, ne asɛm a ɔbɛka betumi ama woahu sɛ ɔwɔ anigye bi wɔ Ahenni asɛm no ho. Yebetumi agyina ɛno so asan akɔsra no. Onuabarima bi kɔɔ obi nkyɛn toaa so nnawɔtwe anum a wamma nhoma. Bere a ɛto so asia a ɔsan kɔe no, onipa no gyee nhoma, na awiei koraa no wofii Bible adesua ase.
3 Sɛ wuhu sɛ obi ani gye asɛm no ho a, san kɔ ntɛm ara, ebia nnafua kakraa bi akyi. Mma “ɔbɔnefo” no nhwim nea woagu wɔ onipa no koma mu no nkɔ. (Mat. 13:19) Sɛ woyɛɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan akɔ bere pɔtẽẽ bi a, hwɛ sɛ wubedi wo bɔhyɛ so.—Mat. 5:37.
4 Abɔnten so Adansedi: So wobɔ mmɔden sɛ wobɛsan akɔtoa wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye bere a woredi adanse abɔnten so anaa bɔnnɔ so no so? Bere a mode mo nkɔmmɔ aba awiei no, wubetumi aka sɛ: “Yɛn nkɔmmɔ yi ayɛ dɛ. Ɛhe na mehu wo na yɛasan atoa so?” Sɛ adawurubɔfo bi hu sɛ ɛfata a, wobetumi de wɔn telefon nɔma ama wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no na wɔn nso agye wɔn de. Sɛ nkurɔfo hu wo sɛ wotaa di adanse wɔ beae pɔtẽẽ bi a, wɔrentwetwe wɔn ho sɛ wɔde wɔn telefon nɔma anaa address bɛma wo. Sɛ wɔmpɛ sɛ wɔkyerɛ wo baabi a wubehu wɔn mpo a, wubetumi akɔ so akanyan wɔn anigye bere foforo a wubehyia wɔn no.
5 Sɛ yehu sɛ biribi a yɛadua agugu so nsu renyin frɔmfrɔm a, ɛma yɛn ani gye. Saa ara na yɛn ani betumi agye kɛse bere a yɛyɛ sankɔhwɛ na yɛboa afoforo ma wonya nkɔso wɔ Bible sua mu no. (1 Kor. 3:6) Fa yɛ wo botae sɛ wobɛsan akɔ wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye bi no nyinaa nkyɛn.