“Wubebua Dɛn?”
1. Dɛn na ɛyɛ den ma yɛn mu pii sɛ yɛbɛyɛ?
1 So w’ani gye Onyankopɔn Asɛm ho nanso ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛkae Bible mu nsɛm anaa baabi pɔtẽẽ a wɔakyerɛw nsɛm bi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu? Wobɛpɛ sɛ wo mma te Bible nkyerɛkyerɛ ase yiye? Ɔfã a ɛne “How Would You Answer?” (Wubebua Dɛn?) a ɔsram biara ɛba Awake! kratafa 31 no betumi aboa mmofra ne mpanyin nyinaa ma wɔahu Onyankopɔn Asɛm yiye.—Aso. 17:11.
2. Yɛbɛyɛ dɛn de “Wubebua Dɛn” afã ahorow no adi dwuma?
2 Wobɛyɛ dɛn atumi de ɔfã yi adi dwuma yiye? January 2006 Awake! no de nyansahyɛ a edidi so yi mae: “Gye bere kakra fa hwɛ kratafa 31 . . . Mmofra ani begye nsɛm a ɛwɔ kratafa yi bi ho; nsɛm no bi nso wɔ hɔ a ɛbɛyɛ den ama Bible asuafo a wɔn nimdeɛ kɔ anim mpo sɛ wobebua. Ɔfã a ɛne ‘When in History?’ (Bere Bɛn na Eyi Sii) no bɛboa wo ma woahu bere a nnipa a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no traa ase ne bere a nsɛm atitiriw sisii. Yebetumi anya ‘From This Issue’ (Nsɛmma Nhoma Yi Mu Nsɛm) ho mmuae wɔ nsɛmma nhoma no mu. Nsɛmmisa afoforo ho mmuae dodow no ara bepue wɔ nsɛmma nhoma koro no ara mu. Wobesi mmuae no ti ase. Dɛn nti na wonyɛ nhwehwɛmu ansa na woahwɛ saa mmuae no na afei woaka nea wusuae no ho asɛm akyerɛ afoforo? Wubetumi de Awake! kratafa 31 yi ayɛ abusua adesua anaa wo ne afoforo de asusuw Bible no ho.”
3. Mfaso bɛn na mmusua bi anya afi nsɛm a ɛwɔ Awake! kratafa 31 no so, na afã bɛn na w’ani gye ho paa?
3 Nokwarem no, mmusua pii ani gye ho sɛ wɔde Awake! kratafa 31 hɔ nsɛm no bɛyɛ wɔn abusua adesua. Maame bi kyerɛw sɛ: “Me ne me kunu susuwii sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde ‘Children’s Picture Search’ (Mfonini a Mmofra Bɛhwehwɛ) ɔfã no bɛka yɛn abusua adesua ho na ama ayɛ anika ne anigye ama yɛn babea a wadi mfe abiɛsa no. Sɛ ɔfa Awake! a yɛagye ama no no na ɔde anigye buebue kratafa biara kosi sɛ obehu nea ɔrehwehwɛ no a, ɛma yɛn ani gye.” Agya bi a ɔwɔ Brazil ka sɛ: “Me ne me babarima a wadi mfe ason no ani gye Awake! kratafa 31 hɔ nsɛm no ho paa. Eyi aboa Moises ma ɔyɛ aso tie asɛm, obue kyerɛw nsɛm, ɔte mfonini ase, na ɔte mmere a nsɛm sisii no ase.” Ashley a wadi mfe awotwe no kyerɛw sɛ: “Meda mo ase wɔ ‘Wubebua Dɛn?’ a ɛwɔ Awake! akyi no ho. Misua Bible ho nsɛm pii fi mu.”
4. Dɛn na abusua bi betumi ayɛ de nsɛm a ɛwɔ Awake! kratafa 31 no aka wɔn abusua Bible adesua ho?
4 Dɛn nti na womfa “Wubebua Dɛn?” ɔfã no nka w’abusua adesua ho bere ne bere mu? Wubetumi de Index anaa Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM so no ahwehwɛ nsɛmmisa a ɛyɛ den no bi ho mmuae. Sɛ woyɛ saa a, na worekyerɛ wo mma sɛnea wɔyɛ nhwehwɛmu. Sɛ wowɔ mma mpanyimfo a, dɛn nti na womma wɔnhwehwɛ “Who Am I?” (Mene Hena?) anaa “Bere Bɛn na Eyi Sii?” ho mmuae ansa na moayɛ abusua adesua no? Afei wobetumi aka nea wɔyɛɛ ho nhwehwɛmu no wɔ adesua no ase. Kratafa yi a awofo de bedi dwuma yiye no yɛ ɔkwan biako a wobetumi afa so de Onyankopɔn Asɛm adua wɔn mma mu, na wɔaboa wɔn ma wɔahu “nkyerɛwee kronkron no” afi wɔn mmofraase.—2 Tim. 3:15; Deut. 6:7.