Biribi Foforo A Wɔde Aba “Awake” Mu No Aboa Yɛn Adansedi Mu
1 “So Woasusuw Ho Pɛn Anaa . . . ?” Ɛne afã foforo a aba Borɔfo Nyan! no mu, efi January 8 de no so, no atifi asɛm. Abesi nea kan no na ekura atifi asɛm “Nea Bible Wɔ Ka” no ananmu, na, mpɛn pii no, ebepue kratafa abiɛsa ne anan wɔ nsɛmma nhoma no biara mu.
2 Dɛn nti na wɔayɛ nsakrae yi? Wɔayɛ no saa ma akanyan nnipa a wɔkyerɛ sɛ wonni nyamesom anaa Bible ho anigye biara no adwene. Wiase yi afã horow no, biribiara a “Bible” din bata ho no yɛ nea ɛma nkurɔfo tow wɔn adwene mu. Nanso afã foforo yi bɛkɔ so adan nkurɔfo adwene akɔ Bible so, ɛwom sɛ mpɛn pii no ɛrenyɛ saa wɔ asɛm no mfiase hɔ de: Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ katee sɛ ɛsɛ sɛ onii gye tom sɛ n’ani gye Bible ho ansa na wafi ase asusuw asɛm no ho.
3 Ɛbɛka nsɛm a nkurɔfo ani begye sɛ wɔbɛbɔ ho nkɔmmɔ wɔ wɔn afie, na yebetumi abɔ ho nkɔmmɔ Kyerɛwsɛm kwan so. Ɛbɛda asɛmti pɔtee bi a ɛfata adi wɔ saa atifi asɛm no ase. Sɛ ebia: “So Woasusuw Ho Pɛn Anaa . . . So Nnipa Begyae Wɔn Ho Wɔn Ho Awudi Da Bi?” Wɔrekyerɛw no nkɔmmɔbɔ kwan so, na wɔde nkyerɛwde soronko bi na ebetintim. Wɔde Bible mu nsɛm bɛba mu. Eyinom nyinaa bɛboa ma Nyan! nsɛmma nhoma no mu nsɛm ayɛ nea yɛnam so bɛma nnipa pii ate asɛmpa no. Yɛhyɛ wo nkuran na woahwɛ ɔfã foforo yi na woafi ase de adi dwuma wɔ adansedi mu, sɛ wonyɛɛ saa dedaw a.